Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 10/8 kr. 24-26
  • Sɔhwɛ A Wowiawia—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Meyɛ Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɔhwɛ A Wowiawia—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Meyɛ Saa?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Wowiawia Sɔhwɛ?
  • So Ɛyɛ Ɔkwan a Eye Kyɛn So?
  • So Ɛyɛ Nsisi​—Anaasɛ Adewia?
  • Mfomso Bɛn na Ɛwom sɛ Mewia Sɔhwɛ Mu?
    Nyan!—2003
  • Eye sɛ Wubewia Sɔhwɛ Mu Na Woatumi Atwa no Yiye?
    Nyan!—2012
  • Nokwaredi—So Ɛyɛ Su A Ɛho Wɔ Mfaso Ampa?
    Nyan!—1983
  • Mekyerɛw Nsɔhwɛ Na Mintwa a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 10/8 kr. 24-26

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Sɔhwɛ A Wowiawia​—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Meyɛ Saa?

“MERESIESIE me ho ama wiase ankasa. Nokwaredi nni adwumayɛ mu. Sɔhwɛ a wowiawia . . . yɛ ntetee pa ankasa. Sɛ miwie sukuu a, metumi adi nea wɔde bɛhyɛ me nsa no ho dwuma yiye.” Saa na abofra bi a ɔfrɛ no Jeremy kyerɛe sɛ ɛteɛ sɛ ɔmaa obi yɛɛ ne sɔhwɛ maa no no.

Karen a wadi mfe dunnum no nso nim nea enti a owiawia sɔhwɛ no: “‘Oo, ɛyɛ eyi nkutoo’ anaasɛ ‘Obiara yɛ saa, enti dɛn nti na ɛnsɛ sɛ me nso meyɛ?’” Karen ansiesie ne ho yiye amma sɔhwɛ a ɔbɛyɛ no. Sɔhwɛ a owiawiae no ammoa no, efisɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ n’ade no kyeree no.

Nea obi foforo kyerɛw a wowiawia, nhoma a wobue mu to wɔn srɛ so, nnɛyi mfiri horow a wɔde di dwuma​—ɔkwan a wɔfa so wiawia sɔhwɛ yɛ pii na egu ahorow nso. Sɛnea ɔkwan a wɔfa so te biara no, nnipa pii wɔ hɔ a wɔte sɛ Karen ne Jeremy. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ sukuufo no nyinaa mu bɛboro fã wiawia sɔhwɛ, anaa wɔwiawiaa sɔhwɛ wɔ bere a wɔkɔ sukuu no mu. Ɛkame ayɛ sɛ sɔhwɛ a wowiawia yɛ ɔhaw a ɛwɔ baabiara na ebetumi ayɛ nea ɛhaw wo nso sɛ wokɔ sukuu a. Nanso dɛn nti na sɔhwɛ a wowiawia yɛ ade a ɛwɔ baabiara?Na sɛ ɛyɛ ɔkwan a wotumi fa so bɔ mmɔden kɛse wɔ sukuu adesua mu wɔ sukuu mpo a, so mfaso wɔ so ankasa?

Dɛn Nti Na Wowiawia Sɔhwɛ?

Sɛnea ɛbɛyɛ a sukuufo binom bɛkyerɛ sɛ adeyɛ no teɛ no, wɔka sɛ sukuukɔ yɛ anihaw na wɔpɛ sɛ wɔsɛe wɔn bere wɔ nneɛma a wɔn ani gye ho ankasa ho mmom sen sɛ wobesua ade. Afoforo ka sɛ wɔhyɛ wɔn ma wowiawia sɔhwɛ. Abofra bi a wadi mfe 15 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “ɔkyerɛkyerɛfo biara susuw sɛ [ɔno] nkutoo ne [obi] a ɔma sukuufo adwuma sɛ wɔnkɔyɛ wɔ fie na ɔyɛ wɔn sɔhwɛ . . . Nanso sɛnea ɛte mprempren no, ɛnyɛ nea yebetumi asua ade ama sɔhwɛ ahorow nyinaa.”

Nanso ɛnyɛ obiara na ɔte nka sɛ ɛho hia sɛ ɔde anoyi ahorow ma sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Senegal da no adi no. Mmofra a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu pii gye toom sɛ nneɛma atitiriw a ɛma wowiawia sɔhwɛ no mu biako ne anihaw. Wɔn mu binom gye toom sɛ sɛ wosua ade a, wonwiawia sɔhwɛ. Sɛ saa na asɛm yi te ankasa a, ɛsɛ sɛ obi a ɔte nka sɛ ɔpɛ sɛ owiawia sɔhwɛ no susuw kɔkɔbɔ a edi so a ɛwɔ Bible nhoma a wɔfrɛ no Mmebusɛm no mu no ho: “Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase.”​—Mmebusɛm 10:4

“Nkonimdi ne ade biako nti a nkurɔfo wiawia sɔhwɛ.” Ɛdenam asɛm yi a Journal of Business Education kae no so no, ɛkyerɛ ade foforo a sukuufo taa ka ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, Alison a wadi mfe 17 no ka ɔhaw a ɔne ne nnamfo hyia no ho asɛm: “Wɔ mfe bi a atwam no mu no, na sukuu adesua mu mmɔdenbɔ ho wɔ mfaso. Ɛnnɛ, ɛho hia sɛ́ sukuufo yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ kɔlege.” Ɔtoa so sɛ: “Nkurɔfo pii pene sɔhwɛ a wowiawia so bere a sukuufo bɔ mmɔden sɛ wobedi nhomasua mu ɔhaw ahorow ho dwuma no.

Mmofra nso hyia ɔhaw ahorow yi sɛnea Amerikafo mmofra 160,000 ho nhwehwɛmu a wɔyɛe no da no adi no. Wɔn mu ɔha biara mu aduosia kae sɛ wosuaa ade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpaase sɔhwɛ, na wɔn mu ɔha biara mu 40 pɛ na wɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nimdeɛ. Enti Randy Herbertson a ɔyɛ Colorado Sukuupɔn no mu sukuufo kuw no titrani no ka sɛ, “akansi a emu yɛ den” ma sukuufo yɛ “nneɛma a anibere wom” te sɛ sɔhwɛ a wowiawia.

So Ɛyɛ Ɔkwan a Eye Kyɛn So?

Yegye tom sɛ hyɛ a wɔhyɛ wo sɛ bɔ mmɔden kɛse wɔ sukuu adesua mu no betumi ayɛ nea emu yɛ den kɛse. Ebia wubesusuw sɛ, ‘Sɛ sohwɛ a miwiawia tumi boa me ma mepaase a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ meyɛ saa?’ Esiane nneɛma ahorow pii nti. Biako ne asiane ahorow a ɛwom no. Ɛwom, sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ sukuuni bi awiawia sɔhwɛ no ba bɛyɛ ne ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ daa no fã a, ɔhaw a ebefi mu aba no betumi ayɛ nea emu yɛ den. Sɛnea sukuu mu asenni ho dwumadi panyin bi kyerɛkyerɛ mu no: “Osukuuni biara a onni nokware wo nhomasua mu no sukuukɔ ne adwuma a obenya ayɛ daakye no ho bɛba asɛm.” Linda nyaa saa osuahu yi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a na mekɔ mfitiase sukuu no, wɔkyeree me sɛ merewiawia sɔhwɛ wɔ fefɛw bere mu na mantumi amma ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ me Engiresi kasa no werɛ amfi da.” Nea ɛkowiei ne sɛ wantumi ankɔ sukuu foforo a na ɔpɛ sɛ ɔkɔ no.

Nanso sɛ wɔankyere wo anaasɛ asotwe a wɔde bɛma wo no nyɛ kɛse mpo a, ɔhaw afoforo a ebefi mu aba no betumi atra hɔ akyɛ. Sɛ nhwɛso no, abeawa bi wiawiaa sɔhwɛ wɔ nkontaabu mu. So ɛboaa no? Ɔka sɛ: “Mampaase sɔhwɛ no. Mansua hwee amfi mu.” Ebia paase a wampaase no ma ohuu nyansa. Nanso sɛ sɔhwɛ a owiawiae no ma ɔpaase a, so anka obesua ade bio? Dabi,anyɛ yiye koraa no,nea owiawia sɔhwɛ no ntumi nnya ade biako bi: mfasa a ɛwɔ adesua so bere a ɔkɔ sukuu no. Obiara a ɔyɛ n’ade wɔ akwan yi so no betumi ahyia ɔhaw ahorow wɔ asetra mu akyiri yi. Sɛ ɔnam sɔhwɛ a wowiawia no so anya nhomasua mu adansedi krataa na afei eyi ma onya adwuma yɛ a, dɛn na ɔbɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔde nea wasua di dwuma no?

Bio nso, obi a owiawia sɔhwɛ no ma ne werɛ fi sɛ ɛnyɛ nyansa nko na mfe a ɔde kɔ sukuu no ma onya na mmom nso su pa ahorow. Nhoma a wɔfrɛ no Teenagers Themselves no ka ade biako nti a a ɛtɔ bere bi a mmofra werɛ fi eyi no ho asɛm: “Ne titiriw no, . . . mmofra . . . yɛ nnipa a wonsusuw ade ho nkɔ akyiri . . . Abofra a n’adwene nyinii no de su a obenya daakye no bɛsesa asotwe a ɛsɛ sɛ wɔde ma no ntɛm ara no.”

Ebia eyi nte saa wɔ wo fam, nanso so ɛnyɛ nokware sɛ saa na obi a owiawia sɔhwɛ no te? So ɛrenyɛ papa sɛ osua sɛnea obetumi agyina ɔhaw ahorow ano bere a ɔda so ara kɔ sukuu no? Mmebusɛm nhoma no ka ho asɛm pefee sɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ne ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.”​—Mmebusɛm 21:5.

Sɛnea Bible no kyerɛ no, wɔ su pa a wubenya akyi no, nokware a wubedi bɛma woanya mfaso afoforo. Nea ɛka eyi ho ne ahonim pa, asomdwoe adwene ne ne titiriw no, hokwan a ɛbɛma wo ne amansan no Bɔfo anya abusuabɔ pa. Ɔne nokware Nyankopɔn no, na ɔhyɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no nya su yi bi.​—Dwom 31:5; Yohane 4:24.

So Ɛyɛ Nsisi​—Anaasɛ Adewia?

Sɔhwɛ a wowiawia nso yɛ sisi a wosisi afoforo a wɔnyɛ saa no. Sɛnea abofra a wɔfrɛ no Kelly kyerɛkyerɛ mu no: “Ebia afoforo bɔɔ mmɔden sɛnea wobetumi na wɔkaee nea ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw wɔ sɔhwɛ no mu sen sɛ anka wɔbɛma obi akyerɛw ato wɔn pon so ama wɔn.” Wɔn a wonwiawia sɔhwɛ no bu wɔn a wɔyɛ saa no dɛn? Owura-yere Lesser a ɔkyerɛ Engiresi kasa wɔ sukuu bi mu wɔ New York Kurom mpɔtam hɔ no bua sɛ: “Sɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden no hu sɛ afoforo nam sɔhwɛ a wowiawia so abɔ mmɔden kɛse asen wɔn a, wodi yaw.” Yiw, adwene bɛn na wubenya sɛ wɔ yere a woyeree wo ho nyinaa akyi no, wuhui sɛ obi a owiawia sɔhwɛ no bɔɔ mmɔden sen wo anaasɛ wanya adwuma agyaw wo a?

Afei nso, so ɛnyɛ nokware sɛ wobɛpɛ sɛ afoforo kyerɛ obu ma wo? Nanso sɛ wo nnamfo hu sɛ wuwiawia sɔhwɛ na esiane ɛno nti ebia wɔrebrɛ a, so wɔbɛkyerɛ obu ama wo? Ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛsan akyerɛ obu ama wo bio. So ɛnsɛ sɛ wususuw eyi ho ansa na woawiawia sɔhwɛ?

Ɛnde nsusuw sɛ asiane nni sɔhwɛ a wowiawia no mu. Sɛ wubetumi awiawia sɔhwɛ a, afoforo nso betumi ayɛ saa. Fa no sɛ da koro woaware na woawo mma. Ɔyare bɔ wo mma no mu biako na wode no kɔ oduruyɛfo nkyɛn. Afei sɛ wuhu sɛ oduruyɛfo no nnim adwuma yiye​—na owiawiaa sɔhwɛ na ɛma onyaa ne nhomasua mu adansedi krataa a, wobɛte nka dɛn? So wubetumi akasa atia oduruyɛfo no esiane sɛ wayɛ biribi a w’ankasa woayɛ bi no nti?

Adewia kyerɛ biribi a ɛnyɛ wo de a wofa. Enti sɔhwɛ a wowiawia yɛ korɔnbɔ wɔ ɔkwan bi so efisɛ esiane ɛno nti, obi a owiawia sɔhwɛ no tumi nya nhomasua mu adansedi krataa a ɛnsɛ sɛ onya anaasɛ dibea a ɛsɛ sɛ ɔfoforo nya no. Enti afotu a Bible de ma ɔkorɔnfo no fa obi a owiawia sɔhwɛ nso ho: “Owifo [anaasɛ obi a owiawia sɔhwɛ] nwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa.”​—Efesofo 4:28.

Obi a ɔyere ne ho sua ade no tumi nya akomatɔyam sɛ n’ankasa atumi abɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu. Sɛ wamfa nea osuae wɔ sukuu no nyinaa anni dwuma wɔ n’asetra mu akyiri yi mpo a, obewie sukuu no na ɔwɔ nimdeɛ ne nyansa a obetumi de ayɛ adwuma pa wɔ ne nkwa nna a aka no nyinaa mu. Bio nso ebue n’adwenem na onya ntetee pa a ɛbɛma wanya su pa.

Nea owiawia sɔhwɛ no nso ɛ? Wɔ bere tiaa bi mu no ohu sɛ wasisi ne ho ankasa.

[Kratafa 25 mfoni]

Nea owiawia sɔhwɛ no pira ne ho ne afoforo nso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena