Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 11/8 kr. 7
  • Bible Nkyerɛkyerɛ Ho Ɔsɔretia Ho Kyerɛwtohɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nkyerɛkyerɛ Ho Ɔsɔretia Ho Kyerɛwtohɔ
  • Nyan!—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Italia Bible Afa Bere Dennen Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Bible No—Nea Wɔde Atirimɔden Atoa No
    Nyan!—1980
  • Nea John Paul II Reyɛ—So Obetumi Aka N’asɔre A Emu Apaapae No Abom?
    Nyan!—1980
  • Katolek Asɔre No Kan Su Wɔ Bible No Ho
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 11/8 kr. 7

Bible Nkyerɛkyerɛ Ho Ɔsɔretia Ho Kyerɛwtohɔ

1179 Paapa Alexander a ɔto so abiɛsa baraa Waldensefo sɛ wɔnnka asɛm, asɛnka adwuma a na wɔde Bible no afã horow bi a wɔde kasa a wonim yiye akyerɛ ase reyɛ no.

1184 Wɔ Verona, Italy, Nhyiam ase no, Paapa Lucius a ɔto so abiɛsa, a na Roma Ɔkronkronni Ɔhempɔn Frederick I Barbarossa gyina n’akyi, no hyɛe sɛ wonyi wɔn a wɔdɔ Bible no a wɔkɔɔ so kaa asɛm anaasɛ wonyaa adwene a ɛbɔ Katolek nkyerɛkyerɛ biara no nyinaa mfi asɔre no mu na wɔmfa wɔn nhyɛ atumfoɔ no nsa na wɔntwe wɔn aso (mpɛn pii wɔhyew wɔn) .

1199 Paapa Innocent a ɔto so abiɛsa kasa tiaa Nnwom, Nsɛmpa no, ne Paulo nkrataa no a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Franse kasa mu no, na ɔbaraa nhyiam ahorow a ná wɔyɛ wɔ Metz mansin mu wɔ Franse ma “atirimpɔw a ɛnteɛ” a ɛne Kyerɛwnsɛm a wosua no. Nea ɛwɔ wɔn kasa mu biara a wohui yɛ nea Cistercia nkokorafo hyew no.

1211 Ɛdenam Paapa Innocent a ɔto so abiɛsa ahyɛde so no, Ɔsɔfo panyin Bertram a ɔwɔ Metz ko tiaa nnipa a wɔkenkan Bible no wɔ wɔn kasa mu no nyinaa, na Bible a ɛte saa biara a wohui no yɛ nea wɔhyew no.

1215 Wɔyɛɛ Lateran Nhyiam a Ɛto so Anan, na mmara ahorow abiɛsa a edi kan no yɛ nea wɔde tiaa asɔretiafo a wosii wɔn bo “gye too wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ no.” Dictionnaire de Théologie Catholique gye tom sɛ eyi yɛ nea Waldensefo a na wɔde kasa a ɛba fam Bible rekyerɛkyerɛ no titiriw nti na wɔyɛɛ mmara yi.

1229 Toulouse, Franse, Nhyiam no mmara a ɛto so 14 no se: “Yɛbara sɛ asɔre mma no ankasa benya Apam Dedaw anaa Foforo no mu nhoma no biara bi, gye sɛ Nnwom ne afã afoforo a ɛte saa a ɛwɔ nhoma afoforo mu no; na yɛbara denneennen sɛ wobenya nhoma ahorow yi wɔ kasa a ɛba fam mpo mu.”

1246 Béziers, Franse, Nhyiam no mmara a ɛto so 36 de si hɔ sɛ: “Mobɛhwɛ sɛ mobɛfa ɔkwan biara a ɛfata so asiw nyamesom nhoma a asɔre mma no benya kwan, wɔ Latin mu mpo, ne asɔfo no nso, na wɔannya wɔ kasa a ɛba fam mu.”

1559 “[Paapa] Paulo a ɔto so anan de Latin Bible ahorow ahorow ka Biblia prohibita, (nhoma ahorow a wɔabara) ho; ɔde kaa ho sɛ wɔrentintim Bible biara wɔ wɔn kasa mu na saa ara na obi ntumi nnya bi bere a Dwumadibea Kronkron no mpenee so. Eyi kyerɛ Bible no akenkan wɔ kasa a ɛba fam biara mu a wɔbara.”​—Dictionnaire de Theologie Catholique, Po 15, ɔfã 2738.

1564 Mmara a ɛto so anan (ɛfa nhoma ahorow a wɔabara ho) a Paapa Pius a ɔto so anan yɛe no kyerɛe sɛ: “Osuahu ada no adi sɛ, sɛ wɔma Bible no a wɔkenkan wɔ kasa a ɛba fam no ho kwan a wɔnhwɛ mu yiye esiane nnipa mpepereho nti a, ɛde ɔhaw pii ba.”

1590 Paapa Sixtus a ɔto so anum de sii hɔ sɛ obiara ntumi nkenkan Bible no wɔ kasa a ɛba fam mu bere a “wɔnhyɛɛ da mmaa wɔn kwan mfii Paapa no atrae.”

1664 Paapa Alexander a ɔto so ason de Bible ahorow a ɛwɔ wɔn kasa mu nyinaa kaa nhoma ahorow a wɔabara no ho.

1836 Paapa Gregory a ɔto so dunsia bɔɔ Katolekfo nyinaa kɔkɔ sɛ mmara a ɛto so anan a Pius a ɔto so anan yɛe wɔ 1564 mu no da so ara wɔ hɔ.

1897 Wɔ n’Asɔre mmara no mu no, Paapa Leo a ɔto so dumiɛnsa de anohyeto ahorow mae wɔ kasa a ɛba fam Bible a wɔde di dwuma ho: “Wɔabara nea ɛwɔ yɛn kasa horow nyinaa mu no koraa a nea Katolekfo na etintimii mpo ka ho, gye sɛ Paapa no apene so anaasɛ wɔkyerɛwee wɔ asɔfo mpanyin no akwankyerɛ ase, a wɔagye nkyerɛkyerɛmu krataa afi Asɔre Agyanom ne Katolek akyerɛwfo a wɔyɛ animdefo nkyɛn. . . . Wɔabara Nhoma Akronkron no nkyerɛase ahorow nyinaa a ɔkyerɛwfo biara a ɔnyɛ Katolekni ayɛ ne wɔ kasa a ɛba fam biara mu, titiriw nea Bible akuw ahorow atintim a Paapa a ɔwɔ Rome no akasa atia mpɛn pii no.”

1955 Ɔreka nea enti a Katolek Asɔre no sɔre tia Bible nkyerɛkyerɛ no ho asɛm abom no, Franseni Katolek ɔkyerɛwfo Daniel-Rops nyaa tumi a ɛfata fii asɔre mpanyimfo no hɔ de kyerɛwee sɛ: “Ɛdenam Nhoma [Bible] no a wɔsan de ne tumi ne din a agye maa no so no, Luther ne ‘asesɛwfo’ afoforo no yɛɛ mfomso a wontumi mfa mpata mma wɔ ho a ɛne yi a woyi fii Atetesɛm a abɔ emu nsɛm ho ban na aboa wɔ asete mu ho no. Bere a ɛbɛyɛɛ gyidi ne honhom mu asetra fibea koro pɛ ma onipa no, Bible no ma wonyaa kwan a wɔbɛfa so ayɛ wɔn ade a Asɔre no mfa ho . . . Katolek Asɔre . . . no yɛɛ ho biribi denam ahobammɔ kwan ahorow a Trent Bagua [1545-1563] no faa so no so, a na nea ɛka ho ne bara a wɔbaraa anokwafo no sɛ mma wɔnkenkan Kyerɛw Kronkron no nkyerɛase ahorow a ɛwɔ kasa horow a ɛba fam mu no gye sɛ Asɔre no apene so, na ekura nkyerɛkyerɛmu ahorow a ɛne Katolek Atetesɛm hyia ansa no. . . . Ɛbɛyɛɛ nea mpɛn pii wobɛte sɛ nkurɔfo ka sɛ ‘ɛnsɛ sɛ Katolekni kenkan Bible no.’”​—Qu’est-ce que la, Bible? (Dɛn ne Bible no?)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena