Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/08 kr. 3-4
  • ‘Di Adanse Fefeefe’—Wɔ Abansoro Adan Akɛse Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Di Adanse Fefeefe’—Wɔ Abansoro Adan Akɛse Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Ka Asɛmpa no Wɔ Baabiara
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anwummere Adansedi Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Woasɔ Anwummere Adansedi Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 12/08 kr. 3-4

‘Di Adanse Fefeefe’—Wɔ Abansoro Adan Akɛse Mu

1. Asɛmpa no a ‘yebedi ho adanse fefeefe’ no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

1 Yɛpɛ sɛ ‘yedi asɛmpa no ho adanse fefeefe’ sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no. (Aso. 20:24) Enti yɛbɔ mmɔden biara sɛ yebenya nnipa pii wɔ yɛn asasesin no mu aka Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn. Wɔn a wɔtete abansoro adan akɛse mu nso ka saa nnipa yi ho. Ɛtɔ mmere bi a, etumi yɛ den sɛ yebenya nnipa a wɔtete adan a ɛtete saa mu. Nanso, esiane sɛ nnipa pii tete abansoro adan akɛse mu nti, ɛbɛma yɛanya hokwan pii aka asɛmpa no.

2. Sɛ yɛredi adanse wɔ abansoro adan akɛse mu a, dɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ anifere na yɛde nhumu di dwuma?

2 Esiane nsɛmmɔnedi ne awudisɛm a ebetumi asisi nti, wɔde apon atoto abansoro adan akɛse pii a ɛwɔ nkurow akɛse mu no ano, na awɛmfo wɛn hɔ anaasɛ wɔde mfiri a etwa nea ɛrekɔ so ho mfonini abobɔ adan no ho. (2 Tim. 3:1, 2) Ebia na wɔn a wɔhwɛ adan no so no ahyɛ mmara sɛ wɔmmma ahɔho mma hɔ. Enti ebia awɛmfo no bɛka akyerɛ yɛn sɛ yemfi hɔ nkɔ, titiriw bere a wɔn a wɔte hɔ no bi aka akyerɛ no sɛ ɔmpɛ sɛ yɛba hɔ no. Enti, ɛho hia sɛ yɛyɛ anifere na yɛde nhumu di dwuma.

3. Bere bɛn na eye paa sɛ yedi adanse wɔ abansoro adan akɛse mu, na dɛn ntia?

3 Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ Hɔ: Ɛyɛ papa sɛ yɛkɔ asɛnka wɔ adan a ɛtete saa mu bere a ɛda adi sɛ yɛbɛto nnipa dodow no ara wɔ fie sɛnea yɛtaa yɛ wɔ asasesin afoforo mu no. Sɛ yɛkɔ hɔ bere a nnipa dodow no ara nni fie a, wobetumi de bɔne asusuw yɛn. Sɛ adawurubɔfo pii kɔ asɛnka anwummere anaa Memeneda ne Kwasida awia a, wɔtaa to nnipa wɔ fie. Sɛ yɛkɔ asɛnka wɔ mmeae a ɛtete saa anɔpatutuutu, titiriw wɔ dapɛn awiei a, ebetumi ama wɔabɔ wɔn a wɔhwɛ adan no so no amanneɛ.

4, 5. Yɛbɛyɛ dɛn anya kwan akɔ abansoro adan a apon deda ano no bi mu?

4 Sɛnea Yebenya Kwan Akɔ Mu: Sɛ telefon bɔ ɔdan a ɔpon da ano no anim a, yebetumi afa so de ahwehwɛ obi a ɔpɛ sɛ yɛba mu ne no bɛkasa. Sɛ yɛhwɛ sɛnea adan no te a, ebia yebetumi atoa so abɔ afoforo a wɔte hɔ no apon mu ne wɔn akasa bere a yɛne nea ɔmaa yɛn kwan ma yɛkɔɔ mu no akasa awie no. Ebi wɔ hɔ nso a, ɛbɛyɛ papa sɛ yefi abansoro dan no mu pue, na yɛde telefon a ɛbɔ ɔdan no ho wɔ abɔnten no frɛ onipa foforo. Ɛsɛ sɛ yɛde nhumu di dwuma de hu nnipa dodow a yɛne wɔn bɛkasa wɔ saa kwan yi so bere a yɛakɔ hɔ no.

5 Ebia wɔn a wɔte adan no mu bi bɛpɛ sɛ woka nea enti a woreba hɔ no kyerɛ wɔn wɔ telefon no so. Sɛ ɛba saa a, da wo ho adi wɔ adamfofa kwan so. Sɛ ofiewura no din wɔ telefon a ɛbɔ abɔnten no ho a, fa frɛ no. Ka w’asɛm no tẽẽ. Adawurubɔfo binom afa saa kwan yi so akenkan nnianim nsɛm afi Reasoning nhoma no mu tẽẽ akyerɛ afiewuranom.

6. Sɛ yɛkɔ asɛnka wɔ abansoro adan a ɔwɛmfo te ano mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Sɛ ɔwɛmfo te ɔdan no ano na ɔmpɛ sɛ yɛne wɔn a wɔte hɔ no kasa a, yebetumi abɔ mmɔden adi no adanse. Awɛmfo pii ani gye sɛ wɔbɛkenkan yɛn nhoma. Ebi mpo a yebetumi ne wɔn afi Bible adesua ase wɔ baabi a ɛbɛn hɔ. Sɛ ɔwɛmfo no ma yɛn kwan sɛ yɛnkɔ obi pɔtee a wakyerɛ asɛm no ho anigye hɔ a, mpɛn pii no, ɛrennyɛ papa sɛ yɛde hokwan no bɛbɔ afoforo apon mu.

7. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu wɔ bag a yɛde bɛkɔ asɛnka no ho? (b) Nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔredi adanse wɔ abansoro adan akɛse mu no yɛ?

7 Ahosiesie ne Yɛn Nneyɛe: Sɛ yekura bag akɛse a, ɛbɛma nkurɔfo adwene aba yɛn so dodo. Enti, ebia yebetumi de biribi a ɛremma adwene mma yɛn so akɔ anaa yɛremfa bag koraa. Ɛyɛ papa sɛ yɛmmoa yɛn ho ano pii, titiriw wɔ baabi a wɔde kar sisi no, anyɛ saa a ani bɛba yɛn ho. Sɛ yɛredi adanse wɔ abansoro adan a ɛwɔ mpɔtam a nkurɔfo di nsɛmmɔne wɔ hɔ paa mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye.—Mmeb. 22:3.

8. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ ade nidi mu, na dɛn nti na eyi ho hia?

8 Sɛ worewura abansoro dan bi mu a, popa wo mpaboa ase na to pon no mu yiye. Sɛ yɛyɛ ade wɔ nidi mu saa a, ɛremma wɔn a wɔte hɔ no nkasakasa. Sɛ wunya wura mu a, kɔ baabi a worekɔyɛ adwuma no tẽẽ sen sɛ wubegyinagyina ano hɔ. Sɛ woyɛ saa a, ɛremma afoforo mfa bɔne nsusuw wo.

9. Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛanyɛ dede ammoro so wɔ abrannaa no so?

9 Dede nni abansoro adan pii mu. Enti, mma wo nne nkɔ soro dodo nsen sɛnea ofiewura no betumi ate. Sɛ wo ne adawurubɔfo afoforo rekasa a, brɛ wo nne ase, nanso fa odwo kasa sɛnea ɛfata a ɛremma wɔmfa bɔne nsusuw wo. Wɔ mmeae bi no, sɛ́ anka adawurubɔfo binom bɛbɔ nkurɔfo adan mu nnidiso nnidiso akosi ti no, wɔkyɛ wɔn mu ma ebinom kofi ase wɔ ti behyia wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrentuatua wɔn a wɔte hɔ no aso. Bio nso, sɛ wobɔ pon no mu denneennen a, ebetumi ama wɔn a wɔwɔ hɔ no abɔ hu.

10. Sɛ yɛbɔ ɔpon a wɔatwa tokuro ketewaa ato ho mu a, nyansahyɛ bɛn na yebetumi de ayɛ adwuma?

10 Sɛ wɔatwa tokuro ketewaa ato ɔpon no ho a, gyina hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ obi hwɛ mu a obehu wo ne nea wo ne no nam no. Hwɛ tokuro no mu tẽẽ, na sɛ wuhu sɛ obi rehwɛ mu a, fa anigye kyia no na ka w’asɛm. Sɛ onii no bisa wo sɛ, ‘Ɛyɛ hena?’ a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wobɔ wo ne nea wo ne no nam no din. Ebia ofiewura no bɛpɛ sɛ obue ɔpon no. Sɛ wammue a, wubetumi agyina ɔpon no akyi aka w’asɛm.

11. Sɛ yɛregyaw nhoma ama wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie no a, dɛn na yebetumi ayɛ na ankɔfa ɔhaw amma?

11 Wɔn a Yɛnto Wɔn wɔ Fie: Ɛtɔ mmere bi a, adawurubɔfo betumi agyaw nhoma wɔ baabi a wɔanto nkurɔfo wɔ fie no. Ɛnyɛ den koraa sɛ nhoma a yegyaw wɔ ɔpon akyi no betumi atɔ fam ma ayɛ nwura. Enti sɛ yɛanto nkurɔfo wɔ fie na yɛpɛ sɛ yegyaw nhoma ma wɔn a, ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ baabi a obiara nhu.

12. Sɛ yehyia ofiewura bi na ne bo fuw yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

12 Afiewuranom a Wɔn Bo Fuw Yɛn: Sɛ yehyia ofiewura bi na ne bo fuw yɛn na ɔpɛ sɛ ɔfrɛ awɛmfo no a, ɛyɛ papa sɛ yebefi saa beae hɔ akɔ na yɛasan aba bere foforo. Baabi wɔ hɔ nso a, ɛbɛyɛ papa sɛ yefi abansoro dan no mu kɔ koraa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnkɔfa akasakasa biara mma yɛne awɛmfo no ntam. Sɛ ofiewura no anka ankyerɛ yɛn sɛ mma yɛnsan mma hɔ bere foforo mpo a, ɛyɛ papa sɛ yɛkyerɛw ɔdan no nɔma na yɛkyerɛw ka ho sɛ ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ, na yɛde ka asasesin kratasin no ho. Sɛnea bere ne bere mu no yɛsan kɔ wɔn a wɔka sɛ yɛmma wɔn nkyɛn no hɔ kɔhwɛ sɛ wobetie anaa no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛkɔ nnipa a wɔte saa no hɔ.

13, 14. Sɛ obi a ɔhwɛ abansoro adan no so ka kyerɛ yɛn sɛ yemfi hɔ nkɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Sɛ Wɔka sɛ Fi Hɔ Kɔ Nso Ɛ: Sɛ wuredi adanse wɔ abansoro dan mu na ɔwɛmfo no, obi a ɔyɛ ɔdan no ho adwuma, anaa onipa foforo biara a ɔyɛ adwuma wɔ hɔ ka sɛ fi hɔ kɔ a, nyansa wom sɛ wubefi hɔ akɔ ntɛm ara. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛrempɛ sɛ yɛne obiara benya akasakasa ma akopue polisifo anim. Mpɛn pii no, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ abansoro adan akɛse mu no mpɛ Yehowa Adansefo asɛm, na mmom ɛyɛ wɔn adwuma ara na wɔreyɛ.

14 Ɛtɔ mmere bi na sɛ obi a ɔhwɛ abansoro adan no so ka kyerɛ wo sɛ fi hɔ kɔ a, wubetumi atɔ wo bo ase afa anifere kwan so akyerɛ no nea enti a wobaa hɔ. (1 Pet. 3:15) Yenim sɛ ɔreyɛ adwuma de abɔ adan no ho ban na ama wɔn a wɔte hɔ no ani agye. Ebi nso a, na wampam wo. Nanso, sɛ ɔka sɛ kɔ a, fi hɔ kɔ bɔkɔɔ. Sɛ tebea no ma kwan a, wubetumi abisa hokwan na woagyaw nhoma. (Kol. 4:6) Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔsom adwuma sohwɛfo no nsɛm a ɛtete saa ho amanneɛ ntɛm.

15. Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma wɔ abansoro adan akɛse mu na yɛkɔ so hyia ɔhaw a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Ebia bere kakra twam a, adawurubɔfo betumi afa anifere kwan so akɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Nanso sɛ wɔkɔ so hyia ɔhaw a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ne Betel adwumayɛbea no di nkitaho hwehwɛ mmoa sen sɛ adawurubɔfo ankasa bɛbɔ mmɔden sɛ wobedi nneɛma ho dwuma. Sɛ adawurubɔfo antumi anyɛ adwuma wɔ abansoro adan akɛse mu a, wobetumi afa akwan afoforo te sɛ telefon so adansedi anaa krataakyerɛw so anya wɔn a wɔte hɔ no. Sɛ edu anɔpa a nnipa dodow no ara rekɔ adwuma ne anwummere a wɔresan aba fie no a, adawurubɔfo binom kodi adanse wɔ adan a ɛte saa no anim anaa baabi a ɛbɛn hɔ.

16. Sɛ́ abansoro adan akɛse wɔ yɛn asasesin mu anaa ebi nni mu no, dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ?

16 Nokwarem no, yenim sɛ wɔ nkurow, nkuraase ne nkurow akɛse afã bi mu no, ebia abansoro adan a awɛmfo wɛn hɔ a ɛtete saa nni hɔ. Eyi kyerɛ sɛ yebetumi de nsi adi “asɛmpa no ho adanse fefeefe” wɔ yɛn asasesin mu a yɛrenhyia ɔhaw pii. (Aso. 20:24) Sɛ́ yɛreyɛ asɛnka adwuma no wɔ abansoro adan akɛse anaa fihyiae mu no, yebetumi de nyansahyɛ a yɛasusuw ho yi adi adanse fefeefe.

17. Dɛn nti na abansoro adan akɛse mu adansedi ho hia?

17 Ɛrenkyɛ na wiase bɔne yi awiei aba. Wɔn a wɔbɔ Yehowa din no nkutoo na wobegye wɔn. “Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ nea wonnye no nni no din? Ɛbɛyɛ dɛn nso na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi?” (Rom. 10:13, 14) Nnipa pii a “wɔpɛ daa nkwa” no tete abansoro adan akɛse mu. (Aso. 13:48) Sɛ yɛda anifere ne nhumu adi a, yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena