Yɛn “Ɔbohene A Ɛwɔ Ahunmu”—So Ɛwɔ Ɔhaw Mu?
ƆREHWƐ yɛn okyinsoromma yi bere a ɔretu kwan akɔ ɔsram so no, Amerikani nsoromma ho nimdefo bi kae wɔ ho sɛ ɛne “ade a ɛyɛ fɛ sen biara a wuhu wɔ soro nyinaa.” Ɛho a ayɛ sɛ tuntum na fitaa ne biribi te sɛ kɔkɔɔ bobom no te sɛ “ɔbohene a ɛwɔ ahunmu” a ɛyɛ fɛ ampa.
Ɛwom sɛ bere a worehwɛ yɛn asase yi fi ɔsram so no ɛte sɛ nea ɛso dwo na ɛyɛ fɛ de, nanso wɔasɛe ne fɛ a ɛyɛ no wɔ asase so. Ɛsotefo rehyia ɔhaw akɛseakɛse pii. Ɔhaw ahorow no mu nea ɛyɛ den, nea ɛho dwumadi nna fam na ɛyɛ hwanyann no mu biako ne nnipa a wɔredɔɔso dodo no.
Amansɛmdifo ne wiase abenfo asusuw ɔhaw yi ho bere pii. Nanso asɛm no mu yɛ den bere a mfe no kɔ anim no—na ɛkã wo, wɔ ɔkwan biako anaa foforo so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wote kurow kɛse mu a, so woahu sɛnea mpɛn pii ɛsɛ sɛ lɔre ahorow nantew brɛoo anaa wogyina koraa mpo no? So wo ankasa woahu sɛnea nnipa kyere so wɔ bɔs ne keteke mu, ne afei akwan a ɛwowɔ kurom so no? Esiane eyi nti China a nnipa a wɔwɔ hɔ dodow boro ɔpepepem biako no aban bɔ mmɔden sɛ ɔbɛto mmusua ano hye denam mmara a ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ abusua biara nya ɔba biako no so.
Wiase Abenfo a wɔwɔ anidaso kɛse no mpo bu wiase nnipa a wɔn dodow rekɔ anim kɛse no sɛ ɛyɛ aniberesɛm. Dɛn ntia? Efisɛ aduan, asase, nnwuma ne nneɛma afoforo a ɛwɔ hɔ no nnɔɔso. Bio nso, wiase mpanyimfo a wɔredi ho dwuma no mu pii kyerɛ sɛ nnipa a wɔredɔɔso dodo no na ɛde ɔhaw afoforo a ɛsɛe fɛ a yɛn okyinsoromma yi yɛ no aba, te sɛ:
● ADUANKƆM. Wɔ nkurow akɛse binom mu wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu no, nnipa a wɔpra mmorɔn so yiyi nnipa a wɔawuwu fi gɔta anaa nsukã ahorow mu mpɛn pii anɔpa. Yiw, ɔkɔm ne aduan pa a wonnya nni ma nnipa ɔpepem pii wuwu afe biara. Na wɔhwɛ kwan sɛ ebedu afe 2000 mu no aduan a wohia wɔ wiase nyinaa no bebu abɔ ho abien, nea ennu mfirihyia 17 fi mprempren!
● MMOADOMA ASE A ƐRETƆRE. Esiane onipa trabere a emu retrɛw nti afifide ne mmoadoma mpempem pii ase retɔre.
● PETROL, GAS, NE ADE A ƐHO YƐ NA. Wosuro sɛ nneɛma a ɛho yɛ na te sɛ petrol, gas ne afoforo a ɛkeka ho no bɛsa bere a nnipa kɔ so dɔɔso kɛse na nneɛma yi a wɔsɛe no kwa yɛ kɛse no. Mmofra a wɔwo wɔn wɔ aman a anya nkɔso mu no bɛsɛe nneɛma a ɛte sɛɛ a wonya wɔ wiase no kɛse sen wɔn a wɔwo wɔn wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso so no.
● EFĨ. Mframa a wɔsɛe no no ba bɛyɛ kɛse bere a mfiri horow a wɔde tu kwan kyere so kɛse wɔ nkurow akɛse mu no. Nsu a wɔsɛe no no yɛ kɛse bere a ɔyɛ-asase-yiye ne nnuru afoforo a ɛma nnɔbae ba kɛse no kɔ nsu ahorow mu no.
● ƆKO HO HU. Ebia daakye wɔde nuklea akode ho ahunahuna bedi dwuma de agye nsase ne nneɛma afoforo afi aman a wɔbɛn nkyɛn. Ebia ebedu afe 2000 no aman a wɔboro 30 benya nuklea akode.
● ADWUMA A WONNYA NYƐ. Mfiri a wɔde yɛ adwuma taa ma afoforo hwere wɔn adwuma. Wɔ aman pi so no nnwuma a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ nni hɔ a ɛbɛma nkurɔfo anya bi ayɛ.
Esiane ɔhaw horow yi nyinaa nti, nnipa pii hu sɛ asase yi yɛ wimhyɛn a esua, a wɔn na wɔyɛ akwantufo a wɔwɔ mu bere tiaa bi. Amerikani Adlai Stevenson a wawu a na ɔyɛ aban nanmusifo no kaa no yiye sɛ: “Yɛrebom atu kwan, akwantufo a yɛte wimhyɛn ketewa bi mu a yɛde yɛn ho to ne mframa ne asase a esua no so . . ., yɛbɛbɔ yɛn ho ban wɔ yɛn ase a ɛbɛtɔre no ho denam hwɛ a yɛbɛhwɛ yɛn hyɛn yi yiye, ne adwuma a yɛyɛ wɔ so, ne ɔdɔ a yenya ma no so.”
So yɛredɔɔso dodo wɔ yɛn wimhyɛn a ɛne asase yi so? So nnipa wɔ ahaw a ɛne emu akwantufo a wɔredɔɔso dodo no ano aduru? Hena na yebetumi de yɛn ho ato no so ma yɛakɔ so anya nkwa wɔ wimhyɛn a ɛne asase yi—“ɔbohene a ɛwɔ wim” a ɛyɛ fɛ no so?