Ɔkyerɛkyerɛ Mmoa Foforo A Ɛyɛ Nwonwa
BIBLE adesua nhoma foforo You Can Live Forever in Paradise on Earth a mfonini ahorow wom no ne saa adwinnade no. Ɛwom sɛ afe a etwaam yi ara na woyii no adi wɔ Yehowa Adansefo “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam Horow no ase de, nanso wɔatintim mfuamfua bɛyɛ ɔpepem 10 wɔ kasa horow 22 mu dedaw.
Yɛn nsa aka nkrataa ahorow pii a ɛrebɔ sɛnea ɛyɛ adesua nhoma a etu mpɔn kɛse no ho amanneɛ Sɛnea Yehowa Adansefo asafo biako a ɛwɔ Ohio, U.S.A. kyerɛwee no, wose: “Moayɛ adwuma a ɛyɛ nwonwa. Ɛkae yɛn nea nnipa akuwakuw no kae wɔ ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe ho no wɔ Mateo 7:28, 29. Wɔn ho dwiriw wɔn wɔ nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ na tumi wom no ho.”
N’akenkan Yɛ Anigye
Nanso, bere koro no ara mu no, nhoma no akenkan yɛ anigye. Krataa bi a efi Maine hɔ se: “N’akenkan yɛ anigye ankasa. Ɛkanyan wo koma wɔ nea Onyankopɔn hwehwɛ wɔ yɛn hɔ no ho. Nhoma no ka wo ma wodɔ Yehowa kɛse na ɛkanyan wo ma woyɛ ade! Nhoma yi ma wunya anigye.”
Obi a ɔkyerɛw fii Indiana kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mesrɛ mo, ɛne sɛ bere a nhyiam no baa awiei na mesan kɔɔ fie no na ɛnyɛ m’adwene ne sɛ mɛtra ase akenkan nhoma no awie da koro. Nanso, da a edi hɔ no, bere a mifii ase kenkanee no mannyae ara kosii sɛ miwiee ati ahorow 30 no nyinaa kenkan. . . .
“Ɔkwan a wɔfaa so kyerɛwee wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so no yɛ anigye na ɛka koma, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛka koma pafo a wɔkenkan nyinaa ma wɔasua yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ho ade. Sɛ meka ne nyinaa bom a, ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ meka, sɛ, nsiesiei foforo a efi Yehowa hɔ yi yɛ me dɛ kɛse esiane eyi titiriw nti: Ɛkyerɛkyerɛ te sɛ nea Yesu ankasa kyerɛkyerɛe no, wɔ ɔkwan a obiara bɛte ase so.”
Krataa bi a efi Quebec, Canada, se: “Ɛyɛ soronko na akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ adwuma kɛse. Sɛnea ɛkyerɛkyerɛ nsɛm a emu dɔ mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so na ɛma obiara te ase no yɛ nwonwa. . . . Ne tiaa mu no, nhoma yi yɛ nhoma.”
“M’ani agye mmoroso wɔ nhoma foforo You Can Live Forever in Paradise on Earth no ho,” saa na ɔkenkanfo bi a ofi Kansas kyerɛwee. “M’ani sɔ mmoa ahorow a Asafo no de ma wɔ adesua ho no bere nyinaa nanso eyi yɛ kɛse araa ma mete nka sɛ ɛsɛ sɛ mekyerɛw. Yeyi Yehowa ayɛ sɛ ɔde nneɛma a ɛte sɛɛ ma wɔ bere a ɛsɛ mu!”
Ɔkyerɛkyerɛ Adwinnade a Etu Mpɔn
Awarefo bi a wɔresom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Caribbean supɔw bi so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛde nhoma foforo no adi dwuma adapɛn abien pɛ ni, na yɛn ani agye kɛse wɔ sɛnea aka nnipa a yɛne wɔn sua Bible no ho. Ɔkwan a wɔafa so akyerɛw no, sɛnea ɛte ne ne titiriw no mfonini ahorow no mu da hɔ araa ma ama wɔn a yɛne wɔn sua ade no tumi te nokware no ase wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. . . . Ade a na yehia ara nen.”
Ɔde sɛnea ada adi sɛ etu mpɔn ho nhwɛso rema no, ɔdansefo bi a ofi California bɔ amanneɛ sɛ: “Ná me ne ɔpanyin bi a . . . ogye hell-gya nkyerɛkyerɛ no di denneennen sua ade. Asɛm biara nni hɔ a ɛma oyii saa nkyerɛkyerɛ yi fii ne mu. . . . Afei yesuaa Live Forever nhoma foforo no ti 9 a ese ‘Hell Yɛ Beae Bɛn?’ no. Yewiee saa ti no da koro. Gye a na ogye di sɛ hell yɛ beae a wɔyɛ ayayade no abɛyɛ gyidi a atwam mprempren. . . .
“Asɛm foforo a na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma ne ntease a ɔwɔ sɛ ɔkra no kɔ so tra ase bere a onipa awu no, na ɔkyerɛe sɛ ɛyɛ soronko wɔ nipadua no ho. Ná yɛasua nhoma afoforo, asusuw kyerɛw nsɛm ahorow ho, nanso ne nyinaa anyɛ yiye. Afei yesuaa ti 8 a ese ‘Dɛn na Ɛba wɔ Owu Mu? no. Me ne nnipa pii asua ade wɔ mfe 10 a mede atra nokware no mu no mu, nanso minhuu obi a ɔkra a enwu da gyidi no adi ne ti kɛse a ɔsakra ne gyidi wɔ adesua biako pɛ mu saa da. Nea ebubuu no koraa ne nkyekyem 7, ne Dwom 22:29 a ɛyɛ kyerɛwsɛm a ano yɛ hyew wɔ hɔ no, titiriw bere a ne Authorized Version no nso kaa no saa no.”
Ɔkyerɛkyerɛ Mfonini Ahorow a Ɛboa Yiye
Mfonini ahorow fɛfɛ a ɛboro 150 a emu dodow no ara yɛ nea wɔde aduru ahorow ayɛ wɔ nhoma foforo no mu. Nsɛm a wɔde kyerɛ ho anisɔ ankasa biako ne krataa a efi Florida yi: “Mfonini ahorow a ɛwɔ nhoma yi mu no yɛ fɛ yiye! Ɛnyɛ aduru ahorow a wɔde yɛe ne anim da a ɛda hɔ no nko nti, na mmom ɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ mmoa nso a ɛso bi nni. Mede dɔnhwerew biako ne fã hwɛɛ mfonini ahorow no nkutoo bere a woyii no adi nea edi kan no, na anka ɛbɛboro saa mpo sɛ na bere wɔ hɔ a. Sɛ́ nkyerɛkyerɛ a ɛde ma ho nhwɛso no medan adwene kɔ mfonini ahorow a ɛwɔ nkratafa 106, 131, 176-177, 227 ne 229 no so. . . . Onuawa biako kae sɛ, ‘Abofra betumi afi nhoma yi mu akyerɛkyerɛ!’”
“Mfonini ahorow no yɛ paara ma ebi mpo ma nusu taataa m’ani ase,” saa na krataa bi a efi Alabama bɔ amanneɛ. “Nea m’ani gye ho paa no biako wɔ kratafa 162. Anigye a ɛwɔ ɔbea no koma mu da adi wɔ n’anim a obiara hu. Ɛka me koma ma mihu sɛ da bi wɔ nnansa yi ara mu no, yebetumi ayɛ yɛn adɔfonom a wɔawuwu atuu aba nkwa mu.”
Mfonini ahorow no boa ma nhoma yi yɛ ɔkyerɛkyerɛ mmoa a etu mpɔn ampa ma nnipa ahorow nyinaa a ɛsono wɔn mfe. Krataa bi a efi Texas se: “Yɛn banana a wadi mfe abien no ani agye nhoma yi ho araa ma ɛsɛ sɛ yɛkenkan kyerɛ no bere nyinaa. . . . Sɛ abofra a wadi mfirihyia abien resua, na mfonini ahorow fɛfɛ a ɛwɔ nhoma yi mu no aka no sɛɛ a, hwɛ mmoa kɛse ara a nhoma yi bɛyɛ wɔ kyerɛ a wɔde kyerɛkyerɛ mpanyimfo no mu!”
Abofra bi a ofi England kyerɛw sɛ: “Merebɛyere me ho denneennen asom Yehowa na makasa akyerɛ me nnamfo wɔ sukuu denam nhoma yi so . . . Wɔakyerɛkyerɛ nneɛma a ɛwom no mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, na emu nsɛm no kura biribiara a wobɛpɛ sɛ wuhu.”
Ampa saa nhoma foforo yi yɛ ɔkyerɛkyerɛ mmoa a etu mpɔn. Bere a Yehowa Adansefo de di dwuma wɔ wɔn asɛnka adwuma mu no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛboa nnipa pii ma wɔabenya Onyankopɔn atirimpɔw ne nneɛma ahorow a ɔhwehwɛ wɔ yɛn hɔ no ho nimdeɛ a edi mu.