Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 13
  • Bere Bɛn na Wɔkyerɛw Yesu Ho Nsɛm Too Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Bɛn na Wɔkyerɛw Yesu Ho Nsɛm Too Hɔ?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Dɛn Ankasa Ne Asɛmpa No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yesu Ho Nokwasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Bible no Ka Yesu Ho Nsɛm Nyinaa Kyerɛ Yɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • So Yebetumi De Yɛn Ho Ato Nsɛmpa No So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 13
Ɔbarima bi nsa; ɔrekyerɛw ade agu nhoma mmobɔwee so

Bere Bɛn na Wɔkyerɛw Yesu Ho Nsɛm Too Hɔ?

Nea Bible ka

Ɔsomafo Yohane kyerɛw Yesu asetena ho nsɛm. Ɔkaa nea ɔkyerɛwee no ho asɛm sɛ: “Nea ɔde n’ani hui na wadi adanse yi, na n’adanse no yɛ nokware, na saa onipa no nim sɛ ɔka nokware na ama mo nso moagye adi.”​—Yohane 19:35.

Ade baako a enti ɛsɛ sɛ yɛgye Mateo, Marko, Luka, ne Yohane Nsɛmpa no tom ne sɛ, nsɛm a ɛwɔ mu no, bere a ɛsisii no, nnipa pii hui. Bere a wɔrekyerɛw Nsɛmpa nnan no, na saa nnipa no mu pii da so ara te ase. Ebinom kyerɛ a, wɔkyerɛw Mateo Asɛmpa no wɔ Yesu wu akyi mfe nwɔtwe pɛ, bɛyɛ afe 41 Y.B. Nhomanimfo binom ka sɛ ɛkyɛ sen saa ansa na wɔrekyerɛw. Nanso, wɔn nyinaa gye tom sɛ nhoma a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔkyerɛw ne nyinaa wɔ asomafo no bere so.

Nnipa a wɔhuu Yesu bere a ɔte ase wɔ asase so, bere a ɔwui, ne bere a wɔnyanee no no, wɔn na wɔbɛtumi adi adanse sɛ nsɛm no sisii ampa. Sɛ atosɛm bi wɔ Nsɛmpa no mu a, anka ɛrenyɛ den koraa sɛ wɔbɛma nkurɔfo ate ho asɛm. Ɔbenfo F. F. Bruce kaa sɛ: “Asɛnka adwuma a na asomafo no yɛ no, ade baako a na ɛma wɔnya ahotoso paa ne sɛ, na wɔn atiefo nim sɛ nea na wɔreka no yɛ nokware. Enti wɔanka kɛkɛ sɛ, ‘Yɛyɛ nneɛma yi ho adansefo,’ na mmom wɔkaa nso sɛ, ‘Sɛnea mo ara munim no’ (Asomafo Nnwuma 2:22).”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena