Sɛnea Yɛne Wɔn a Yɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Befi Bible Adesua Ase
1. Dɛn ne yɛn botae bere a yɛde nsɛmma nhoma rema no?
1 Yɛtaa de Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no ma wɔ asɛnka mu Memeneda. Nanso, eyi yɛ ade a edi kan a ɛbɛma yɛadu yɛn botae a ɛne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nnipa komapafo nokware no ho ara kwa. Sɛnea yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma bere a yɛreyɛ sankɔhwɛ na yɛafi Bible adesua ase ho nyansahyɛ ahorow bi na edidi so no. Wubetumi asakra mu ma afata mo asasesin na wode w’ankasa nsɛm aka. Sɛ wowɔ ɔkwan foforo a etu mpɔn a, wubetumi de adi dwuma.
2. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nnianim nsɛm afi Bible adesua ase?
2 Fa Nnianim Nsɛm no Di Dwuma: Sɛ wosan kɔ a, wubetumi aka sɛ: “Nsɛmma nhoma a migyaw maa wo no twe adwene si Bible no so. Hwɛ nea enti a Bible akenkan ho hia saa.” Kenkan Yesaia 48:17, 18; Yohane 17:3; anaa kyerɛwsɛm foforo a ɛfata. Afei, bere a wode Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no akyerɛ ofiewura no na wode ama no awie no, wubetumi atoa so aka nea edi so yi sɛ:
◼ “Bible ma yenya daakye ho anidaso ankasa.” Bue kratafa 4-5 kyerɛ ofiewura no na bisa sɛ, “Bɔhyɛ ahorow yi mu nea ɛwɔ he na wobɛpɛ sɛ ɛba mu?” Twe n’adwene si nhoma no ti a ɛka Kyerɛwnsɛm no mu bɔhyɛ a ɔbɛpaw no so, na sɛ ɔma kwan a, wo ne no nsusuw nkyekyɛm biako anaa abien ho tiawa.
◼ Anaa wubetumi aka sɛ, “Bible no bua asetra mu nsɛmmisa a ɛho hia yiye no.” Twe n’adwene si kratafa 6 so, na bisa sɛ ebia wadwen nsɛmmisa a ɛwɔ ase hɔ no mu bi ho pɛn anaa. Bue nhoma no ti a ɛde ho mmuae ma no na momfa bere tiawa bi nsusuw nkyekyɛm biako anaa abien ho.
◼ Anaa wubetumi de nsɛmti a ɛwɔ emu nsɛm afã hɔ no bi akyerɛ no na woabisa sɛ emu nea ɛwɔ he na n’ani gye ho. Bue baabi a asɛmti no wɔ wɔ nhoma no mu na fa bere tiawa bi kyerɛ no sɛnea yɛyɛ Bible adesua.
3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi afi Bible adesua ase bere a yɛde nsɛmma nhoma a ɛka nea edidi so yi ho asɛm rema no? (a) Wiase no mu tebea a ɛresɛe, (b) abusua no, (d) sɛnea yebetumi de yɛn ho ato Bible no so.
3 Fa Asɛmmisa bi si hɔ wɔ Nsrahwɛ a Edi Kan no Mu: Ɔkwan foforo a wubetumi afa so ne sɛ wobɛto nhyɛase ama sankɔhwɛ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ ofiewura no gye nsɛmma nhoma no wie a, fa asɛmmisa bi si hɔ na hyɛ no bɔ sɛ wobɛba abebua wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu. Bɔ mmɔden ne no nyɛ bere pɔtẽẽ a wobɛsan akɔ ho nhyehyɛe na hwɛ sɛ wubedi wo bɔhyɛ so. (Mat. 5:37) Sɛ wosan kɔ a, kae ofiewura no asɛm a wode sii hɔ no, na fa bere tiaa bi kenkan Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu nkyekyɛm biako anaa abien a ebua asɛmmisa no na munsusuw ho. Fa nhoma no biako ma no na watumi ahwɛ mu adi w’akyi. Eyi ho nhwɛso kakra ni:
◼ Sɛ nsɛmma nhoma a wode mae no ka wiase no mu tebea a ɛresɛe ho asɛm a, wubetumi aka sɛ, “Da a mɛsan aba ha no, yebetumi asusuw mmuae a Bible de ma wɔ asɛmmisa a ɛne, Nsakrae bɛn na Onyankopɔn de bɛba asase yi so?” no ho. Sɛ wosan kɔ a, fa kratafa 4-5 kyerɛ no. Anaasɛ wubetumi abisa sɛ, “So Onyankopɔn pɛ nti na asiane ahorow sisi?” Sɛ wosan kɔ ofiewura no nkyɛn a, bue ti 1 nkyekyɛm 7-8 kyerɛ no.
◼ Sɛ nsɛmma nhoma a wode mae no ka abusua ho asɛm a, wubetumi abisa asɛm a edi so yi ansa na woafi hɔ, “Dɛn na abusua no muni biara betumi ayɛ de ama abusua no asetra ayɛ anigye kɛse? Sɛ wosan kɔ a, munsusuw ti 14 nkyekyɛm 4 ho.
◼ Sɛ nsɛmma nhoma a wode mae no ka sɛnea yebetumi de yɛn ho ato Bible so ho asɛm a, wubetumi de asɛmmisa yi asi hɔ na moasusuw ho da foforo a wobɛsan akɔ hɔ no, “Sɛ Bible no ka nyansahu ho asɛm a, so ɛka no pɛpɛɛpɛ?” Sɛ wosan kɔ a, munsusuw ti 2 nkyekyɛm 8 ho.
4. Sɛ ofiewura no annye Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
4 Wɔ nkɔmmɔbɔ biara awiei no, fa asɛmmisa foforo a wubebua wɔ nsrahwɛ a edi hɔ mu no si hɔ. Sɛ wunya hyehyɛ adesua a wobɛyɛ no daa wie a, munsua nhoma no nnidiso nnidiso mfi mfiase nkosi awiei. Na sɛ ofiewura no annye Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nso ɛ? Wubetumi akɔ so de nsɛmma nhoma no akɔma no na wo ne no abɔ Bible mu nkɔmmɔ. Bere a woma anigye a ɔwɔ no yɛ kɛse no, ebia awiei koraa no ɔbɛpene so sɛ wo ne no nyɛ Bible adesua.
5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ pii asen sɛ yɛde nsɛmma nhoma bɛma nkurɔfo ara kwa?
5 Ɔwɛn-Aban ne Awake! no betumi akanyan obi ma wasua nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa. Enti bɔ mmɔden yiye sɛ wo ne wɔn a wogye nsɛmma nhoma no befi Bible adesua ase. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛadi Yesu ahyɛde a ese ‘yɛnyɛ asuafo na yɛnkyerɛkyerɛ wɔn’ no so.—Mat. 28:19, 20.