KRISTOFO ABRABƆ
Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yebedi Obi a Ɔmpɛ Sɛ Obebue Pon Ama Yɛaba Ne Fie Adanse
NEA ENTI A ƐHO HIA: Ɛnnɛ nnipa pii ato ɔfasu atwa wɔn fie ho ahyia, na esiane nnipabɔnefo nti, wɔmpɛ sɛ wobue wɔn apon ma ahɔho ba mu. Ɛno nti, ebinom de camera abobɔ wɔn apon ano sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhɔho bi ba hɔ a, wobetumi ne no akasa. Sɛ yɛkɔ asɛnka na yɛkɔto ofie bi a ɛte saa a, ebia ebehia sɛ yegyina abɔnten ne fiewura no kasa. Nsɛm a edidi so yi bɛboa yɛn ama yɛanya akokoduru adi adanse wɔ tebea a ɛte saa mu.
SƐNEA WOBƐYƐ NO:
Nnya adwene sɛ wɔrentie wo. Hu sɛ nnipa pii a wɔtete afie a ɛte saa mu ani gye ho sɛ wɔne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ
Afie a camera bobɔ apon no ano no, hu sɛ, munnya mmɔɔ pon no mu mpo, ofiewura no hu nea moreyɛ na ɔte nea moreka nyinaa
Sɛ wobɔ pon no mu na ofiewura no gye so a, ɛwom wunhu no, nanso wo ne no nkasa te sɛ nea wuhu no. Sɛ wote ne nne fi camera no mu mpo a, yɛ saa ara. Ma w’anim nyɛ sereserew. Afei sɛnea wuhyia obi a, anka wo ne no bɛbɔ nkɔmmɔ no, wo ne ofiewura no nkasa saa ara. Sɛ wuhu sɛ camera wɔ pon no ano a, mmɛn ho pii. Sɛ wobɔ pon no mu na obiara annye so a, nka hwee, fi hɔ kɔ
Sɛ muwie nkɔmmɔ no mpo a, kae sɛ, ofiewura no da so ara hu nea moreyɛ, na ɔte nea moreka no nso. Enti ɛyɛ a monhwɛ mo kasa yiye