Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 2/8 kr. 12-14
  • Mesom Me Tete Nananom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mesom Me Tete Nananom
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wɔkae Awufo No
  • Medee me ho Fii Owu Suro Ho
  • Suban mu Nsakrae
  • Mfaso Horow a Efi Ateasefo a Wɔboa wɔn mu Ba
  • So Ɛsɛ sɛ Wusuro Awufo?
    Nyan!—1996
  • Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Awufo Wɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • So Awufo Betumi Ahu Yɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 2/8 kr. 12-14

Mesom Me Tete Nananom

NEA MEKAE wɔ me mmofraase no fa amanne horow a wɔyɛ ma tete nananom anɔpa biara wɔ Okinawa no ho. Me nã de me maa ne nuabea bere a na madi mfirihyia anan, na yɛne yɛn nenabea a asom tetefo kɔtrae. Ogye di sɛ wɔn wɔawuwu no honhom da so te ase na ɛsɛ sɛ ateasefo a wɔyɛ abusuafo no di tetefo a wɔawuwu no nĩ. Ɔkwan a wɔfa so yɛ eyi ne nhwiren ne aduan a wɔde sisi wɔn adamoa so, ne afei denam mpae a wɔbɛbɔ wɔn da biara wɔ ofie.

Da biara da ansa na owia refi ne afei ansa na yɛredi yɛn anɔpa aduan no, meprapra abusua no afɔremuka no mu, miyiyi nhwiren a atwintwam no na mede foforo si ananmu. Me nenabea bu nkotodwe wɔ afɔremuka no anim, gyen n’ani hwɛ tee bɔ mpae tenten ma yɛn tetefo. Nanso esiane sɛ ɔbrɛ ne nẽ ase wɔ mpaebɔ no mu nti ɛyɛ a mente nea ɔreka no.

Me nenabea kyerɛkyerɛɛ me sɛ onyame biara nni hɔ gye yɛn tetefo a wɔawuwu no de na afei wɔkorɔn kyɛn adesamma a wɔwɔ nkwa mu no. Esiane saa gyidi yi nti, wɔhwɛ obi a wawu no amu no so yiye. Wɔde amu no to ɔdamoa mu bere bi de kosi sɛ ɔhonam no bɛporɔw. Ɛno na afei woyiyi nnompe no, hohoro ho, wɔhyɛ da de gu ade bi mu na wɔkyerɛw onipa no din, a wɔde woo no ne da a ɔde wui wɔ akyi, ma wɔde no kɔto abusua no haka, anaasɛ ɔdamoa mu. Haka, no yɛ nea wosi no te sɛ awotwaa a wɔde sɛmɛnt anaasɛ nneɛma afoforo si a wɔde tetefo anaasɛ abusuafo a wɔawuwu no nnompe nyinaa gu mu. Saa gyidi yi nhyɛase fi nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ hɔ a ɛne sɛ adesamma wɔ akra a enwu nti wɔtra ase bere a onipadua no awu akyi no.

Sɛnea Wɔkae Awufo No

Afe biara yɛn abusua no hyia kae tetefo a wɔawuwu no. Saa bere yi mu na wɔhyɛ da noa aduan titiriw bi a ɛyɛ mokyi mõ, tofu (aduan bi a wɔde adua ayɛ) ne nnuan afoforo. Eyinom yɛ nnuan a Okinawafo bu no sɛ awufo nawɔpɛ no yiye, eyi ho dwumadi ma wɔbɔ ka kɛse.

Ɛtɔ da bi a m’abusua no mufo kɔsrɛ ɔsɔfowa bi, ɔtaa yɛ ɔbea panyin, na wabedi abusua no anim wɔ awufo a wodi wɔn nĩ yi mu. Wɔma yɛn nyinaa bu nkotodwe bere a ɔbea yi di yɛn anim wɔ mpaebɔ mu bɛyɛ sɛ simma 30. Yɛnte nsɛm a ɔka no ase, efisɛ ɔkasa wɔ ne menewam, na yɛn a yɛyɛ mofra no fam de mpaebɔ no te sɛ nea egye dɔnhwerew biako anaasɛ nea ɛboro saa.

Bere a midii mfirihyia 11 na mesan kɔɔ Hawaii kɔkaa m’awofo ho. Ɛha na mibehuu Kristoman mu anyamesom ahorow. Bere a mewaree no wɔbɔɔ me asu sɛ Baptist asɔre no muni. Nanso me kunu yɛ obi a ɔsom ne tetefo na na yɛwɔ yɛn ankasa abusua afɔremuka. Da biara da mede nhwiren sisi afɔremuka no so, mehyew aduhuam wɔ anim bɔ yɛn tetefo no mpae te sɛ nea me nenabea ayɛ no. Eyi anyɛ me nwonwa, esiane sɛ Baptist kuw no nso gye di sɛ nnipa wɔ akra a wonwu a wɔkɔ so tra ase wɔ ahonhom wiase no mu wɔ owu akyi.

Misusuw sɛ midi yɛn tetefo no nĩ denam mpae a mebɔ no na meka asetra mu nsɛm biara kyerɛ wɔn no nti. Migye di sɛ wobetumi aboa me anaasɛ wɔapira me. Enti na nea mepɛ sɛ meyɛ ne sɛ merenyɛ biribi a wɔmpɛ, wɔ nsɛm nketewa mpo mu. Sɛ nhwɛso no, bere bi na mepɛ sɛ mede akyɛde bi ma me kyerɛkyerɛfo no, nanso esiane obu a mewɔ ma me tetefo no nti, mede kosii afɔremuka no anim.

Medee me ho Fii Owu Suro Ho

Wiase Nyinaa Ko II mu na Yehowa Adansefo baa me pon ano. Mifi wɔn nsɛmma nhoma no mu sua huu sɛnea Hitler a ofi Nazi Germane no de Adansefo no guu afiase ne nneduafo adan ahorow mu na wakum wɔn mu binom esiane sɛ wɔpow sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɔko no mu nti. M’ani gyee ho, na ɛma mihuu nsonsonoe kɛse a ɛda Yehowa Adansefo ne Kristoman mu asɔre horow no ntam. Ankyɛ na mifii ase ne Adansefo no suaa Bible no.

Nneɛma a wɔkyerɛɛ me wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no nyaa nkɛntɛnso kɛse wɔ me so. Me werɛ mfii nea wɔakyerɛw wɔ Ɔsɛnkafo 9:5 no da: “Na awufo de, wonnim biribiara.” Bible mu asɛm foforo a mani gyee ho ne Hesekiel 18:4, a ɛka sɛ: “.Hwɛ, akra nyinaa wɔ me; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” .

Eyi ne Bible mu kyerɛw nsɛm ahorow boaa me ma mihuu sɛ ɔdesani kra no tumi wu, sɛ awufo no nte ahonhom wiase bi mu, na wonnim nea ɛrekɔ so, wontumi mmoa obi na wontumi mpira obi. Ahotɔ bɛn na eyi de brɛɛ me sɛɛ! M’ansuro ayayade a ebia wɔbɛyɛ me wɔ owu akyi no bio. Medee me ho fii me kan gyidi a ɛfa ɔkra a wɔsan wo no no ho. Afei de mahu sɛnea mfaso nni me tetefo no som no so efisɛ wɔawuwu na wontumi mmoa me na wontumi mpira me nso.

Bere a mekɔɔ so suaa Bible no ara na mihuu awerɛkyekye nsɛm a ɛyɛ owusɔre ho anidaso no. “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne [Yesu] nne na wɔafi adi.” (Yoh. 5:28, 29) Nnipa ɔpepem bebree a mprempren yi wɔawuwu no benya daa nkwa hokwan wɔ asase a wɔadan no paradise no so. Ɛno na mihuu sɛnea afei de wɔbɛyɛ “Onyankopɔn apɛde wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro” ankasa. (Mat. 6:10) ‘Saa Bible mu nokwasɛm a ɛfa awufo ho no na ɛma medee me ho. Sɛnea misusuw asetra ho fa no sakrae afei.

Ntɛm ara na minyaa nkate kɛse bi wɔ me mu sɛ me ne me nnamfonom bɛkyɛ saa nokware yi. Mmɔden a midii kan bɔe ne sɛ mɛboa m’awofo a wɔte nkwa mu esiane sɛ mensom tetefo a wɔawuwu no bio no. Nea edi kan no, me nsa kaa me nã kyerɛkyerɛɛ no tebea a awufo no wom ankasa. Wɔ bere a ɛsɛ mu no ɔpenee Bible mu nkyerɛkyerɛ no so. Me nsa kaa m’agya nso, na mifii ase sɛ me ne no besua Bible no. Nanso ɔpenee nokware a ɛyɛ sɛ “awufo no de wonnim biribiara” no so ansa na ɔrewu na nti ɔno nso pow tetefo som.

Me ne me nnamfonom, abusuafo ne m’afipamfo kyɛ Bible mu nokware yi bere biara a mehyia wɔn. Saa nokware ahorow yi de awerɛkyekye kɛse ne anigye brɛɛ me, na mepɛsɛ afoforo nso hu Bible mu bɔhyɛ sɛ wɔ asase so ha, wɔ Onyankopɔn ahenni no ase no, “ɔbɛpopa nusu nyinaa afi aniwam, na owu nni hɔ bio na awerɛhow ne osu ne yaw bi nni hɔ bio.”​—Adi. 21:4.

Suban mu Nsakrae

Sɛ mitwa m’ani mehwɛ bere a na mesom me tetefo no a, mihu sɛ na mede m’asetra nyinaa atwa awufo no som ho. Mantumi anyi ɔdɔ ankasa adi ankyerɛ m’abusua no mufo bere a na wɔte ase. Nanso bere a mebɛdan obi a odi Yesu Kristo akyi yi aboa me ma manya nipasu a ne ban foforo, sɛ meyi ɔdɔ adi akyerɛ m’abusuafo ne afoforo pii.

Sɛ nhwɛso no, mampɛ koraa bere a metee sɛ m’awofo de me ama me maame nua bere a madi mfirihyia anan no, ɛno na afei mifii ase sɛ mɛtan me nã. Nanso bere a mebɛdan Yehowa Adansefo no mu biako no, mihui sɛ merentumi ntan me nã bio. Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe no, ɛsɛ sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn nso de yɛn de kyɛ yɛn a. Yehowa ankasa na ɔyɛ nhwɛso no ma yɛn sɛ yɛmfa asɛm nkyɛ afoforo. (Mat. 6:12; Kol. 3:13) Enti, mekɔɔ me nã nkyɛn kɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ mentan no wɔ me koma mu bio na mmom mepɛ sɛ mede bɔne a wayɛ me no kyɛ no. Ɔpaa me kyɛw na afei asomdwoe bɛdaa me ne no ntam de kosii sɛ owui.

Nanso mitumi yii ɔdɔ pii adi kyerɛɛ afoforo sɛnea me ne wɔn di fae no mu. Sɛ wɔyɛ me bɔne wɔ ɔkwan bi so a, sɛ́ menya wɔn ho tan mmom no, mitumi de bɔne a woayɛ me no kyɛ wɔn. Saa su foforo a manya ne mmɔborohunu ne bɔne fafiri yi boaa me siesiee m’aware no mpo. Bere a midii kan suaa Bible no na mafi ase reyɛ nhyehyɛe sɛ megyae aware. Nanso Bible no boaa me ma mede me kunu no sintɔ ahorow kyɛɛ no, na yɛkɔɔ so traa ase wɔ aware mu mfirihyia 33 ansa na ɔrewu.

Mfaso Horow a Efi Ateasefo a Wɔboa wɔn mu Ba

Sɛ mehwɛ sɛnea awofo ne nananom nyin dan ankonam nnɛ, ne sɛnea wobu ani gu wɔn so wɔ saa mfe yi mu a, meda ase kɛse sɛ misuaa sɛnea meyi ɔdɔ ankasa adi ne obu akyerɛ m’awofo bere a wɔte nkwa mu. Anigye a eyi de brɛɛ me no si nea Yesu kae no so dua, sɛ, “ɔma mu wɔ anigye kyɛn ogye.”​—Aso. 20:35.

Ɛnnɛ, bere a madi mfirihyia 65 yi, mensom me tete nananom no bio na mmom ɛyɛ me anigye pii sɛ mede me ho ahyɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn teasefo no som mu. (Yer.10: 10)​—Nea wɔkyerɛw mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena