Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 1/8 kr. 16-18
  • Nokwaredi—So Ɛyɛ Su A Ɛho Wɔ Mfaso Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokwaredi—So Ɛyɛ Su A Ɛho Wɔ Mfaso Ampa?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɔhwɛ A Wowiawia—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Meyɛ Saa?
    Nyan!—1986
  • Mfomso Bɛn na Ɛwom sɛ Mewia Sɔhwɛ Mu?
    Nyan!—2003
  • Eye sɛ Wubewia Sɔhwɛ Mu Na Woatumi Atwa no Yiye?
    Nyan!—2012
  • Di Nokware Wɔ Nneɛma Nyinaa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 1/8 kr. 16-18

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Nokwaredi​—So Ɛyɛ Su A Ɛho Wɔ Mfaso Ampa?

ƐNKYƐE na wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ Amerika sukuupɔn bi mu. Wɔ nhwehwɛmu no mu no, adesuafo no nkyem abiɛsa mu biako kae sɛ anyɛ yiye koraa no wɔawia wɔ sɔhwɛ mu pɛn bere a wɔwɔ kɔlege no. Eyi nyɛ nea ɛfa adesuafo nkutoo ho. Nhwehwɛmu foforo kyerɛe sɛ akyerɛkyerɛfo no de nkamfo a wɔmfata ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye din anaasɛ wobenya sika.

Wɔ Japan no, obi tɔn sɔhwɛ a wɔde kɔ sukuupɔn mu ho nkrataa​—wantɔn amma adesuafo no, na mmom wɔn awofo a na wɔn ho pere wɔn kɛse sɛ wɔn mma no benya sukuu no mu kwan no. Na saa sɔhwɛ nkrataa no bo yɛ ahe? Na abofra biara de yɛ yen ɔpepem du (Amerika dɔla 40,000) ! Sɛ́ obehyia polisifo mmom no, sukuu sohwɛfo bi a wɔbɔɔ ne din wɔ asɛm no mu kɔtow ne ho kyenee Tokyo keteke bi a ɛretwam anim.

Ɛte sɛnea awofo, sukuufo ne akyerɛkyerɛfo nnye nni bio sɛ ‘nokwaredi yɛ su a ɛho wɔ mfaso.’ Wote nka wɔ ho dɛn?

Ampa, atorodi betumi ayɛ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔnam so fi ahokyere bi mu, nanso dɛn na efi mu ba akyiri yi. So wɔkyerɛ mo asuguare wɔ mo sukuu no mu? Fa no sɛ wuwiawiaa wo ho araa ma enti woansua asuguare. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ muguare twa asu bi a, so worenka asuogya? Sɛ wotɔ nsu bi mu a, esiane sua a woansua nti, wubetumi amem.

Ebia wia a wubewia wɔ akontaa anaa akenkan mu no renkowie biribi a ɛyɛ hu saa mu de, nanso ebetumi ayɛ nea enye saa ara. Krataa biara nni hɔ a ebetumi ama wɔatra adwuma bi mu akyɛ bere a wunni ho nimdeɛ. Sɛ wufi ase sɛ “woremem” wɔ adwuma mu a adansedi krataa anaa nkamfo a wonam atorodi so nyae no rennye wo.

Biribi a ɛho hia kɛse mpo sen saa wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ wudi atoro​—wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. So woasusuw ɛno ho?

Bible no wɔ pii ka wɔ nnipa a Onyankopɔn pɛ a ɔhwehwɛ wɔn sɛ ne nnamfo no ho. Ɛka wɔ Dwom 15 sɛ: “[Yehowa,] hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu atra mu? Hena na ɔbɛtra wo bepɔw kronkron no so?”​—Nkyekyem 1.

Wohu saa asemmisa no ho mmuae wɔ dwom no nkyekyem anan a edi so no mu. Momma yensusuw ho.

“Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.” (Nkyekyem 2) So ɛte sɛ nea ɛno reka obi a owia ade wɔ aguadidan mu anaasɛ obi a ɔyɛ osisifo ho asɛm? So ɛyɛ obi a odi atoro kyerɛ n’awofo anaasɛ ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔteɛ ho asɛm na ɛreka? Dabida! Sɛ wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn adamfo a, ɛho hia sɛ wudi nokware, ɛnyɛ wɔ wo nneyɛe mu nko, na mmom wɔ wo komam nso. Ɛsɛ sɛ wunya adwene a emu tew.

“Ɔmfa ne tɛkrɛma ntwiri, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfo ahohora.” (Nkyekyem 3) Ɛnyɛ atorodi anaa nsisi nko ne ade a enye. So wo ne mmofra afoforo abom aka nsɛm a ɛmfata afa obi ho pɛn? Mpɛn pii, saa nsɛm a wɔkeka no nyɛ nokware​—ɛyɛ atoro! Sɛ wobɔ mmɔden na wotwe wo ho fi nsɛm a ɛtete saa ka ho a, ebetumi ada adi wɔ ɔkwan pa so wɔ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu.

“N’ankasa n’ani so obu onipa huhuw animtiaa, na odi wɔn a wosuro [Yehowa] no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.” (Nkyekyem 4) Fekubɔ pa bɛboa wo ma wɔakwati atorodi. Sɛ wofa mmofra a wodi atoro anaasɛ wosisi afoforo nnamfo a, wɔbɛhwɛ kwan sɛ wo nso wobɛyɛ saa ara. Mpɛn pii mmofra a wɔte sɛɛ de nneɛma bɔne a wɔyɛ no hoahoa wɔn ho, ka sɛ wɔsen afoforo, na wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran ma wɔyɛ nneɛma horow a ɛnteɛ pii. Bere a ebia ɛte sɛnea saa nnipa yi ani atew, na wogye wɔn ho di no, wususuw sɛ Onyankopɔn bu wɔn dɛn?

So wohyɛɛ no nsow sɛ Yehowa ani sɔ nnipa a wodi wɔn bɔhyɛ so? Ɛno yɛ ade a ɛho hia na ama obi ayɛ ɔnokwafo. Ebia wohyɛɛ bɔ sɛ wobɛboa ofie adwumayɛ Memeneda yi, nanso afei wɔato nsa afrɛ wo sɛ monkɔbɔ bɔɔl saa awia no. Nea ɛte ne sɛ, ‘woaka nea ɛte sɛ amanenya ntam.’ Afei, dɛn na wobɛyɛ? So wubebu w’ani agu wo bɔhyɛ no so na woagyaw w’adwuma no ama w’awofo sɛ wɔnyɛ na woakɔbɔ bɔɔl, anaasɛ wubedi wo bɔhyɛ so?

Kae sɛ Yehowa di bɔ ahorow a ɔhyɛ adesamma no so bere nyinaa, bere a ɛma ɔhwere biribi kɛse bi mpo no. Wɔ Eden turo no mu no ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde ogyefo bi bɛma a ‘wɔbɛka ne nantin,’ na obegye adesamma asoɔmmerɛwfo afi wɔn tebea bɔne no mu nso. (Genesis 3:16) Yehowa dii saa bɔhyɛ no so, ɛmfa ho mpo sɛ na ɛkyerɛ ma a ɔbɛma kwan ma ne Ba a ɔdɔ no no awu wɔ asɛndua so, ade a akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛɛ Onyankopɔn yaw kɛse. (Romafo 8:32) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa ani sɔ nnipa a wodi wɔn bɔhyɛ so!

“Ɔmfa ne sika mma hurufɛm, na onnye nea odi bem ho adanmude. Nea ɔyɛ eyinom no, ɔrenhim ara da.” (Nkyekyem 5) So ɛnyɛ nokware sɛ amimdi ne ade titiriw a ɛde adewia ne atorodi ba? Adesuafo a wowia wɔ sɔhwɛ mu no ani bere nkamfo a wonsuaa ade sɛnea ɛsɛ sɛ ɛbɛma wɔanya. Nnipa a wodi atoro gye adanmude no ani gye sika ho sen atɛntrenee. Onyankopɔn mpɛ nnipa a wɔte sɛɛ nnamfo!

Ɛwom, nkurɔfo bɛka sɛ, ‘Sɛ wobɛkɔ w’anim wɔ wiase yi mu a, gye sɛ wudi atoro.’ Wobetumi akyerɛ wo amammui ne nnwuma mu akannifo pii a wɔkyea mmara horow na wɔatumi ayɛ nea wɔpɛ. Nanso saa nnipa yi yiyedi no di mu dɛn? Da koro pɛ wobetumi ahwere tumi ne obu a wɔanya wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu no.

‘Na nnipa a wodi amim, di atoro, bɔ korɔn na wɔnkyere wɔn no nso ɛ?’ ebia mmofra bebisa saa. Nokwarem no, dɛn na wonya? So Onyankopɔn na wɔresisi no? Dabi, wɔresisi wɔn ho mmom. Wonhu sɛnea “yiye a wodi” wɔ asetra mu yɛ tiaa ankasa no. Bible ɔkyerɛwfo no tu fo sɛ: “Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho; na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono.” (Dwom 37:1, 2) Sɛ wode toto daa nkwa ho a, onipa a onni nokware anuonyam a ɛnkyɛ na atwam kɔ no yɛ dɛn?

Nea ɛbɔ eyi abira no, so wuhuu bɔ a wɔhyɛɛ Onyankopɔn adamfo no wɔ Dwom 15 awiei no? “Ɔrenhim ara da.” Wɔahyɛ wɔn daakye a enni awiei ho bɔ. Dwom 37 ka no sɛɛ se: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”​—Nkyekyem 10, 11.

Sɛ wususuw mfaso ahorow a enni awiei a ɛwɔ Onyankopɔn adamfofa mu no ho a, so ɛnna adi sɛ nokwaredi YƐ su a ɛho wɔ mfaso, efisɛ nokwaredi ye?

[Kratafa 16 mfoni]

Sukuufo pii yɛ!

[Kratafa 17 mfoni]

Wɔ w’awofo anim no, so woabɔ mmɔden pɛn sɛ wobɛyɛ te sɛ nea woreyɛ nea ɛteɛ bere a na ɛnte saa?

[Kratafa 18 mfoni]

Na wɔn a wɔfa wɔn ho di no nso ɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena