Afrika Abɔde A Wɔn Nkwa Da Asiane Mu Kɛse
Sɛ wote Afrika abɔde a wɔn nkwa da asiane mu ho asɛm a, ebia wususuw mmoa akɛse te sɛ, ɛkoɔ ne ɛsono ho. Nanso asɛm bi a efi Nairobi, Kenya, wɔ nsɛmma nhoma Executive mu no kae sɛ: “Onipa ani abere a ɔredan ne ho abɔde a wɔn nkwa da asiane mu nyinaa mu nea ne nkwa da asiane mu kɛse.” Nokwasɛm ahorow no ne dɛn? Susuw nneɛma horow a ɛho hia na ama yɛatumi atra ase no ho: Aduan, nsu ne dabere.
ADUAN Wɔ mfirihyia du a atwam no mu no, aduan a wotumi nya wɔ Afrika no so atew ɔha biara mu 10, bere a nnipa a wɔwɔ hɔ no dodow akɔ soro ɔha biara mu 20. Nea ɛde aba ne sɛ, nnipa dodow a wɔwɔ hɔ no mu bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako, anaa nnipa ɔpepem 150, yɛ nea aduan ho yɛ den kɛse ma wɔn. Sɛ wobetumi anya aduan a ɛdɔɔso mpo a, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wohia no nsa bɛka ansa na aka akyi dodo no ankasa mpo yɛ asɛnkɛse. Saa akwanhwɛ a ɛyɛ hu yi maa Maurice Williams a ɔyɛ Wiase Aduan Bagua no kwankyerɛfo panyin no kae sɛ: “Ɛmfa ho sɛ dɛn ara na yɛyɛ mprempren no, ɔpepem pii bewuwu. Me yam a anka metumi aka sɛ mewɔ daakye ho anidaso, nanso misuro sɛ yɛrekɔ bere bi a aduan ho asɛm wɔ Afrika bɛyɛ den daa mu.”
NSU Amanaman Nkabom no nkontaabu ahorow kyerɛ sɛ nnipa a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso so no mu bɛyɛ ɔha biara mu 60 nni nsu pa a wɔnom, na bɛyɛ sɛ ɔha biara mu 75 nni ahotew ho nhyehyɛe biara. Afe biara nnipa a wɔn dodow fi ɔpepem 10 kosi 25, anaa 30,000 kosi 70,000 da biara, wuwu esiane nyarewa ahorow a nsu pa a wonnya nnom de ba nti. Executive nsɛmma nhoma no se: “Ade a ɛyɛ hu yi nkutoo mpo yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛma ɛfata sɛ wɔka adesamma ho asɛm sɛ ‘abɔde a wɔn nkwa da asiane mu kɛse.’”
DABERE Akodi, ɔman ne mmusua ntam ntawntawdi ahorow, ɔpɛ a emu yɛ den, nsuyiri ne aduankɔm ahorow ama mmarima, mmea ne mmofra ɔpepem pii adan aguanfo a wonni afie. Wiase nyinaa, nnipa bɛyɛ ɔpepem 13 bi wɔ hɔ a wonni afie a wɔte mu, na wɔn mu ɔpepem 5 wɔ Afrika. Kan Amanaman Nkabom Ɔkyerɛwfo Panyin Kurt Waldheim frɛɛ tebea no “adesamma ɔhaw a ɛho hia sen biara,” na wɔka wɔn tebea no ho asɛm sɛ “nea ɛyɛ ohia a emu yɛ den ne ahokyere kɛse.” Bere a wɔn afie, mfuw ne nyɛmmoa fi wɔn nsa no, saa nnipa ɔpepem pii a wonni baabi te yi nni anidaso bi sɛ wɔbɛsan akɔfa wɔn kan asetra kwan no so bio.
Ɛwom sɛ ebia nnipa a wɔwɔ aman a wɔanya nkɔso kɛse na wɔwɔ mfiridwuma ahorow pii mu no wɔ nneɛma a ɛho hia titiriw yi de, nanso nneɛma haw wɔn. Nsu ne mframa a wɔsɛe no, pɛtrol, anyinam ahoɔden ne ade bo a ɛkɔ soro, nneɛma ahorow a wonya fi asase mu a ɛresa, ne nea ɛkeka ho, nyinaa de ɔhaw ahorow a emu yɛ den ba. Nea ɛho asɛm reyɛ kɛse nso ne nuklea ɔsɛe ho ahunahuna no.
Wɔ nokware mu no, ɔsɛe ho ahunahuna a onipa de reba n’ankasa so no yɛ n’anibiannaso adeyɛ a ɔde resɛe asase yi no fã. Esiane eyi nyinaa nti, ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa Yɛfo, Yehowa Nyankopɔn, bɛma onipa abu ho akontaa. Efisɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ “aka kakra sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, . . . na ahobrɛasefo benya asase no adi, . . . na wɔatra so daa apem.”—Dwom 37:10, 11, 29.