Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/15 kr. 1
  • Fa Wo Bere Di Dwuma Yie Wɔ Asɛnka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Bere Di Dwuma Yie Wɔ Asɛnka Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Akwan Foforo a Yɛbɛfa So Ayɛ Baguam Adansedi
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Afie Afie Adansedi
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2015
km 4/15 kr. 1

Fa Wo Bere Di Dwuma Yie Wɔ Asɛnka Mu

Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew 1,945,487,604 yɛɛ asɛnka adwuma wɔ 2014 ɔsom afe no mu. Wei di adanse pefee sɛ yɛmfa Yehowa som nni agorɔ koraa! (Dw. 110:3; 1 Kor. 15:58) Yɛnim sɛ “bere a aka no sua.” Ɛnneɛ, dɛn na yɛbɛtumi ayɛ na yɛde yɛn bere adi dwuma yie wɔ asɛnka mu na yɛanya nnipa pii adi wɔn adanse?—1 Kor. 7:29.

Ade baako a ɛbɛboa yɛn ne sɛ yɛbɛyɛ nsakrae wɔ asɛnka adwuma no mu. Fa no sɛ wotaa nantew bɛyɛ dɔnhwerew baako a wonnya obiara ne no nkasa. Wobɛtumi ayɛ nsakrae na woatumi anya nnipa pii ne wɔn akasa? Ɛyɛ nokware, asasesin biara ne emu asɛm, nanso nyansahyɛ a ɛdidi so yi bɛboa wo ma wode wo bere adi dwuma yie na ‘woammoro mframa.’—1 Kor. 9:26.

  • Afie Afie Adansedi: Adawurubɔfo dodow no ara taa yɛ afie afie adwuma no anɔpa. Nanso saa bere no na nnipa pii kɔ adwuma. Ɛnneɛ, adɛn na womfa afie afie adwuma no nhyɛ anwummere? Ɛbɛdu saa bere no na nnipa pii aba fie redwodwo wɔn ho. Yɛbɛtumi de anɔpa no adi adanse wɔ mmɔnten so ne nnwumam ma asow aba.

  • Badwam Adansedi: Sɛ morepɛ baabi ahyehyɛ nwoma agu pon anaa trɔk so asi a, monhwɛ asafo no asasesin fã a nnipa pii di hɔ akɔneaba na mode asi hɔ. (Hwɛ July 2013 Yɛn Ahenni Som, kr. 5.) Sɛ ɛba sɛ akyiri yi nnipa a wɔfa hɔ no so te a, Asafo Ɔsom Boayikuw no bɛsusu ho ahwɛ baabi foforo a nkurɔfo taa fa.

  • Sankɔhwɛ ne Bible Adesua: Sɛ ɛdu bere bi na wohu sɛ afie afie anaa abɔnten so adansedi no nsow aba a, adɛn na womfa sankɔhwɛ ne Bible adesua nhyɛ hɔ? Fa no sɛ Memeneda anɔpa na wobɛnya nnipa pii ne wɔn abɔ nkɔmmɔ wɔ wɔn fie. Sɛ saa a, adɛn na wonyɛ afie afie adwuma no anɔpa na womfa Bible adesua nhyɛ awia anaa anwummere? Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, adɛn na monhwɛ nnipa a wɔwɔ mpɔtam baako nwie ansa na moakɔ baabi foforo? Wei bɛboa na moanni akɔneaba ansɛe bere.

Ampa, bere biara a yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no, yɛbɛtumi akyerɛw nnɔnhwerew dodow a yɛde yɛe, nanso nea ɛma yɛn ani gye paa ne sɛ yɛbɛhu sɛ yɛn adwuma no asow aba. Sɛ wohu sɛ bere pɔtee bi nyɛ mma asɛnka adwuma no fã bi a, fa saa bere no yɛ biribi a ɛbɛsow aba. Yehowa ne “otwa adwuma Wura,” enti srɛ no na ɔmmoa wo na wode wo bere adi dwuma yie wɔ asɛnka mu!—Mat. 9:38.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena