Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 8/8 kr. 24-25
  • So Ɛsɛ sɛ Wusuro Awufo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Wusuro Awufo?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awufo Ho Suro Wɔ Mmaa Nyinaa
  • Awufo Betumi Apira Wo?
  • Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Mesom Me Tete Nananom
    Nyan!—1981
  • Asumansɛm
    Nyan!—2014
  • So Ɛsɛ Sɛ Yedi Awufo Ni?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 8/8 kr. 24-25

Bible No Adwene

So Ɛsɛ sɛ Wusuro Awufo?

WOKƆFA awufo ho asɛm ba pɛ, nnipa pii twetwe wɔn ho na amma wɔantoa ɛho nkɔmmɔbɔ so. Nanso, ɛnyɛ sɛ ebinom mpɛ ho asɛm ka kɛkɛ; wosuro nso. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu amammerɛ ne amanne a ɛfa awufo suro ho wɔ wiase mmaa nyinaa. Sɛ́ nhwɛso no, momma yɛnhwɛ amammerɛ a ɛkɔ so wɔ Afrika Sahara anafo fam no.

Ɔbea bi a ɔwɔ Afrika Atɔe fam kuropɔn bi mu kae nea esii bere a ne busuani bi wui no pefee. Ɔka sɛ: “Na obusuani bi taa yɛ aduan gu prɛte so ma nea wawu no de si ne pia mu kama. Sɛ ofi hɔ a, na makodi aduan no. Sɛ obusuani no san ba a, na n’ani gye yiye! Na ogye di sɛ owufo no abɛfa akɔnnɔde no. Eyi kɔɔ so bere tenten bi kosii sɛ meyaree. M’anom toe ma mantumi anni aduan biara. Eyi maa me bo tui! M’abusuafo pii kae sɛ me yare no fi yɛn busuani a wawu no. Ɛyɛɛ wɔn sɛ gyama ne bo afuw obi wɔ abusua no mu.”

Wɔ saa kuropɔn no ara mu no, sɛ abusua bi wo nta na obiako wu a, obiara ntumi nka nea wawu no ho asɛm wɔ fie hɔ. Sɛ obi bisa nta no mu nea wawu no ase a, abusuafo no taa bua sɛ: “Ɔrekɔtɔ nkyene.” Wɔwɔ gyidi a emu yɛ den sɛ, sɛ wɔka nokware a, nta no mu nea ɔte ase no nkwa befi ne nsa.

Afei, yɛ tebea yi ho mfonini wɔ w’adwene mu: Ɔbarima bi a na ne yerenom yɛ baasa awu. Ayi no akyi adekyee no, wɔpam ntama fitaa soronko bi ma ɔyerenom no. Bere koro no ara wɔyɛ nnua ne nwura dan bi wɔ fie no nkyɛn, na ɛhɔ na mmea yi beguare afira wɔn ntama fitaa no. Obiara ntumi nwura hɔ gye sɛ wɔn ne ɔbea bi a wɔayi no sɛ ɔmmoa wɔn. Sɛ mmea no pue fi saa aguaree soronko yi mu a, wogu wɔn nkataanim. Afei nso mmea no bɔ sɛbɛ, ahama a wɔde to wɔn kɔn mu de hwehwɛ “ahobammɔ.” Amanne kwan so aguare yi kɔ so Fida ne Dwoda biara, wɔ nnafua 100 mu. Saa bere yi mu no, wontumi nnye biribiara mfi ɔbarima hɔ tee. Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔma wɔn biribi a, ɛsɛ sɛ ɔde to fam anaasɛ pon bi so ansa. Ɛno ansa na ɔbea no bɛfa. Obiara nni hokwan sɛ ɔtra mmea yi mpa so anaasɛ ɔda so. Bere biara a wobefi fie no, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara kura poma soronko bi. Wosusuw sɛ saa poma yi a wobekura no nti wɔn kunu a wawu no ntumi ntow nhyɛ wɔn so. Wosusuw sɛ sɛ wɔamfa atifi hɔ ahyɛde no anyɛ adwuma a, okunu a wawu no bo betumi afuw wɔn ma wapira wɔn.

Osuahu a ɛtete saa abu so wɔ wiase no fã hɔ. Nanso, ɛnyɛ Afrika nkutoo na amammerɛ a ɛtete saa wɔ.

Awufo Ho Suro Wɔ Mmaa Nyinaa

Nhoma bi a ɛkyerɛ nsɛm pii mu, Encarta, ka nea edi so yi fa sɛnea nnipa bebree bu wɔn nananom a wɔawuwu ho: “Wobu abusuafo a wɔawuwu . . . sɛ wɔabɛyɛ ahonhom abɔde a wɔwɔ tumi, anaasɛ sɛnea wɔntaa nte no, wɔabɛyɛ anyame. [Saa adwene yi] gyina gyidi a ɛne sɛ nananom no di dwuma kɛse sɛ adesamma abusua mufo, a wɔn abusuafo a wɔte ase no nsɛm da so fa wɔn ho. Wɔadi ho adanse kɛse wɔ Afrika Atɔe fam nnipa (Bantufo ne Shonafo) mu, wɔ Polynesia ne Melanesia (Dobufo ne Manusfo) mu, wɔ India-Europafo pii (tete Scandinaviafo ne Germanfo) mu, ɛne China ne Japan titiriw. Mpɛn pii no, wosusuw sɛ nananom no wɔ tumi kɛse, na wɔwɔ ahoɔden soronko a wobetumi de anya nsɛm tebea so tumi anaasɛ wobetumi de adi wɔn abusuafo a wɔte ase yiyedi ho dwuma. Abusuafo ho bammɔ ne nneɛma a ehia wɔn titiriw no biako. Wobu wɔn sɛ wɔyɛ onyame pumpuni no anaa anyame ne nnipa ntamgyinafo, na wɔnam adaeso ne honhom a ɛka nkurɔfo so betumi ne ateasefo anya nkitahodi. Nkurɔfo de osuro ne nidi nyinaa na ɛyɛ wɔn ade wɔ wɔn ho. Sɛ wobu nananom no abomfiaa a, wobetumi de ɔyare anaa mmusu foforo aba. Mpata, mmusuyi, mpaebɔ, ne afɔrebɔ, yɛ akwan horow a ateasefo tumi fa so ne wɔn nananom no nya nkitahodi.”

Nokwarem no, abusua sika betumi asa esiane awufo ho suro nti. Mpɛn pii no, nnipa a wogye di denneennen sɛ ɛsɛ sɛ wosuro awufo no ka sɛ wɔnyɛ guasodeyɛ akɛse a egye aduan ne nsã, mmoa a wokum wɔn de wɔn bɔ afɔre, ne ntama a ne bo yɛ den.

Nanso abusuafo a wɔawuwu anaa nananom no wɔ tebea a ɛhwehwɛ sɛ wosuro wɔn di wɔn ni mu ampa? Dɛn na Onyankopɔn Asɛm, Bible, no ka?

Awufo Betumi Apira Wo?

Ebia w’ani begye ho sɛ wubehu sɛ Bible gye tom sɛ gyidi a ɛtete saa wɔ hɔ. Wɔ Deuteronomium nhoma no mu no, wɔka nneɛma bi a na wɔyɛ a ɛkyerɛ sɛ wosuro awufo, ho asɛm. Ɛka sɛ: “Mma wonnhu wo mu . . . kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu, efisɛ Awurade akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.”—Deuteronomium 18:10-12; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Hyɛ no nsow sɛ Yehowa Nyankopɔn kasa tiaa amanne a ɛtete saa. Dɛn ntia? Efisɛ egyina atosɛm so. Atosɛm titiriw a ɛfa awufo ho ne sɛ ɔkra nwu. Sɛ nhwɛso no, The Straight Path nsɛmma nhoma no kaa eyi faa nea ɛto awufo no ho: “Owu nyɛ hwee sɛ ɔkra no a efi adi. . . . Ɔdamoa no yɛ nipadua no nkutoo akorae, ɛnyɛ ɔkra no.”

Bible nkyerɛ saa. W’ankasa kenkan Hesekiel 18:4: “Hwɛ, akra nyinaa wɔ me; sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba kra wɔ me ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” Afei nso wɔkyerɛɛ awufo tebea mu pefee wɔ Onyankopɔn Asɛm mu wɔ Ɔsɛnkafo 9:5 sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” Eyi ma yehu nea enti a sɛ wogyaw aduan si owufo hɔ na sɛ ɔteasefo bi ankodi a, obiara nni no.

Nanso Bible ma yenya anidaso ma wɔn a wɔwɔ adamoa mu no. Wobetumi asan atra nkwa mu! Bible ka “owusɔre” bi ho asɛm. (Yohane 5:28, 29; 11:25; Asomafo no Nnwuma 24:15) Eyi bɛba so wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu. Enkosi saa bere no, awufo ‘adeda’ wɔ adamoa mu a wonnim hwee, retwɛn akosi Onyankopɔn bere a ɔbɛma “wɔanyan” no.—Yohane 11:11-14; Dwom 13:3.

Mpɛn pii no, nnipa suro nea wonhu. Nokware nimdeɛ betumi ama obi anya ahofadi afi atetesɛm a enni nnyinaso mu. Bible ka wɔn a wɔwɔ adamoa mu tebea ho nokwasɛm kyerɛ yɛn. Ne tiatwa mu no, ɛho nhia sɛ wusuro awufo!—Yohane 8:32.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena