Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Yɛ Ɔboafo Pa
Nea Enti a Ɛho Hia: Yesu hui sɛ sɛ obi rekɔka asɛm no na onya obi ka ne ho a, ɛboa paa. Enti, bere a ɔsomaa asuafo 70 dii n’anim sɛ wɔnkɔka asɛm no, ɔsomaa wɔn baanu baanu. (Luka 10:1) Sɛ ɔdawurubɔfo bi ho kyere no wɔ asɛnka mu anaa onhu sɛnea ɔbɛma asɛmmisa bi ho mmuae a, wo a wo ne no nam no betumi ayɛ ɔboafo pa ama no. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Wubetumi aka wo suahu akyerɛ no, na wubetumi nso ama no nyansahyɛ a ɛbɛboa no ma n’asɛnka adwuma no atu mpɔn. (Mmeb. 27:17) Bere a monam kwan so rekɔ nyinaa wubetumi ne no abɔ nkɔmmɔ ahyɛ no nkuran.—Filip. 4:8.
Sɔ Eyi Hwɛ wɔ Ɔsram Yi Mu:
Sɛ nea wo ne no nam asɛnka mu ka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔboafo pa a, mopɔn a, ka ho asɛm kyerɛ no.