Yetumi Yɛ Nea Yɛpɛ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho? Nea Yɛyɛ Biara, Onyankopɔn Ahyehyɛ Ato Hɔ Anaa?
Nea Bible ka
Onyankopɔn adi yɛn ni. Wama yetumi yɛ nea yɛpɛ. Sɛ yɛka saa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛn ankasa tumi de yɛn adwene sisi gyinae wɔ nneɛma ho. Ɛnyɛ Onyankopɔn na opiapia yɛn ma yɛyɛ ade, na saa ara nso na ɛnyɛ hyɛberɛ na ɛma yɛyɛ nneɛma a yɛyɛ no. Hwɛ nea Bible ka fa saa asɛm yi ho.
Onyankopɔn yɛɛ nnipa wɔ ne suban so. (Genesis 1:26) Nnipa nte sɛ mmoa. Mmoa de, wɔnnwen; nea wɔbɔɔ wɔn sɛ wɔnyɛ no, ɛno ara na wɔyɛ. Nnipa nte saa. Yɛn de, yɛne Onyankopɔn di nsɛ, efisɛ yetumi da suban ahorow bi adi; ebi ne ɔdɔ ne atɛntrenee. Sɛnea Onyankopɔn tumi yɛ nea ɔpɛ no, yɛn nso yetumi yɛ nea yɛpɛ.
Sɛnea yɛn abrabɔ bɛkɔ daakye no, yɛn ankasa yebetumi ayɛ ho biribi. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa nkwa, na yentie Onyankopɔn asɛm.’ Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yemfi yɛn pɛ mu nni Onyankopɔn mmara nsɛm so. (Deuteronomium 30:19, 20) Sɛ yɛn ankasa yentumi mfa yɛn adwene nyɛ nea yɛpɛ a, ɛnde na ka a Bible ka sɛ ‘yɛmfa nkwa, na yentie Onyankopɔn asɛm’ no, ntease nnim. Anka ɛbɛyɛ atirimɔdensɛm mpo, efisɛ anka ɛbɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛpɛ oo, yɛmpɛ oo, ɛsɛ sɛ yɛfa nkwa na yetie Onyankopɔn asɛm. Onyankopɔn nhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nea ɔbɛka biara. Mmom, oyi ne yam ka kyerɛ yɛn mu biara sɛ: “Sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:18.
Sɛ yetu anammɔn bi na ɛbɛkɔ yiye anaa ɛrenkɔ yiye a, ɛnyɛ hyɛberɛ na ɛbɛma aba saa. Sɛ biribi a yɛreyɛ bɛkɔ yiye a, ehia sɛ yɛyere yɛn ho yɛ ho adwuma. Ɛno nti, Bible ka sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ.” (Ɔsɛnkafo 9:10) Ɛsan ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe bewie yiye.”—Mmebusɛm 21:5.
Yɛn adwene a yetumi de yɛ nea yɛpɛ no, ɛyɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn. Saa akyɛde a ɛsom bo no, ɛno na ɛma yɛn ankasa yetumi fi yɛn pɛ mu de yɛn “koma nyinaa” dɔ Onyankopɔn.—Mateo 22:37.
Enti biribiara a yɛyɛ no, ɛnyɛ Onyankopɔn na wahyehyɛ ato hɔ anaa?
Bible kyerɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn ne ade nyinaa so Tumfoɔ, na ne tumi nni ano. Sɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ biribi a, obi anaa biribiara rentumi nsiw no kwan, gye sɛ ɔno ara ka sɛ ɔrenyɛ. (Hiob 37:23; Yesaia 40:26) Nanso ne tumi no, ɛnyɛ biribiara kɛkɛ na ɔde yɛ. Ɛho nhwɛso bi ni. Ná tete Babilonfo yɛ Onyankopɔn nkurɔfo atamfo. Nanso, Bible ka sɛ Onyankopɔn ‘hyɛɛ ne ho so’ wɔ wɔn ho. (Yesaia 42:14) Ɛnnɛ nso, saa ara na Onyankopɔn yɛ. Nnipa bi wɔ hɔ a, hokwan a wɔwɔ sɛ wɔtumi yɛ nea wɔpɛ no, wɔde di nkurɔfo awu. Ne nyinaa mu no, Onyankopɔn ahyɛ ne ho so wɔ wɔn ho. Nanso, Onyankopɔn renhyɛ ne ho so nkosi daa.—Dwom 37:10, 11.