Nneduafo A Wɔwɔ Anigye A Wɔkɔsra Wɔn
NNEDUAFO ntaa nyɛ nnipa a wɔwɔ anigye. Wubetumi ate nea enti a worempɛ sɛ wɔde ahofadi a wowɔ ne bɔ a wone w’abusua ne nnamfo bɛbɔ no bɛkame wo no ase. Eyi te saa titiriw, sɛ wɔde wo akɔto afiase mfe pii a.—Fa toto Mateo 5:25 ho.
Nanso, abakɔsɛm ka nneduafo bi a na wɔwɔ anigye wɔ Filipi, tete kurow a ɛwɔ Hela kusuu fam, no ho asɛm kyerɛ yɛn. Wɔne ɔsomafo Paulo ne ne hokafo Silas. Esiane wɔn Kristofo som nti na na wɔwɔ afiase hɔ, nanso Bible no kyerɛ sɛ wɔde anigye “bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn.”—Asomafo no Nnwuma 16:25.
Wɔ September 1982 mu no, asomfo baanu a wofi Yehowa Adansefo asafo no ti wɔ New York kɔɔ Helafo afiase foforo mu nsrahwɛ. Wɔne Kristofo a wɔwɔ ahofama a wɔn dodow boro ɔha a wɔn nso wɔwɔ anigye hyiae.
Wɔkɔɔ Avlona Asraafo Afiase a ɛyɛ nnɛyi ɔdan foforo a wɔasi a ɛbɛyɛ akwansin 31 (50 km) wɔ Atene kusuu fam no mu. Ɛwom sɛ ɛwɔ hɔ ma asraafo ahorow nyinaa a wɔyɛ nneduafo de, nanso nnansa yi, wɔn a wɔwɔ hɔ no fã a wɔdɔɔso kakra yɛ mmerante a wɔyɛ asomfo a wɔyɛ Yehowa Adansefo. Dɛn nti na wɔwɔ afiase?
Wɔde Adansefo yi koguu afiase esiane sɛ wokura gyidi a ɛte sɛ tete Kristofo no de mu denneennen nti. (Yesaia 9:6; 2:4; Mateo 26:52) A Short History of Rome a Ferrero ne Barbagallo kyerɛwee no se: “Wɔ afeha a ɛto so abien no mu mpo no, na Kristofo no aka sɛ ‘enye sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wɔtwe nkrante, . . . ’ ne sɛ ‘asomdwoe babanin a ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ mansotwe mpo mu no remfa ne ho nhyɛ ɔko mu kakraa bi,’ no asi hyia a sraadi ne Kristosom nhyia no so dua.”—Kratafa 382.
Wɔtaa de Adansefo a wɔwɔ Greece no gu afiase mfirihyia anan ne fã. Bere a wɔadi bɛyɛ asram asia rekɔ awotwe wɔ Avlona no, wokodi bere a wɔde ama wɔn a aka no wɔ afiase foforo mu, faako a wɔyɛ wɔn yiye na wobu wɔn.
Asraafo panyin bi a ɔhwɛ afiase no so gyee asomfo a wɔkɔsraa Avlona no anigye so. Bere a ɔne n’ahɔho no renom Helafo kɔfe bi no, asraafo panyin no kaa asomfo nkumaa no abrabɔ pa no ho asɛm. Wɔwɔ obu na wodi nokware. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn na wɔde mukaase ne aduan ho asɛm ahyɛ wɔn nsa.
Asraafo panyin no fi ayamye mu de ahɔho no kyinkyinii afiase hɔ a faako a Adansefo a wɔyɛ nneduafo no da no bi ka ho. Bere a egyina ɔkwan a ɛwom so no, Adansefo baanan anaa nea ɛboro saa betumi abom ada ɔdan biako mu a wobetumi anya baabi a wɔde wɔn Bible ne adesua nhoma horow begu. Wɔwɔ mmeae a wɔbɔ bɔɔl ahorow wɔ afiase hɔ a odeduani biara wɔ hokwan sɛ ɔba hɔ, nanso ade foforo wɔ hɔ a Adansefo no ani sɔ titiriw. Wɔwɔ ɔdan kɛse (a ɛfa nnipa 150) a wɔn nkutoo na wohyiam wɔ hɔ yɛ wɔn Kristofo dapɛn dapɛn nhyiam horow wɔ hɔ. Ɛmfa ho sɛ ɛyɛ awia no, wɔmaa Adansefo 101 a wɔyɛ nneduafo no kwan ma wɔne wɔn nuanom a wofi Brooklyn no hyiae na wonyaa honhom mu fekubɔ a ɛhyɛ nkuran mu kyɛfa.
Asomfo baanu no kɔhwehwɛɛ adan ahorow binom nso mu, faako a adwinni ahorow fɛfɛ a nneduafo no de kɔbere, nnua, nguan ho nhwi ne nnuru horow ayɛ wɔ a wɔde rekyerɛ no.
Ɛwom sɛ sɛ́ wubehu adwinni ahorow di ma wunya anigye de, nanso nneduafo a wɔyɛ Adansefo no nya anigye titiriw bi wɔ Bible no a wosua no mu, na wonya ne nnyinasosɛm horow a wɔde bɔ wɔn bra no mu ntease kɛse. Na da biara a wɔbɛkɔ akɔyɛ afuw mu adwuma anaa adwuma foforo bi a ɛte saa no wɔkan no sɛ nnanu ma wɔn. Enti wobetumi ayɛ ma wɔayi wɔn ntɛm. Afei de na wobetumi anya ahofadi kɛse de aka asɛmpa a wɔasua afi Bible mu no ho asɛm akyerɛ afoforo. Yiw, ɛyɛ asɛmpa sɛ wubehu sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi amanehunu ne nhyɛso nyinaa afi asase so. (Adiyisɛm 21:4, 5) Mprempren de “abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo,” te sɛ nea ɔsomafo Paulo kae wɔ Romafo 8:22 no. Nanso Kristofo a esiane wɔn gyidi nti wɔde wɔn agu afiase wɔ Avlona no nim sɛ wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokwaredi mu nyinaa betumi ahwɛ bere a “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu” no kwan.—Romafo 8:21.
Bere a nnipa baanu a wɔkɔɔ nsrahwɛ no refi hɔ no na mmerante a wɔwɔ ahofama a wɔn ani gye sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ tebea biara mu a wɔasi wɔn bo sɛ bere biara a ebetumi no wɔbɛma ayeyi a wɔde ma Onyankopɔn wɔ baguam ayɛ kɛse no ho adwene a ɛyɛ anigye wɔ wɔn tirim.