Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 4/8 kr. 3-4
  • So Mfaso Bi Wɔ Asetra Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mfaso Bi Wɔ Asetra Mu?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anigye—Hwehwɛ A Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1985
  • Mfaso Fibea A Ɛsen Biara A Ebi Nni Akyi Bio
    Nyan!—1981
  • Wubetumi Anya Mmoa
    Nyan!—2001
  • Dɛn Na Ɛma Asetra Di Mũ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 4/8 kr. 3-4

So Mfaso Bi Wɔ Asetra Mu?

Ɔbarima a wadu ne mfirihyia 80 mu susuw sɛ: ‘Me nkwa reyɛ aba awiei. Atwam ntɛmntɛm. Kakraa bi pɛ na aka. Ne nyinaa kɔɔ he? Dɛn na ne nyinaa kyerɛ? Ne nyinaa atwam kɔ m’akyi, hwee nni m’anim bio. Gye ɔdamoa. Ne hwee a enni hɔ, ohunu. Hwɛ sɛnea mfaso biara nni eyi mu! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno nti na wɔn a wonni adwempa no ka sɛ, “Munni, monnom momma mo ani nnye, efisɛ ɔkyena na yɛrebewuwu.’”

Nanso so nea ɛwɔ hɔ nyinaa ni?

DEDADEDAW na ɔbarima bi a ɔrehu yaw kɛse a onnim nea enti a ɛte saa de ahometew teɛɛm kaa asɛm faa tebea a ɔdesani wom no ho sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no; opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.”​—Hiob 14:1, 2.

So nea ɛwɔ hɔ nyinaa ni? So mfaso bi wɔ asetra mu? Onipa awo ntoatoaso ahorow pii abisa saa nsɛm yi mpɛn ahorow wɔ mfe horow no nyinaa mu. Titiriw wɔ bere a wɔrenyin no. Wɔdan wɔn ani hwɛ asetra na wosusuw nea ɛkyerɛ anaa mfaso a ɛwom ho.

Ebinom bɛka wɔ akwakora bi ayi ase sɛ: ‘Wadi ne nna yiye.’ Wɔkyerɛ sɛ wɔpene owu so afei. Nanso nna a wɔadi no yiye a atwam no ma owu yɛ mmerɛw sɛ wɔbɛpene so? Anaasɛ ɛma ɛyɛ den mmom? So ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wubegyaw asetra a hwee nnim mmom kyɛn nea wɔadi mu nna yiye? Obiara nni hɔ a ɔka sɛ, “Ɛyɛ me anigye pii sɛ merekokum me ho!” Ɛyɛ wɔn a wɔahaw a wɔn ade yɛ mmɔbɔ no na wokum wɔn ho. Nnɛra yafunuma no nkyekye nnɛ de a ɔkɔm de no no werɛ. Na nea ɛte sɛ nea mfaso wɔ so wɔ asetra mu no taa yɛ nea ɛnte saa bere a owu rebɛn.

Asetra ayera mfaso a ɛwɔ no ama nnipa pii. Wiase no mu asetra yɛ nea ɛnyɛ dɛ. Nkwa nsom bo. Ayɛ abasamtu ama bebree. Wobu ani gu mmofra so, wɔboaboa mpanyimfo ano gu afie horow a wɔhwɛ wɔn ho mu. Nhyɛso kɔ so ara kosi sɛ wonya komayare anaasɛ abufuw pae. Amammui mu ɔporɔw trɛw na gye a wonnye afoforo nni dɔɔso. Wotumi de mmɔden a ankorankoro a eyi haw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ho biribi na ayɛ yiye no bɔ to nwansena a ɔrebɔ atia ɛsono ahoɔden ho. Anidaso a ayɛ kwa ba mu na ebinom nso de wɔn ho hyɛ ntɔkwa horow a mfaso biara nni mu mu. Esiane eyi nti, nhoma bi a wɔatɔ no pii wɔ United States sen biara, The Culture of Narcissism no kae sɛ: “Esiane sɛ wonni anidaso biara sɛ wɔn asetra bɛyɛ yiye wɔ ɔkwan biara so nti, ama nnipa agye atom sɛ nea ehia ne sɛ wɔbɛma wɔn ankasa nipadua anya nkɔanim: sɛ wobehu afoforo nkate, wobedi aduan pa, wɔasua ballet asaw ne nea ɛkeka ho, hyɛ a wɔde wɔn ho bɛhyɛ Apuei nyansahu mu, amirikatu, sɛnea wobesua ɔkwan a wɔbɛfa so ‘aka asɛm.’ . . . Wɔde wɔn ho ahyɛ osuahu ahorow a ɛda adi pefee mu, bɔ mmɔden sɛ wobedi ɔhonam a ɛyɛ mmerɛw no so, bɔ mmɔden de nneɛma horow a atwam atoto ho. . . . adwenem akwahosan kyerɛ sɛ wobɛtow biribiara nka a wote no akyene na woama honam no nsa aka akɔnnɔ biara a ɛhwehwɛ.”​—Pp. 29, 39, 40, 43.

Sɛ nnipa di ɔkwan a ɛte sɛɛ akyi a, yehu sɛ asetra a mfaso biara nnim no bɛyɛ nea mfaso nnim pii, na esiane wɔn ani a abere sɛ wobefi eyi mu nti, wɔde wɔn ho kɔhyɛ aguamammɔ anaa ahohwibɔ mu, wɔsɛe nkurɔfo nneɛma wɔ awudi a mfaso nnim mu, wɔde nnubɔne di dwuma hwehwɛ sɛ wɔfa so fi mu koraa wo awiei​—kum a wokum wɔn ho. Eyi nyinaa fi ntease a wɔanya sɛ mfaso biara nni wɔn asetra mu nti.

Wɔwɔ ha na mfe kakraa bi akyi no, wɔaka ɔdamoa mu a wonni hɔ bio. Ɛbɛyɛ dɛn na mfaso aba eyi mu? Dɛn na ɛma onipa yɛ obi a ne ho hia yiye kyɛn atɛtea anaasɛ abɛbɛ? Sɛ wɔde no to amansan kɛse yi ho a, ɛma ɔte nka sɛ ɔnyɛ hwee, ne ho nhia, na mfaso nni no so, ɔwɔ ha here tiaa bi na ɛno akyi no wafi ha akɔ koraa. Asetra te sɛ ahuhude a wɔbrɛ di akyi. Obi bebisa sɛ “Ɛbɛyɛ dɛn na mfaso aba m’asetra mu?” ‘Sɛ miwu kɔ a, hena na ɔbɛhwere me, na bere tenten ahe? Na sɛ ebinom yɛ saa mpo a, eyi bɛboa me wɔ ɔkwan bɛn so? Meyɛ obiakofo wɔ nnipa ɔpepepem mu, hena na ɔhwɛ, hena na ohu, hena na ɔkae?’

Nanso twɛn! Ebinom hwɛ. Ebinom hu. Ebinom bɛkae. Anidaso wɔ asetra mu, sɛ wopɛ sɛ ɛba saa, sɛ woyɛ no saa a. Asɛm a edi hɔ yi kyerɛ sɛ ɛyɛ nokware saa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena