Trɔk a Yɛde Di Adanse
Nnansa yi, ɔkwan baako a yɛfa so di adanse ne sɛ yɛbɛhyehyɛ nwoma wɔ trɔk anaa pon so wɔ mmɔnten, baabi a nnipa pii di akɔneaba. Wei atwe nkurɔfo bebree aba nokware no mu. (Yoh. 6:44) Enti Yehowa ahyehyɛde no hyɛ asafo mu mpanimfoɔ nkuran sɛ wɔnhwɛ wɔn asasesin no baabi a nnipa taa fa na wɔmfa pon anaa trɔk yi bi nsi hɔ. Wei nyɛ apata bi a yɛrekɔbɔ asi baabi, enti mpɛn pii no ɛnhia sɛ yɛkɔsrɛ kwan fi aban mpanimfoɔ hɔ. Ɛnneɛ, adawurubɔfo bɛn na yɛbɛtumi de wɔn ayɛ adwuma yi? Ɛyɛ wɔn a wɔn adwenem da hɔ, wɔdi wɔn ho ni, na wɔnim nkɔmmɔbɔ. Sɛ adwuma yi bɛsow aba a, ɛhia sɛ adawurubɔfo hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Wei ho nyansahyɛ kakra na ɛdidi so yi.