“Gyata Dan Bɛyɛ Oguammaa”
BERE a yɛawia aguadidan sohwɛfo bi na yɛahunahuna no akyi no, me ne me nuanom kɔtraa yɛn kar mu guanee. Manhu sɛnea saa da no—April 14, 1972—bɛkyerɛ “aboa” bɔne a mabɛyɛ no.
Yɛbɛnee baabi a apolisifo gyina wɔ ɔkwan no mu no, na mpofirim ara atuo aboba hwirew yɛn kar no mu. Me nua Larry hwee me srɛ so wui—wɔasɛe n’anim pasaa. Me ho nyinaa dan mogya. Yɛtoaa so kɔe, nanso yɛantumi annu akyiri efisɛ atuo aboba no maa ogya tɔɔ kar no mu. Yehuruw fii mu kɔhwehwɛɛ kar foforo.
Ná akwakora bi ada wɔ ne kar mu wɔ nkyɛn hɔ baabi. M’ani so bɛyɛɛ krakra bere a mihui sɛ Larry awu no. Enti mede abufuw soo ɔbarima no mu na mebobɔɔ no yiye. Ne ti paee na ɛkaa kakra anka owui. Bere a apolisifo de kar adi yɛn akyi wɔ mmirika a ano yɛ den mu repɛ yɛn akyere yɛn a emu na tuo aboba bɔɔ me mprenu akyi no, afei m’ani so yɛɛ me tumm na kar no kɔhwee ase.
“Mumfi kar no mu na momma mo nsa so!” ɛno ne nsɛm a edi hɔ a na mekae. Polisifo betwaa me ho hyiae, nanso eyi antumi me ara. Tuo a wɔtowee wɔ me nkyɛn pɛɛ no tuu me yafunu ho nam kɛse. Mekɔɔ so ara ne polisini bi a ne mu duru yɛ nkaribo 270 tentamee, awiei koraa no ɔde m’anim butuu fam wɔ atɛkyɛ bi mu, traa me so kae sɛ: “Obibini aboa, wubewu!”
Bere a wɔde me kɔɔ ayaresabea no, na nea mepɛ sɛ meyɛ yɛ ade biako pɛ: sɛ́ mekum biribiara a ɛwɔ nkwa! Ɛne sɛ, me nua kumaa no wu akyi no, ná minhu atirimpɔw a ɛwɔ ase a obi bɛtra mu. Ná minni anidaso biara sɛ mɛyɛ obi wɔ asetra mu da bi. Wɔ me fam de, na ɛyɛ kum na wonkum wo bi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na awɛnfo baanu a wokurakura atuo te me mpa no nkyɛn wɔ ayaresabea!
Nanso dɛn na ɛde su a ɛte sɛ gyata de yi bae?
Mmofraase Nsɛmmɔnedi
Da biara na obi reko wɔ yɛn abusua no mu. Ná ɔko ama m’agya ani biako abɔ. Ɛtɔ bere bi a ɔbɛkɔ akogyina agodibea a nnipa pii ayɛ hɔ ma no kwan ano asiw nnipadɔm no nyinaa ano ateɛm sɛ, “Obiara nkɔ mu na obiara mmfi mu mpue!” Ɔkra biara nni hɔ a obegye no kyim. Na wonim sɛnea onnye fa! Yedii m’agya basabasayɛ no akyi. Ɛkaa dɛ anka me nuanom no biako de sekan kɛse bi twaa me nan fii so esiane sɛ mekae sɛ, “Merenyi mfi hɔ,” nti! Ɛwom sɛ na me maame kyerɛ yɛn ho dɔ de, nanso na misusuw sɛ, “Mmofra dunsia de ɛbɛyɛ den dodo ama no sɛ ɔbɛkyerɛ yɛn nyinaa ho dɔ.”
Ná yɛn abusua no di hia de, nanso na yɛwɔ nea yehia. Na merehwehwɛ pii. Ankyɛ na mifii ase tuu nkurɔfo adan ase. Eyi ma wɔde me kɔɔ mmofra bɔne sukuu, faako a basabasayɛ pii wɔ, bere a na madi mfe dumiɛnsa. Wɔ ntɔkwaw biako a me ne abofra bi a ɔpɛe sɛ osisi me koe mu no, mehwee no araa kosii sɛ ɔyɛɛ mmerɛw, na n’anim nyinaa dan mogya.
Woyii me fii mmofra bɔne sukuu mu akyi no, na m’asetra nyinaa ne m’ankasa, na na ne nyinaa nen. Na mintumi nsusuw afoforo ho. Nsɛmmɔnedi no mu yɛɛ den araa kosii saa da no wɔ April 1972 mu. Bere a awiei koraa wɔde me ne me nua Cy kɔɔ asennibea no, wɔde yɛn koguu afiase—mfirihyia aduasa wɔ Louisiana Ɔman Afiase wɔ Angola, Louisiana!
Yeduu afiase hɔ sɛ ‘agyimfo baanu.’ Ɛwom sɛ na me sua a me mu duru yɛ nkaribo 135 pɛ de, nanso na masua sɛnea wotumi ma nneɛma emu yɛ duru so. Na mitumi ma nneɛma a emu duru sen me mprenu so fa me ti so a memmrɛ ho koraa! Wɔkeka kyinii sɛɛ “Nni Al ho agoru, ɔmmfa mfiri wo. Obekum wo.”
Me Ho Dwiriw Me
Ná Yehowa Adansefo yɛ dapɛn dapɛn nhyiam horow wɔ afiase hɔ. Mekɔe sɛ merekɔhwɛ nea ɛkɔ so wɔ hɔ. Migyee asomfo a wɔwɔ boasetɔ na wonim kasa no mu biako akyinnye sɛ: “Munnim nea moreka! Moyɛ dɛn hu sɛ saa na ɛte?” Sɛ́ odeduani no, na masua akyinnyegye. Ná yenim sɛnea wɔde nsɛm a ɛyɛ “dɛ” daadaa afoforo. Enti mfiase no Adansefo no nsɛm a ɛyɛ anigye no anyɛ yɛn hwee.
Afei metee biribi nka wɔ wɔn ho a na obi nyii bi adi saa da nkyerɛɛ me wɔ m’asetra nyinaa mu: afoforo ho anigye ankasa a pɛsɛmenkominya nni mu. Nea edi kan, na ɛsɛ sɛ wotwa kwan bɛyɛ dɔnhwerew biako ansa na wɔadu afiase hɔ. Wɔyɛɛ eyi dapɛn biara a na obiara ntua wɔn hwee wɔ honam fam. Afei nso, na wogye bere ne asafo mu mpanyimfo afoforo susuw yɛn nsɛnnennen ne nsemmisa ahorow no ho, bere mpo a wonni afiase hɔ, na dapɛn a edi hɔ no wɔde nsɛm afoforo yi abrɛ yɛn. Ná wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn ankasa. Na mitumi te nka saa.
Nokware a efi Bible mu a na meresua no yɛ nea na nyansa wom na eye nso. Mede dii dwuma nkakrankakra. Mede nkakrankakra fii ase yii me su dedaw a ɛte sɛ gyata de no gui na mehyɛɛ foforo no, a ayamhyehye, ayamye ne ahobrɛase adwene ka ho. M’ani gyei. Bible no yɛɛ adwuma ankasa! Afei bere dui sɛ Adansefo no bɛyɛ nhyiam a edi kan wɔ afiase hɔ.a—Kolosefo 3:9-12.
Ɔdɔ a Adansefo bɛboro 300 no yii adi no maa me ho dwiriw me! Wɔanna adwemmɔne biara adi esiane yɛn honam ani hwɛbea anaa nneduafo a yɛyɛ nti. Ɛte sɛnea Yesu kae no, denam saa ɔdɔ yi so no “nnipa nyinaa behu” ne nokware asuafo no. Kan no, na migye nyamesom di—nanso wɔ ɔkwan a mepɛ so. Ná bere nyinaa m’asɛm ne sɛ, “Yɛ afoforo ansa na wɔayɛ wo.” Adansefo no dɔ a pɛsɛmenkominya nni mu no kaa me kɛse. Nokwarem, saa nhyiam yi ase—October 5, 1974—na wɔbɔɔ me asu.—Yohane 13:34, 35.
Me Ne Yehowa Abusuabɔ a Memaa Emu Yɛɛ Den
Adansefo no kyerɛɛ me sɛ menhwehwɛ Bible no mu. Mibehuu Yehowa ani a egye me ho no wɔ m’asetra mu. Ne mmɔborohunu no menee me. Bere a mekaakaee me kan no, anka biribi reyɛ me. Ná meda so ara “hu” nnipa ahorow a mahaw wɔn anaasɛ mahwe wɔn no anim a ɛyɛ awerɛhow no. Nanso afei Yehowa fafiri a metee nka no ma mepɛe sɛ mɛyɛ nea metumi nyinaa de asɔ n’ani. Afei nso mede Romafo 13:1 dii dwuma nea edi kan wɔ m’asetra mu na mebrɛɛ me ho ase hyɛɛ “tumi a ɛwɔ anuonyam” no ase, sɛnea na afiase so ahwɛfo no gyina hɔ ma no.—Yesaia 1:18, 19.
Sɛnea ɛbɛyɛ a merensan nkɔ me su dedaw no mu bio no na ɛsɛ sɛ mebɔ m’adwene ne me koma ho ban. Mebɔɔ mmɔden sɛ mede m’adwene besi kyerɛw nsɛm ne Bible mu nhwɛso ahorow so sen sɛ mede besi nsɛmmɔnedi so sɛ kan no. Mebɔɔ mmɔden bere nyinaa—da biara—sɛ medu Yehowa gyinapɛn ahorow ho koraa. Saa su yi yɛ nea ɛyɛ den bere a wɔatow wo ne nnipa mpempem pii a wɔn bra asɛe koraa mu ahyɛ faako no. Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔn a wɔbɛyɛɛ Adansefo bere a wɔwɔ Angola no bi maa asetra yi ho dadwen ne anigye ahorow miaa nokware asɛm a wɔadua wɔ wɔn koma mu no. Akɔnnɔ a ebinom nyae sɛ wobefi afiase anaasɛ wɔbɛware kataa honhom mu nneɛma so na eyinom bɛyɛɛ nhwɛso bɔne. Wɔsɛee Adansefo a wɔwarewaree wɔn a na wonnim wɔn honhom mu tebea ankasa no asetra mpo.—Luka 8:11-15.
Sɛnea ɛbɛyɛ a mekwati ɔhaw a ɛte sɛɛ no mede me bere boaa nneduafo afoforo ma wobenyaa anidaso ne botae koro no ara a mprempren mewɔ no bi. Wɔ mfe pii mu no mede nnɔnhwerew a ɛboro ɔha yɛɛ saa adwuma yi bosome biara. Eduu bere bi a na mewɔ dapɛn dapɛn Bible adesua horow aduonu. Saa nneduafo yi mu baawɔtwe bɛyɛɛ Adansefo a wɔahyira wɔn ho so. Ná eyinom mu biako yɛ obi a ɔwɔ koma bɔne a na wɔde no abɛto afiase esiane ne yere a okum no nti. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wubehu “gyata” foforo a ɔno nso abɛyɛ Onyankopɔn “nguanten” no mu biako!
Afiase Akyi Asetra
Mitwaa mfe akron akyi no wogyaee me wɔ 1981 mu. Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ metumi ne asafo no abɔ wɔ ahofadi mu sɛɛ yi! Nanso, ebinom wɔ hɔ a wɔkyerɛe sɛ esiane sɛnea na mete no nti, ɛsɛ sɛ midi kan kyerɛ sɛ masakra ampa. Ná minim sɛ Yehowa a mɛsɔ n’ani no ne nea ehia titiriw ne sɛ ɛrenkyɛ afoforo behu me honhom mu nkɔso. Afei na asɛm foforo nso ne eyi—ɔbaa a mewaree no ne ne mma baanum a ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 9:26 ho.
Yehowa boaa me ma minyaa ɔyere te sɛ Barbara a na ɔde ne ho nyinaa ama Yehowa. Mmoa a ɔde ma wɔ ahobrɛase mu no yɛ nea ɛho aba mfaso. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛde Yehowa adi kan wɔ yɛn abusua mu no, yesua ade bom dapɛn biara—a yɛmma biribiara nsiw yɛn kwan—na yɛkyerɛkyerɛ afoforo Bible no sɛ́ abusua. Te sɛ awarefo biara no, akasakasa kakra taa sɔre. Nanso sɛ me bo fuw a, mesɔre kɔ ɔdan biako no mu, fa Bible anaa Bible sua mmoa nhoma bi na mifi ase kenkan. Wɔ dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa mu no na yɛaka abom.
Bere a woakenkan sɛnea nsɛmmɔnedifo pii san kɔfaa wɔn akwan dedaw no so akyi no, ɛtɔ bere bi a w’adwene mu yɛ wo naa sɛ “gyata” betumi abɛyɛ “oguammaa” ampa a. So tebea a ɛyɛ anigye a wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 11:6-9 a ɛfa oguamaa ne gyata a wɔbɛtra faako wɔ asomdwoe mu ho no betumi abam wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ? Asɛm bi sii a mete nka sɛ ebua asɛm yi kakra. Mɛma Barbara aka.
Barbara kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná me ne Al fi asɛnka reba. Ɔbarima bi fi faako a wɔtɔn nsa bae, ɔhwɛɛ yɛn dinn na ɔteɛɛm sɛ, ‘Hwɛ ɔbea fɛfɛ bi! Ɛsɛ sɛ mefew n’ano!’ Afei ɔbae sɛ ɔde ne nsa rebɛto me kɔn mu. Mekɔhwɛɛ Al anim na mihui sɛ waka ne se asi so. Nanso Al anyɛ biribiara. Metwee me ho fii ɔbarima no ho na afei ɔbɛn Al na okyiaa ne nsam. Ɔka kyerɛɛ me kunu sɛ, ‘Mesrɛ wo, Owura, bere a mihuu n’ahoɔfɛ no na minhu nea menyɛ.’ Ofii hɔ kɔe. Me werɛ remfi nea Al kae saa bere no da. ‘Ɔdɔ, sɛ onim nea kan no anka mɛyɛ no a.’ Meka kyerɛɛ Al sɛ, ‘Ná Yehowa honhom ka wo ho.’”
Yiw, ampa sɛ mehwɛ m’akyi na mihu nsakrae ahorow a mayɛ no a na ɛnyɛ Al ara kwa na ɔyɛɛ eyi. Ɛyɛ Yehowa honhom, n’akwankyerɛ ne nokware nimdeɛ a efi n’Asɛm no mu na ɛsakraa saa “gyata” yi ma ɔbɛyɛɛ “oguammaa” wɔ Oguanhwɛfo Pa no nguankuw no mu.—Wɔkyerɛw mae.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ Nyan! September 8, 1977 mu na woanya eyi ho nsɛm pii.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
“Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio.”—Yesaia 11:6-9.