Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛde Bible Kyerɛkyerɛ Nwoma No Bɛma
Nea Enti a Ɛho Hia: Nwoma baako a ɛmpa yɛn asɛnka bag mu ne Bible Kyerɛkyerɛ nwoma no. Nanso sɛ yɛamfa amma obi a, yɛbɛyɛ dɛn ne no asua? Wei nti ɛhia sɛ yɛn nyinaa hu ɔkwan a yɛbɛfa so de nwoma yi ama wɔ asɛnka mu. (Mmeb. 22:29) Yɛwɔ akwan pii a yɛbɛtumi afa so de ama, enti ɔdawurubɔfo biara bɛtumi ahwɛ nea ɛbɛboa no.
Sɔ Wei Hwɛ Bosome Yi Mu:
Sɛ moreyɛ abusua som a, mobɛtumi abobɔ nsɛm yi so.
Sɛ wowɔ asɛnka mu a, ka ɔkwan a wobɛfa so de nwoma yi ama no kyerɛ ɔdawurubɔfo a wo ne no nam no. (Mmeb. 27:17) Sɛ wohu sɛ nsɛm a woasiesie no mmoa a, sesa no.