Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • hdu asɛm 1
  • Asafo Nhyiam a Yɛyɛ Wɔ Video So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asafo Nhyiam a Yɛyɛ Wɔ Video So
  • Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Onii a Ade Nyinaa Yɛ Ne Dea No, Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma No Biribi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • “Fa Biribi Hyɛ Wo Nsam Ma Yehowa”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Yɛda Yehowa Ase Sɛ Moda Ɔdɔ Adi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
hdu asɛm 1
Mfoni: 1. Abusua bi afa video so akɔ asafo nhyiam. 2. Onua bi abue videoconferencing app ama anuanom aba so. 3. Onua bi rema ɔkasa wɔ video so.

SƐNEA WƆDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Asafo Nhyiam a Yɛyɛ Wɔ Video So

JUNE 26, 2020

Wokɔ aman pii so a, aban no aka sɛ, ɛnsɛ sɛ nnipa bebree hyiam faako. Afei nso wose, ɛnsɛ sɛ yɛbɛn afoforo pii. Nea wɔaka yi, Yehowa Adansefo asi wɔn bo sɛ wobedi so, nanso bere koro no ara wɔbɛkɔ so ahyiam asom Onyankopɔn. Wɔbɛhwɛ ayɛ no wɔ kwan bi so a ɛremma wɔmfa obiara nkwa nto asiane mu. Wei nti, asafo pii de app ahorow yɛ wɔn adesua wɔ video so. Saa app no mu baako ne Zoom.

Akwankyerɛ Kuw no penee so sɛ, ntoboa a yeyi no, wɔmfa bi ntua Zoom no ho ka, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de ayɛ asafo nhyiam daa na akɔ so wɔano wɔano. Saa nhyehyɛe yi, ɛboaa asafo ahorow a wontumi ntua Zoom no ho ka a ɛyɛ dɔla 15 kosi 20 anaa nea ɛboro saa no. Asafo ahorow a yɛreka wɔn ho asɛm yi, kan no na wɔde app ahorow bi a nkurɔfo ayɛ a wɔntɔn na ɛyɛ wɔn adesua. Nanso saa app ahorow yi, entumi mfa nnipa pii, na bammɔ a ɛwɔ ho nso nyɛ papa. Zoom a ahyehyɛde no atua ho ka no de, etumi fa nnipa pii. Afei nso bammɔ a ɛwɔ ho yɛ papa; sɛ nkurɔfo hyiam wɔ so a, wutumi hwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. Yɛrekasa yi, asafo bɛboro 65,000 a ɛwɔ aman bɛboro 170 so na ɛde asafo Zoom no yɛ adwuma.

Kan no, na Kairagi asafo a ɛwɔ Manado, North Sulawesi, Indonesia no de app bi a yɛntɔn na ɛyɛ adesua. Nanso seesei asafo Zoom na wɔde yɛ. Onua Hadi Santoso ka sɛ: “App a kan no na yɛde yɛ adesua no, ɛreyɛ ara ni na anuanom atetew kɔ, enti sɛ́ wɔredi so akɔneaba ara ni. Nanso seesei de ɛnte saa. Anuanom a wonnim ɛlɛtrɔnik mfiri mu mpo, seesei wotumi nya adesua no so mfaso paa.”

Lester Jijón, Jr. yɛ asafo mu panyin wɔ Guayacanes Oeste Asafo mu wɔ Guayaquil, Ecuador. Ɔka sɛ: “Anuanom a ɛwɔ ha no, wɔn mu pii di hia, enti asafo ahorow bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ ade a wɔn ankasa betumi atua Zoom no ho ka ma nnipa pii ahyiam wɔ so ayɛ adesua. Nanso ahyehyɛde no atua ho ka ama yɛn, enti mprempren yɛn Zoom no tumi fa nnipa pii. Ama seesei yensuro sɛ yɛbɛto nsa afrɛ nnipa dodow biara a yɛpɛ ma wɔaba adesua.”

Johnson Mwanza nso yɛ asafo mu panyin wɔ Ngwerere North Asafo mu wɔ Lusaka, Zambia. Ɔka sɛ: “Anuanom pii se, ‘asafo Zoom no ama yɛabɛn yɛn nuanom paa, na ama yɛahu sɛ Yehowa dɔ yɛn na odwen yɛn ho.’”

Sika a ahyehyɛde no ayi sɛ wɔde bɛboa wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu no, ɛno bi na wɔde tua Zoom no ho ka. Wonya saa sika no fi ntoboa a anuanom fi wɔn pɛ mu yi de boa wiase nyinaa adwuma no mu. Saa ntoboa yi, pii fa donate.jw.org so na eyi. Yɛda mo ase paa sɛ muyi mo yam yi ntoboa. Ɛno bi na yɛde boa wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu.—2 Korintofo 8:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena