Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 11/15 kr. 3-4
  • So Awufo Betumi Ahu Yɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Awufo Betumi Ahu Yɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Awufo Wɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Mesom Me Tete Nananom
    Nyan!—1981
  • So Ɛsɛ sɛ Wusuro Awufo?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 11/15 kr. 3-4

So Awufo Betumi Ahu Yɛn?

ƆBEA bi kum ne kunu. Mfe ason akyi no, ɔsõ dae bi a ɛbɔ no hu a ogye di sɛ ɛyɛ ne kunu a wawu no abufuw ho sɛnkyerɛnne. Nea ɛbɛyɛ na wapata ne “honhom” no, ɔsoma ne babea sɛ onkogu nsã wɔ ne damoa so.

Ne babea no nhu nea ɔnka nkyerɛ ne papa honhom, efisɛ mpatade no fi ne maame a okum no no hɔ. Ne nuabarima tɛw baabi hwɛ no. Opue hɔ, na ɔne ne nuabea no bɔ wɔn papa mpae sɛ ɔmmoa wɔn mma wonni ne wu no so werɛ.

Saa asɛm yi yɛ Helafo ɔyɛkyerɛ bi a wɔfrɛ no The Libation Bearers a wɔkyerɛw no bɛboro mfe 2,400 ni no fã bi. Ɛnnɛ mpo wɔbobɔ adamoa so afɔre a ɛtete saa wɔ wiase afã bi, titiriw wɔ Afrika.

Sɛ́ nhwɛso no, susuw Ibe a ɔte Nigeria no suahu ho. Bere a ne mma baasa awuwu no, ɔkɔ ɛhɔ dunsinni no hɔ ma ɔka kyerɛ Ibe sɛ biribi wɔ wɔn wu no akyi—Ibe papa a wawu no bo afuw efisɛ wɔnyɛɛ n’ayi wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Ibe yɛ dunsinni no afotu ho ade de abirekyi bɔ afɔre, na ɔde mmorɔsa ne bobesa koyi mpae wɔ ne papa damoa so. Ɔteɛm frɛ ne papa honhom, srɛ bɔne fafiri, ka sɛ ɔda so dɔ no, na ɔsrɛ nhyira.

Ibe wɔ ahotoso sɛ ne papa hu no na ɔte ne kasa. Onnye nni sɛ ne papa nni nkwa mu, na mmom bere a owui no, “ɔsakra” fii wiase a aniwa hu no mu kɔɔ wiase a aniwa nhu no mu. Ibe gye di sɛ ne papa afi ɔhonam ne mogya wiase no mu kɔ ahonhom wiase no mu, nananom atrae no.

Adwene a Ibe wɔ ni: ‘Ɛwom sɛ Paapa nni wiase yi mu bio de, nanso ɔda so kae me na odwen me yiyedi ho. Na esiane sɛ seesei ɔyɛ honhom a wanya tumi kɛse nti, obetumi aboa me wɔ tebea a ɔwom no mu asen bere a na ɔyɛ onipa wɔ asase so no koraa. Bio nso, obetumi abisa biribi afi Onyankopɔn hɔ ama me tẽẽ, efisɛ Onyankopɔn nso yɛ honhom. Ebia Paapa bo afuw mprempren, nanso sɛ mekyerɛ obu a ɛfata ma no a, ɔde befiri me na wahyira me.’

Gyidi a ɛne sɛ awufo hu asase so nnipa na wonya wɔn asetra so tumi no abu so wɔ Afrikafo a wodi ɔsom a egyina atetesɛm so akyi no mu. Ɛda adi wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no nso mu. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɔbea bi ware wɔ asɔre bi mu a, mpɛn pii no, ɔkɔ n’awofo fie kogye amanne kwan so nhyira. Wɔkankye kyerɛ wɔn nananom wɔ hɔ, na wogu nsã. Nnipa pii gye di sɛ eyi a wɔnyɛ no de asiane ba aware no mu.

Wogye di sɛ nananom anaa nananom ahonhom hwɛ ma wɔn mmusua a wɔwɔ asase so nya nkwa na wodi yiye. Sɛnea saa adwene yi kyerɛ no, wɔyɛ aboafo a wɔwɔ tumi a wotumi ma nnɔbae ba pii, ma wonya ahotɔ, na wɔbɔ nnipa ho ban fi asiane ho. Wɔkasa ma nnipa. Nanso sɛ wobu wɔn ani gu wɔn so anaa wɔyɛ wɔn bɔne a, wɔde amanehunu ba—ɔyare, ohia, owu mpo. Enti, nnipa nam afɔrebɔ ne amanne so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so ne awufo anya abusuabɔ pa.

So wugye di sɛ awufo di dwuma bi wɔ ateasefo asetra mu? So woagyina wo dɔfo bi damoa ho ma aba sɛ woaka nsɛm kakraa bi a wususuw sɛ ebia ɔbɛte pɛn? Sɛnea ɛte no, sɛ́ awufo hu yɛn na wɔte yɛn kasa anaa ɛnte saa no gyina nea ɛba wɔ owu mu so. Momma yɛnhwehwɛ nea Bible no ka wɔ saa asɛm a ɛho hia yi ho mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena