Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Ase April 20
NNAWƆTWE A ƐFI ASE APRIL 20
Dwom 3 ne Mpaebɔ
cl ti 23 ¶10-18 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Samuel 23-25 (simma 8)
No. 1: 1 Samuel 23:13-23 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Ɛdeɛn na Bible Ka Fa Daakye Ho?—igw kr. 16 ¶1-3 (simma 5)
No. 3: Lot Yere Hwɛɛ N’akyi—my adesua 15 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Monnante sɛ anyansafoɔ na momfa bere a mobɛnya biara nni dwuma yie.’—Efe. 5:15, 16.
15 min: “Trɔk a Yɛde Di Adanse.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ yi: Adawurubɔfo mmienu gyina pon anaa trɔk a wɔahyehyɛ nwoma wɔ so ho. Obi retwam, na ɔdawurubɔfo baako hwɛ n’anim sere, nanso wanka hwee ankyerɛ no. Onipa foforo retwam, na ɔdawurubɔfo a ɔka ho no sere kyerɛ no, na ɔde asɛmmisa bi hyia no. Afei ɔfi ase ne no bɔ nkɔmmɔ. Yɛreyɛ asɛnka adwuma wɔ baabi foforo biara a, yɛbɛyɛ dɛn afa saa kwan yi so ne afoforo abɔ nkɔmmɔ?
15 min: Biribi a Ɛma Yɛn Ani Gye. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ɛgyina September 15, 2012, Ɔwɛn-Aban, kratafa 31-32, nkyekyɛm 15-19 so. Fa anigye kasa na anuanom kɔn nnɔ sɛ wɔbɛkɔ ɔmantam nhyiam a ɛreba no. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnkɔ jw.org nkɔhwɛ ɔkasa ahorow a wɔbɛma wɔ nhyiam no ase.
Dwom 75 ne Mpaebɔ