Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/13 kr. 1
  • Onyankopɔn Asɛm Ye Ma Ɔkyerɛkyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm Ye Ma Ɔkyerɛkyerɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nya Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ mu Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yɛn Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom Mu Apontow Mo Ahyɛ Yɛn Nyinaa Den
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Bɔ W’adwene Ho Ban
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 8/13 kr. 1

Onyankopɔn Asɛm Ye Ma Ɔkyerɛkyerɛ

1. Dɛn ne ɔmansin nhyiam a yɛbɛyɛ wɔ afe 2014 ɔsom afe mu no asɛmti, na nsɛmmisa bɛn na dwumadi no bɛma yɛanya ho mmuae?

1 Yehowa, yɛn “Kyerɛkyerɛfo Kunini” no sen ɔkyerɛkyerɛfo biara wɔ amansan no mu. (Yes. 30:20, 21) Ɛnde, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn? Wama yɛn nhoma a ɛsen nhoma foforo biara, ɛno ne n’Asɛm Bible a wɔde ne honhom kyerɛw no. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ betumi aboa yɛn wɔ nipadua mu, adwene mu, nkate mu, ne honhom fam? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ ɔmansin nhyiam dwumadi a yɛbɛyɛ wɔ afe 2014 ɔsom afe mu no ase. Nhyiam no asɛmti ne “Onyankopɔn Asɛm Ye Ma Ɔkyerɛkyerɛ,” na egyina 2 Timoteo 3:16 so.

2. Nsɛmmisa bɛn na wɔde ɛho mmuae no besi nsɛntitiriw no so dua?

2 Hwehwɛ Nsɛntitiriw Yi: Wobesi nsɛntitiriw a ɛwɔ nhyiam dwumadi no mu so dua na ama yɛanya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae:

• Mfaso bɛn na Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ma yenya wɔ yɛn asetena mu? (Yes. 48:17, 18)

• Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn asetenam na ama yɛatumi de yɛn bere nyinaa asom Yehowa a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya? (Mal. 3:10)

• Sɛ yehu ‘nkyerɛkyerɛ foforo’ bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Heb. 13:9)

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua ‘ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe’ no? (Mat. 7:28, 29)

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no kyerɛkyerɛ wɔn ho? (Rom. 2:21)

• Mfaso bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm so? (2 Tim. 3:16)

• Amanaman no a ‘wɔrewosow’ no ka nkurɔfo dɛn? (Hag. 2:6, 7)

• Ahotoso bɛn na Yehowa wɔ wɔ yɛn mu? (Efe. 5:1)

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho tena Yehowa nkyerɛkyerɛ mu? (Luka 13:24)

3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ nhyiam no na yɛyɛ aso tie dwumadi a wɔasiesie ama yɛn wɔ bere pa mu no yiye?

3 Ansa na Paulo rekyerɛw asɛm a nhyiam yi asɛmti gyina so no, na wadi kan aka mmere a emu yɛ den a ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri mu ho asɛm wɔ 2 Timoteo ti 3 mfiase pɛɛ. Ɔkyerɛw sɛ: “Nnipa bɔne ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu, wɔbɛdaadaa afoforo na wɔn nso wɔadaadaa wɔn.” (2 Tim. 3:13) Sɛ yɛmpɛ sɛ wɔdaadaa yɛn a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yetie Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ! Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ nhyiam no nyinaa bi na yɛayɛ aso atie dwumadi a wɔasiesie ama yɛn wɔ bere pa mu no yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena