Eye sɛ Wubewia Sɔhwɛ Mu Na Woatumi Atwa no Yiye?
SO WOYƐ sukuuni? Sɛ saa a, ɛnde ebia wunim mfɛfo sukuufo a wowia sɔhwɛ mu na ama wɔatumi atwa no yiye. Nokwarem no, ɔhaw no abu so paa. Wɔ afe 2008 mu no, Josephson Asuae no yɛɛ ntoaso sukuufo bɛyɛ 30,000 mu nhwehwɛmu wɔ United States, na wɔn mu ɔha mu nkyem 64 gye toom sɛ wowiaa sɔhwɛ bi mu saa afe no. Nanso, akontaabu a afoforo de mae no kyerɛ sɛ na ɛboro saa mpo—na ɛboro ɔha mu nkyem 75.
Wɔ Europa nso, sɔhwɛ a wowia mu abɛyɛ ɔhaw kɛse, titiriw nea ɛfa afoforo nsɛm a wowiawia ho. Nsɛm bi a wɔkyerɛw wɔ Digithum nsɛmma nhoma mu no ka sɛ, “Intanɛt so dwumadibea a wɔtɔn adesuafo nsɛm a wɔahyɛ da akyerɛw ne nhwehwɛmu a abenfo ayɛ a afoforo fa na wotumi de kɔkyerɛ sɛ ɛyɛ wɔn de no, abɛyɛ biribi foforo a ɛhaw adwene paa.”
Dɛn nti na sɔhwɛ a wowia mu abɛyɛ ɔhaw kɛse saa? So wɔn a wowia sɔhwɛ mu no nya so mfaso ankasa? So nokwaredi—sɛ ɛremma wuntwa sɔhwɛ no mpo a—da so ara yɛ ade pa?
Dɛn Nti na Abu so Saa?
Abrabɔ pa ho gyinapɛn a ɛresɛe. American School Board Journal no ka sɛ: “Akyerɛkyerɛfo pii ka sɛ sɔhwɛ a wowia mu a ɛredɔɔso no fi abrabɔ ho gyinapɛn a ɛresɛe esiane ahopɛ adwene a nnipa anya nti.” Osuani bi kaa n’adesuakuw mufo ho asɛm sɛ: “Yɛn nyinaa . . . wiaa mu; ná ehia sɛ yetwa no yiye na ama yɛatumi anya sukuu papa akɔ. Ná yɛyɛ adesuafo a yɛbɔ bra pa; na na yɛnte sɛ nnipa a wɔn bra asɛe . . . Nea ná yehia ara ne sɛ yebenya sukuupɔn a ɛyɛ papa akɔ.” Awofo binom mpo “anya saa su yi” bi. Esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔn mma no “twa sɔhwɛ yiye” nti, wɔpene so anaa wobu wɔn ani gu so, na ama wɔn mma no bu wɔn ani gu abrabɔ gyinapɛn ahorow so kɛse.
Obiara pɛ sɛ otwa. Sɛnea Donald McCabe, a ɔda International Center for Academic Integrity ano kyerɛ no, mmofra a wowia sɔhwɛ mu no gye di sɛ sɛ wodi nokware a, ɛrensi wɔn yiye efisɛ ebinom wia sɔhwɛ mu fa wɔn ho di.
Mmoa a wonya fi mfiridwuma mu. Ɛyɛ mmerɛw ma adesuafo sɛ wobewia sɔhwɛ mu esiane mfiridwuma mu nimdeɛ pii a wɔanya nnɛ no nti. Wotumi kɔtwe sɔhwɛ ho nkrataa ne ɛho mmuae a anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ fie no fi Intanɛt so na wɔkyekyɛ ma afoforo nso. Mpɛn pii no, wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔkyere wɔn, enti ɛmma afoforo mmɔ hu sɛ wɔbɛyɛ bi.
Mpanyimfo nhwɛso bɔne. Mpanyimfo nso wia nneɛma pii mu—wɔ nnwumakuw akɛse mu, wɔ amanyɔsɛm mu, wɔ agumadi mu, ne mpɛn pii nso wɔ fie bere a awofo nni nokware wɔ towtua mu, ne bere a wɔrekogye nsiakyibaa sika no. David Callahan, a ɔkyerɛw The Cheating Culture nhoma no ka sɛ, “Sɛ nnipa a wokura dibea, anaa nnipa a afoforo hwɛ wɔn suasua wɔn no wiawia nneɛma mu a, ɛnde na misusuw sɛ ɛma mmofra nya adwene sɛ mfomso biara nni ho sɛ wobewia sɔhwɛ mu.” Nanso saa na ɛte? So ɛfata sɛ wowia sɔhwɛ mu esiane sɛ wɔpɛ sɛ wotwa nti?
Dɛn Nti na Ɛnsɛ sɛ Wuwia Sɔhwɛ Mu?
Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn ne nhomasua a edi mũ botae?’ So ɛnyɛ ɛno ne sɛ ɛbɛboa adesuafo ma wɔatumi adi asetena mu asɛyɛde pii, te sɛ ɔhaw ahorow a ɛsɔre wɔ nnwuma mu a wɔhwehwɛ mu, ne sɛnea wɔbɛpɛ ano aduru no ho dwuma? Adesuafo a wɔde yɛ wɔn su sɛ wobewia sɔhwɛ mu no rentumi nnya nimdeɛ a ɛsom bo yi. Ne saa nti, adesuafo a wɔtaa wia sɔhwɛ mu no kata wɔn mmerɛwyɛ so, na ɛma ɛyɛ den sɛ wobedi yiye wɔ asetena mu nneɛma pii mu.
Bio nso, Callahan ka sɛ, “nnipa a wɔmpɛ brɛ bere a wosusua—te sɛ wɔn a wowia sɔhwɛ mu wɔ sukuu mu—no, betumi de saa su no akɔ wɔn nnwuma mu.” Ɔkwan bi so no, sukuufo a wowia sɔhwɛ mu no te sɛ wɔɔkye a ɛyɛ fɛ nanso ɛnyɛ papa.
Nokwarem no, wobetumi akyere wɔn a wowia sɔhwɛ mu no na wɔatwe wɔn aso. Eyi betumi ama fɛre ne aniwu aka wɔn. Na ebetumi ama wɔapam wɔn afi sukuu mu anaa wɔde asotwe a ano yɛ den ama wɔn. Bible ka no pen sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Nanso, ɛnsɛ sɛ wudi nokware esiane sɛ wusuro sɛ wɔbɛkyere wo nti. Ntease afoforo a ɛho hia paa wɔ hɔ a nti ɛsɛ sɛ woyɛ saa.
Nokwaredi—Ɛho Hia na Ama Asi Obi Yiye
Mmabun a wɔn adwenem da hɔ no bɔ mmɔden sɛ wobenya su ahorow a ɛbɛma asi wɔn yiye wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu, na ɛnyɛ bere a wɔreyɛ sɔhwɛ no mu nko. Ɛno nti, wosua ade yiye wɔ sukuu mu na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya su ahorow a ɛbɛma afoforo abu wɔn, na daakye ama wɔanya wɔn adwumawuranom anim dom. Eyi na ɛbɛma wɔanya anigye a ɛtena hɔ daa.
Yebetumi ahu suban pa a ɛte saa wɔ Bible no mu, na ebesi mmabun a wɔde bɔ wɔn bra no yiye. Nanso 2 Timoteo 3:16, 17 ka sɛ, ‘wɔbɛfata koraa a wɔasiesie wɔn yiye ama adwuma pa biara.’ Jorge, a ɔwɔ ntoaso sukuu mu no ka sɛ: “Nea enti a me mfɛfo sukuufo wia sɔhwɛ mu ne sɛ, wɔmpɛ brɛ nanso wɔpɛ sɛ wotwa. Nanso mepɛ sɛ mesɔ Onyankopɔn ani. Bible no ka wɔ Mmebusɛm 14:2 sɛ, ‘Nea ɔnam teeyɛ mu no suro Yehowa, na nea ɔkyea n’akwan no bu No animtiaa.’ Minim sɛ yɛrentumi mfa biribiara nhintaw Onyankopɔn. Enti minnwia sɔhwɛ mu, na memmoa afoforo mma wɔnyɛ saa.”
Ebetumi aba sɛ ebia adesuafo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bɛbɔ wɔn bra no bɛyɛ ade wɔ adesua mu anaasɛ wɔrenyɛ ade pii wɔ sukuu mu. Nanso wɔn na wonim nyansa paa, efisɛ wɔreto nhyɛase pa a ɛbɛma asi wɔn yiye wɔ asetena mu daakye. (Dwom 1:1-3; Mateo 7:24, 25) Nea ɛsen ne nyinaa no, wobetumi anya awerɛhyem sɛ Ɔbɔadeɛ no ani bɛsɔ wɔn na waboa wɔn.—g12-E 08.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]
NNYINASOSƐM A ƐSƐ SƐ WUSUSUW HO
● “Nokware ano na ebetim, na atoro tɛkrɛma de, ɛrenni gyina.”—Mmebusɛm 12:19.
● “Onipa nokwafo benya nhyira pii.”—Mmebusɛm 28:20.
● “Adwuma biara, nea ahintaw nyinaa, papa oo, bɔne oo, nokware Nyankopɔn no bebu ho atɛn.”—Ɔsɛnkafo 12:14.
● “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Hebrifo 13:18.
[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]
Abɛɛfo mfiri boa adesuafo ma wowia sɔhwɛ mu a wɔmmrɛ ho koraa
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Sukuufo a wowia sɔhwɛ mu no te sɛ wɔɔkye a ɛyɛ fɛ nanso ɛnyɛ papa