Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/08 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 8
  • Dapɛn a Efi Ase December 15
  • Dapɛn a Efi Ase December 22
  • Dapɛn a Efi Ase December 29
  • Ɔsom Nhyiam:
  • Dapɛn a Efi Ase January 5
  • Ɔsom Nhyiam:
Yɛn Ahenni Som—2008
km 12/08 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase December 8

Dwom 19

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka sɛnea yɛde December 1 Ɔwɛn-Aban ne December Awake! bɛma ho nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 no ho asɛm tiawa. Ma atiefo a wɔatumi de nsɛmma nhoma yi bi ama no nka sɛnea wɔyɛɛ no. Nsɛmma nhoma no mu asɛm bɛn na wɔde dii dwuma, asɛm bɛn na wobisae, na kyerɛwsɛm bɛn na wɔde dii dwuma?

15 min: Afe 2009 Teokrase Ɔsom Sukuu. Ɔkasa a sukuu sohwɛfo no ma. Ka nsɛm a ɛho hia sɛ musi so dua wɔ mo asafo mu a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ October 2008 Yɛn Ahenni Som mu no ho asɛm. Ka dwuma a ɔfotufo boafo no di ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsi nyɛ wɔn dwumadi, mfa wɔn ho nhyɛ Bible mu nsɛntitiriw ho mmuaema mu, na wɔmfa nyansahyɛ a nnawɔtwe biara yenya fi Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma mu no nyɛ adwuma.

20 min: “Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, ma ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ sɛnea yɛde Reasoning nhoma no bebua asɛmmisa ‘Dɛn nti na Yehowa Adansefo nni Buronya?’ wɔ afie afie adansedi mu ho ɔyɛkyerɛ tiawa.

Dwom 6

Dapɛn a Efi Ase December 15

Dwom 178

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka August Ɔsom Akontaabu no ho asɛm na kamfo anuanom nyinaa wɔ nsi a wɔde yɛɛ asɛnka adwuma no ma yenyaa dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkɔ asɛnka daa na wɔmfa wɔn akontaabu mma ntɛm.

10 min: Tĩ Nsɛm mu wɔ Asɛnka Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 207 so. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ nhoma no mu no yɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien tiawa.

25 min: “‘Di Adanse Fefeefe’—Wɔ Abansoro Adan Akɛse Mu.”b Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo di ho dwuma. Ma ɛmfa mo hɔnom tebea ho.

Dwom 157

Dapɛn a Efi Ase December 22

Dwom 75

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma wɔ January mu, na ma asafo mu ɔpanyin bi nyɛ sɛnea wɔde bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode January 1 Ɔwɛn-Aban ne January Awake! no Bɛma. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka nsɛmma nhoma no ho asɛm tiawa, na bisa atiefo ma wɔnka emu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho ne nea enti a wosusuw saa. Paw nsɛmma nhoma no mu nsɛm bi, na ma atiefo nka asɛmmisa a wɔde befi nkɔmmɔbɔ ase, ne kyerɛwsɛm a ɛwɔ mu a wɔbɛkenkan ansa na wɔde nsɛmma nhoma no ama. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 anaa akwan foforo a mubetumi afa so de ama wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ fa wie.

20 min: “Da Titiriw a Yɛde Bɛka Bible Adesua Ho Asɛm.”c Kyerɛ January dapɛn awiei ko a asafo no de wɔn adwene besi Bible adesua a wobefi ase so. Tĩ nyansahyɛ a ɛwɔ nkyekyɛm 3 no mu, na ma wɔnyɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ no no ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien.

Dwom 133

Dapɛn a Efi Ase December 29

Dwom 60

Asafo Bible Adesua:

fy-TW ti 13 ¶17-22

Teokrase Ɔsom Sukuu:

Bible akenkan: Adiyisɛm 15-22

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Ɔsom Nhyiam:

Dwom 153

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

10 min: Asafo mu ahiade.

20 min: “Yehia Boasetɔ wɔ Asɛnka Mu.”d Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.

Dwom 155

Dapɛn a Efi Ase January 5

Dwom 35

Asafo Bible Adesua:

fy-TW ti 14 ¶1-9

Teokrase Ɔsom Sukuu:

Bible akenkan: Genesis 1-5

No. 1: Genesis 3:1-15

No. 2: Nea Enti a na Yesu Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse (lr-TW ti 1)

No. 3: Dɛn na Ɛnyɛ Adwuma Hunu? (1 Kor. 15:58)

Ɔsom Nhyiam:

Dwom 98

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

10 min: Suasua Su a na Yesu wɔ wɔ Asɛnka ho no Bi. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina “Come Be My Follower” nhoma no kratafa 84-86, nkyekyɛm 16-21 so.

20 min: “Boa Wo Mma Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo.”e Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin di ho dwuma. Si hia a ehia sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔbɛyɛ adawurubɔfo na wɔde honhom fam botae sisi wɔn ani so no so dua.

Dwom 114

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena