Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 January kr. 2-7
  • Ma Onyankopɔn Nkɔ So Nkyerɛ Wo Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Onyankopɔn Nkɔ So Nkyerɛ Wo Kwan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUA BIRIBI FI NEA FOINIKENI BEA NO YƐE NO MU
  • SUASUA PETRO—SUA ONYANKOPƆN ASƐM NO YIYE
  • SUASUA PAUL—HYƐ SUBAN FOFORO NO
  • SUASUA DAWID—MA YEHOWA MMƆ WO HO BAN
  • MA ONYANKOPƆN NKƆ SO NKYERƐ WO KWAN
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Suasua Sɛnea Yehowa Ne Yesu Dwen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    Afe 2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 January kr. 2-7

MARCH 2-8, 2026

DWOM 97 Nkwa Gyina Bible no So

Ma Onyankopɔn Nkɔ So Nkyerɛ Wo Kwan

AFE 2026 AFE ASƐM: “Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ.”—MAT. 5:3.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ nea ehia sɛ yɛyɛ na ama Yehowa akɔ so akyerɛ yɛn kwan ma yɛn ani agye.

1. Nneɛma bɛn na Yehowa nim sɛ nnipa hia? (Mateo 5:3)

YEHOWA nim sɛ, nneɛma bi wɔ hɔ a, sɛ nnipa annya a, wɔrentumi ntena nkwa mu. Ebi ne nea yebedi, nea yɛbɛhyɛ, ne baabi a yɛde yɛn ti bɛto. Sɛ saa nneɛma yi mu baako koraa bɔ yɛn a, ebetumi ama asetena mu ayɛ den paa ama yɛn, anaa ebetumi ama yɛahwere yɛn nkwa mpo. Saa asetenam nneɛma a nnipa hia yi da nkyɛn a, yehia biribi foforo nso; ɛno ne Onyankopɔn akwankyerɛ. (Kenkan Mateo 5:3.) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ani gye a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yehia Onyankopɔn akwankyerɛ, na yɛkɔ so de yɛn ho to no so.

2. Sɛ yɛka sɛ obi ‘hu sɛ ohia Onyankopɔn akwankyerɛ’ a, mfatoho bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ mu?

2 Greek asɛm a yɛakyerɛ ase “wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ” no, adwene a ɛwɔ akyi ne obi a ohia mmoa a ɔresrɛ obi sɛ ɔmmoa no. Wo de, hwɛ sɛ obi te kwan ho baabi resrɛsrɛ ade; ne ntaade a ɛhyɛ no nyinaa ayɛ fĩ, na onni aduan a obedi. Wei nti n’ahoɔden nyinaa asa. Awia bɔ a, ɛhye no saa, edu anadwo nso a na awɔw rekum no. Sɛnea ne ho ayɛ nti, nkurɔfo mpɛ sɛ wɔbɛbɛn no, wei nti n’ani nnye. Saa nipa a ɔsrɛsrɛ ade yi nim sɛ, sɛ obenya ahoɔden atena nkwa mu a, gye sɛ obi boa no. Obi a onim sɛ ohia Onyankopɔn akwankyerɛ nso, yebetumi de no atoto onipa a ɔsrɛsrɛ ade yi ho. Onim sɛ ohia Onyankopɔn mmoa wɔ n’abrabɔ mu, enti ɔno nso srɛ Onyankopɔn denneennen sɛ ɔmmoa no, na mmoa biara a Onyankopɔn de ma no no, ogye tom.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, Foinikeni bea a ɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmmoa no no, yebedi kan ahwɛ nea yebetumi asua afi n’asɛm no mu. Ɔbea yi asɛm no bɛma yɛahu sɛ, wɔn a wɔhu sɛ wɔhia Onyankopɔn akwankyerɛ no, suban mmiɛnsa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔnya. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi ɔsomafo Petro, ɔsomafo Paul, ne Ɔhene Dawid nso hɔ; saa mmarima yi nyinaa maa Onyankopɔn kyerɛɛ wɔn kwan.

SUA BIRIBI FI NEA FOINIKENI BEA NO YƐE NO MU

4. Dɛn na na Foinikeni bea bi pɛ sɛ Yesu yɛ ma no?

4 Bere bi Foinikeni bea bi baa Yesu nkyɛn. Ná ‘ahonhommɔne reteetee ne babea dodo.’ (Mat. 15:​21-28) Enti ɔbɛkotow Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmoa no. Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɔbea no yɛe saa bere no a yebetumi asuasua.

5. Dɛn na Yesu yɛ maa ɔbea no, na adɛn ntia? (Hwɛ mfoni no nso.)

5 Foinikeni bea no brɛɛ ne ho ase. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Efisɛ bere a Yesu de no totoo kraman ba ho no, ne bo amfuw. Ná kraman ba yɛ aboa wɔtaa hu wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo fie. Wo na Yesu de wo totoo kraman ba ho a, anka dɛn na wobɛyɛ? Anka wobɛka sɛ Yesu adidi wo atɛm nti wunhia ne mmoa bio na woasan w’akyi akɔ? Foinikeni bea no anyɛ saa. Mmom ɔdaa no adi sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Ɛno da nkyɛn a, ɔsan yɛɛ biribi foforo nso. Ɔkɔɔ so srɛɛ Yesu sɛ ɔmmoa no; wampa abaw. Dɛn na ɛma ɔyɛɛ saa? Yesu mu gyidi a na ɔwɔ ntia. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu hui sɛ ɔbea no gyidi so paa, enti ɛkaa no ma ɔboaa no. Ɛwom sɛ Yesu dii kan kaa sɛ “Israel fi nguan a wɔayera no” nko ara nti na ɔbae, nanso Yesu tuu ahonhommɔne no fii ɔbea no babea no mu maa no.

Foinikeni bea bi abu nkotodwe resrɛ Yesu sɛ ɔmmoa no. Yesu ne n’asuafo mmiɛnsa te pon bi ho a aduan sisi so, na wɔayɛ aso retie ɔbea no.

Foinikeni bea no brɛɛ ne ho ase, ɔkɔɔ so srɛɛ Yesu sɛ ɔmmoa no, na onyaa Yesu mu gyidi (Hwɛ nkyekyɛm 5)


6. Dɛn na yesua fi Foinikeni bea no asɛm no mu?

6 Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa kyerɛ yɛn kwan a, ɛsɛ sɛ yesuasua Foinikeni bea no. Enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛkɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn. Afei nso, Yesu Kristo ne wɔn a ɔnam wɔn so kyerɛ n’akyidifo kwan no, ɛsɛ sɛ yenya wɔn mu gyidi kɛse. (Mat. 24:​45-47) Sɛ yɛwɔ Yehowa ne Yesu mu gyidi, yɛbrɛ yɛn ho ase, na daa yɛsrɛ wɔn hɔ mmoa a, ɛma Yehowa ne Yesu ani gye paa. Yɛyɛ saa a, wɔbɛboa yɛn na wɔakyerɛ yɛn kwan. (Fa toto Yakobo 1:​5-7 ho.) Afei, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi ɔsomafo Petro, ɔsomafo Paul, ne Ɔhene Dawid hɔ. Ɛbɛma yɛahu sɛnea Yehowa kyerɛ yɛn kwan ne sɛnea ɔboa yɛn ma yɛn ani gye, ɛne nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya saa nhyehyɛe no so mfaso.

SUASUA PETRO—SUA ONYANKOPƆN ASƐM NO YIYE

7. Adwuma bɛn na Yesu de hyɛɛ Petro nsa, na dɛn na na ɛsɛ sɛ ɔno ara nso yɛ? (Hebrifo 5:14–6:1)

7 Yɛnhwɛ ɔsomafo Petro. Yudafo a edii kan hui sɛ Yesu ne Mesia no, na Petro ka ho. Ohui sɛ Yesu na Yehowa nam no so de “daa nkwa nsɛm” anaa honhom fam aduan rema ne nkurɔfo. (Yoh. 6:​66-68) Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔde hyɛɛ Petro nsa sɛ ‘ɔmma ne nguan nkumaa aduan.’ (Yoh. 21:17) Petro nso gyee saa adwuma no toom, na ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Yehowa koraa mpo ma ɔkyerɛw nkrataa mmienu a seesei ɛka Bible no ho. Nanso ne nyinaa mu no, na ehia sɛ Petro no ara nso didi yiye honhom fam, anaa osua Onyankopɔn Asɛm no. Enti nkrataa a Onyankopɔn maa ɔsomafo Paul kyerɛwee no sei, Petro too ne bo ase suae. Ogye toom sɛ nsɛm a Paul kyerɛwee no bi “asete yɛ den.” (2 Pet. 3:​15, 16) Nanso Petro ampa abaw, ɔkɔɔ so suae. Ná ogye di sɛ “aduan a ɛyɛ den” a Yehowa maa Paul kyerɛwee wɔ ne nkrataa mu no, Yehowa bɛboa no ma wate ase na ɔde ayɛ adwuma.—Kenkan Hebrifo 5:14–6:1.

8. Bere a Yehowa nam ne bɔfo so maa Petro akwankyerɛ foforo no, dɛn na ɔyɛe?

8 Yehowa de akwankyerɛ bi maa Petro, na esiane sɛ ogye Yehowa di nti, odii so. Da bi, bere a na Petro wɔ Yopa no, onyaa anisoadehu. Anisoadehu no mu no, Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ Petro sɛ, mmoa a na Mose Mmara no abara sɛ mma wɔnni no, onkum bi na onni. Esiane sɛ na Petro yɛ Yudani nti, efi ne mmofraase nyinaa, Mose Mmara no ara na na onim, enti asɛm a na ɔbɔfo no reka no, na ɛnsen ne tirim. Enti ɔbɔfo no kaa saa no, Petro kaa sɛ: “Daabi, Awurade, efisɛ minnii biribiara a ɛho agu fĩ na ɛho ntew biara da.” Ɛno akyi no, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nneɛma a Onyankopɔn atew ho no, nka sɛ ɛho agu fĩ.” (Aso. 10:​9-15) Afei Petro tee nea na ɔbɔfo no reka no ase, na ɔsesaa n’adwene. Yɛyɛ dɛn hu saa? Bere a onyaa anisoadehu no akyi no, ankyɛ koraa na mmarima mmiɛnsa bi baa ne nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔn wura Kornelio na asoma wɔn sɛ wɔmmɛfrɛ no mmra, na ɔpɛ sɛ ohu no. Kan no a, ɛnyɛ ade a anka Petro bɛkɔ obi a ɔnyɛ Yudani fie da, efisɛ na Yudafo no bu wɔn a wɔnyɛ Yudafo no sɛ wɔn ho ntew. (Aso. 10:​28, 29) Nanso bere a Yehowa maa Petro akwankyerɛ foforo no, ntɛm ara na ogye toom. (Mmeb. 4:18) Enti ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Kornelio ne ne fiefo, na wɔgyee Yesu dii, wɔnyaa honhom kronkron, na wɔbɔɔ asu.—Aso. 10:​44-48.

9. Honhom fam aduan a ɛyɛ den no, sɛ yɛyere yɛn ho sua a, ɛboa yɛn wɔ akwan mmienu bɛn so?

9 Sɛnea Petro yɛe no, nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a asete nyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛtaa sua. Nanso honhom fam aduan a ɛyɛ den, anaa nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu a asete yɛ den no nso, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho sɛ yebesua. Enti ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere na yɛyere yɛn ho sua te ase. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn sɛn? Anyɛ yiye koraa no, ɛbɛboa yɛn wɔ akwan mmienu so: Baako ne sɛ, ɛbɛma yɛasua Yehowa ho ade pii, na ɛbɛma yɛanya ɔdɔ ne obu kɛse ama no. Nea ɛtɔ so mmienu, ɛbɛkanyan yɛn paa ama yɛaka yɛn soro Agya no suban a ɛyɛ fɛ no ho asɛm akyerɛ afoforo. (Rom. 11:33; Adi. 4:11) Yɛsan sua biribi foforo fi Petro asɛm no mu: Ɛne sɛ, sɛ yenya Onyankopɔn Asɛm no mu ntease foforo a, ɛsɛ sɛ yegye tom ntɛm ara na yɛde yɛ adwuma. Yɛyɛ saa a, Yehowa bɛkɔ so ara akyerɛ yɛn kwan ma yɛde nokwaredi asom no.

SUASUA PAUL—HYƐ SUBAN FOFORO NO

10. Sɛnea Kolosefo 3:​8-10 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na asɔ Yehowa ani?

10 Ɔkwan foforo a Yehowa fa so kyerɛ yɛn kwan ne sɛ ɔma yehu suban a ɔpɛ sɛ yenya. Ɛne sɛ yebeyi “suban dedaw no” agu na yɛahyɛ “suban foforo no,” sɛnea ɔsomafo Paul kae no. (Kenkan Kolosefo 3:​8-10.) Suban foforo a yɛbɛhyɛ no nyɛ da koro asɛm; egye bere ne mmɔdenbɔ. Yɛmfa ɔsomafo Paul nyɛ nhwɛso. Efi bere a ɔyɛ aberante no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Gal. 1:14; Filip. 3:​4, 5) Nanso Onyankopɔn ho nimdeɛ a edi mũ a na ɛbɛma wahu ɔkwampa a ɔbɛfa so asom no no, na onnim. Afei nso, ná onnim Kristo nkyerɛkyerɛ, na na ɔyɛ ahantan, na ɛno ma ɔyɛɛ “aniammɔnho.” Wei nti na ne suban nsɔ Onyankopɔn ani koraa.—1 Tim. 1:13.

11. Subammɔne bɛn na na ɛsɛ sɛ Paul yere ne ho ko tia? Kyerɛkyerɛ mu.

11 Ansa na Paul rebɛyɛ Kristoni no, ɛreyɛ ara ni na ne koko apae. Asomafo Nnwuma no ma yehu sɛ Paul bo fuw Yesu asuafo no ara ma ‘ohunahunaa’ wɔn, na na ɔpɛ sɛ “okunkum wɔn.” (Aso. 9:1) Enti bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni no, ɛda adi sɛ ɔyeree ne ho paa sɛ obeyi saa suban dedaw no agu. (Efe. 4:​22, 31) Nanso bere bi, Paul ne Barnaba anyɛ adwene koraa wɔ asɛm bi ho, na wei kɔfaa “akasakasa a emu yɛ den bae.” (Aso. 15:​37-39) Ɛha yi, Paul suban no san yii ne ti, nanso wampa abaw. Ɔkɔɔ so ‘boroo ne nipadua,’ kyerɛ sɛ, ɔyeree ne ho paa sɛ obedi saa subammɔne no so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɔ Yehowa ani.—1 Kor. 9:27.

12. Dɛn na ɛboaa Paul ma otumi yii subammɔne a na ɛreteetee no no fii n’akwan mu?

12 Subammɔne a na ɛreteetee Paul no, otumi yi fii n’akwan mu, na otumi hyɛɛ suban foforo no, efisɛ wamfa ne ho anto ɔno ara n’ahoɔden so. (Filip. 4:13) Mmom sɛnea Petro yɛe no, Paul nso de ne ho too “ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ no” so. (1 Pet. 4:11) Ne nyinaa akyi no, ɛtɔ da a na Paul abam tumi bu. Ɛba saa a, na odwinnwen nneɛma pa a ne soro Agya no ayɛ ama no ho, na ɛno hyɛɛ no den ma ɔkɔɔ so yeree ne ho sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani.—Rom. 7:​21-25.

13. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Paul?

13 Sɛ yefii ase som Yehowa akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yebeyi yɛn suban dedaw no agu, na yɛhyɛ suban foforo no. Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde nea Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn no bɔ yɛn bra. Yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Paul. Ɛwom ara a, suban dedaw no bi betumi asan ayi ne ti; ebia yɛn bo betumi afuw obi anaa yɛakeka yɛn adwene akyerɛ no mpo. Ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Mmom ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho yɛ nsakrae biara a ehia. (Rom. 12:​1, 2; Efe. 4:24) Bere a yɛreyɛ saa no, ɛsɛ sɛ yɛkae saa asɛm yi: Ataade de, sɛ ɛso sen yɛn anaa ɛkyere yɛn a, gye sɛ yɛyɛ ho biribi ansa na yɛatumi ahyɛ. Nanso suban foforo no de, sɛ yebetumi ahyɛ a, gye sɛ yɛn mmom yɛyɛ nsakrae, na yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra na ama yɛasɔ n’ani.

SUASUA DAWID—MA YEHOWA MMƆ WO HO BAN

14-15. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so bɔ ne nkurɔfo ho ban nnɛ? (Dwom 27:5) (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Yɛabehu sɛ, sɛ yɛn ani betumi agye a, ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no, na yɛhyɛ suban foforo no. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara; yehia Onyankopɔn ahobammɔ nso. Ɛnde, akwan bɛn na Yehowa fa so bɔ yɛn ho ban, na dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na wabɔ yɛn ho ban?

15 Ná Ɔhene Dawid gye di paa sɛ mmere bɔne mu mpo Yehowa bɛbɔ ne ho ban. (Kenkan Dwom 27:5.) Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so bɔ yɛn ho ban nnɛ? Baako ne sɛ, obiara anaa biribiara a ebetumi asɛe yɛn gyidi no, Yehowa bɔ yɛn ho ban fi ho. Enti sɛ nkurɔfo sɔre tia yɛn sɛ dɛn mpo a, wahyɛ yɛn bɔ sɛ, akode biara a wɔbɛyɛ de aba yɛn so no renyɛ yiye. (Dw. 34:7; Yes. 54:17) Ɛwom, Satan ne n’apamfo no wɔ tumi, nanso wɔrentumi nteetee yɛn afebɔɔ. Sɛ wɔkum yɛn mpo a, Yehowa benyan yɛn aba nkwa mu bio. (1 Kor. 15:​55-57; Adi. 21:​3, 4) Afei nso, sɛ dadwen hyɛ yɛn so a, Yehowa boa yɛn ma yetumi gyina ano, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe yɛne ne ntam. (Mmeb. 12:25; Mat. 6:​27-29) Wei da nkyɛn a, wama yɛn anuanom bebree a wɔboa yɛn, ne asafo mu mpanyimfo a wɔsrasra yɛn hyɛ yɛn nkuran. (Yes. 32:​1, 2) Sɛ yɛkɔ adesua nso a, Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn ma yehu nneɛma pɔtee a yɛyɛ a ɛbɛma wabɔ yɛn ho ban.—Heb. 10:​24, 25.

Onuawa bi apagyaw ne nsa a ɔpɛ sɛ ɔma mmuae wɔ “Ɔwɛn-Aban” Adesua ase. Anuanom afoforo nso apagyaw wɔn nsa.

Onuawa bi pɛ sɛ Yehowa bɔ ne ho ban, enti ɔne ne nuanom Kristofo ahyiam wɔ adesua ase (Hwɛ nkyekyɛm 14-15)


16. Akwan bɛn na Yehowa faa so bɔɔ Dawid ho ban?

16 Bere biara a Dawid betie Yehowa no, na ɔboa no ma osisi gyinae pa, na na ɛma Dawid ani gye. Enti Yehowa faa saa kwan yi so bɔɔ ne ho ban. (Fa toto Mmebusɛm 5:​1, 2 ho.) Nanso bere a Dawid buu Yehowa mmara so no, ɛso nsunsuanso no de, Yehowa ammɔ ne ho ban amfi ho. (2 Sam. 12:​9, 10) Ɛtɔ mmere bi nso a, na nkurɔfo teetee Dawid ma ohu amane. Ɛba saa a, na Dawid fi ne komam bɔ Yehowa mpae. Dɛn na Yehowa yɛe de bɔɔ ne ho ban? Ɔkyekyee Dawid werɛ, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ɔdɔ no paa, na ɔbɛhwɛ no.—Dw. 23:​1-6.

17. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Dawid?

17 Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ de sisi gyinae a, na yɛresuasua Dawid. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛantie Yehowa na yesisi gyinae bɔne a, ebia yebehu amane, na ɛno de Yehowa renyi yɛn mfi mu. (Gal. 6:​7, 8) Afei nso, sɛ nkurɔfo ma yehu amane a, yebetumi aka yɛn komam asɛm akyerɛ Yehowa, na yɛanya awerɛhyem sɛ ɔbɛbɔ yɛn adwene ne yɛn koma ho ban.—Filip. 4:​6, 7.

MA ONYANKOPƆN NKƆ SO NKYERƐ WO KWAN

18. Ɛnnɛ, dɛn na nnipa bebree nnye ntom, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Yehowa akɔ so akyerɛ yɛn kwan? (Hwɛ mfoni no nso.)

18 Afe 2026 afe asɛm no ka sɛ: “Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ.” Ɛnnɛ paa na wuhu sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ ɛnnɛ nnipa bebree nnye ntom sɛ wɔhia Onyankopɔn akwankyerɛ. Afoforo nso gye Onyankopɔn di, nanso wɔwɔ atorosom mu anaa nnipa nyansa na ɛkyerɛ wɔn kwan. Wei nti wɔn ani nnye. Ɛnsɛ sɛ yesuasua wɔn. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm no yiye, yɛhyɛ suban foforo no, na yetie Yehowa ma ɔbɔ yɛn ho ban.

Mfoni: Onuawa a ɔwɔ mfoni baako no mu no reyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wama Onyankopɔn rekyerɛ no kwan. 1. Ɔresua “Ɔwɛn-Aban.” 2. Ɔde aduan rekɔma awarefo bi wɔ wɔn fie. Ɔbarima no te akongua mu, na bandage kyekyere ne ti; nsu nso si no so. 3. Anuanom mmarima mmienu akɔsra onuawa no rehyɛ no nkuran.

Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm no yiye, yɛhyɛ suban foforo no, na yɛma Yehowa bɔ yɛn ho ban (Hwɛ nkyekyɛm 18)a

WUBEBUA SƐN?

  • Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Petro na yɛasua Onyankopɔn Asɛm no yiye?

  • Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Paul na yɛahyɛ suban foforo no?

  • Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa abɔ yɛn ho ban sɛnea Dawid yɛe no?

DWOM 162 N’Asɛm No Bɛyɛ M’aduane

a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa a ɔwɔ mfoni baako no mu no resua Ɔwɛn-Aban, ɔreda ayamye adi akyerɛ afoforo de akyerɛ sɛ wahyɛ suban foforo no. Afei nso, asafo mu mpanyimfo akɔsra no rehyɛ no nkuran, na wayɛ aso retie wɔn. Wei nyinaa kyerɛ sɛ wama Yehowa rekyerɛ no kwan.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena