Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Ahenni Aba a Yebegu no Bere Biara
ONYANKOPƆN Asɛm, Bible no, hyɛ nsiyɛ ho nkuran. Ɔhene Salomo kae sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa fi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.”—Ɔsɛnkafo 11:6.
Yehowa Adansefo gu “aba” bere biara a ɛfata, denam Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka so. Wɔkɔ so ‘ka Kristo Yesu ho asɛmpa no a wonnyae’ wɔ nsase ne nsupɔw bɛboro 230 so. (Asomafo no Nnwuma 5:42) Osuahu ahorow a edidi so yi kyerɛ sɛnea Yehowa Adansefo ‘nyi wɔn nsa mfi’ asɛmpaka adwuma no ‘ho.’
◻ Wɔ Cape Verde Adehyeman no mu no, na Yehowa Adansefo no biako retwam wɔ afiase dan bi ho bere a na ɔreyɛ asɛnka adwuma no. Ná nneduafo no bi tete dua bi so wɔ afiase no adiwo. Bere a nneduafo no huu Ɔdansefo no sɛ ɔnam ase hɔ no, wɔteɛteɛɛm srɛɛ nsɛmma nhoma. Ɔdansefo no de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! dodow bi kyekyeree ɔbo bi ho tow faa afiase no fasu no so. Esiane anigye a wɔkyerɛe mfiase yi nti, wofii Bible adesua ahorow 12 ase. Nneduafo no mu baasa ahyira wɔn nkwa so ama Onyankopɔn, na wɔama wɔabɔ wɔn asu. Nneduafo no mu biako resom sɛ bere nyinaa somfo, anaa ɔkwampaefo, bɛboro afe ni. Nanso, ɔkwan bɛn so na wɔyɛ asɛnka adwuma wɔ afiase hɔ? Nea edi kan no, wɔkyekyɛ afiase hɔ yɛ no nsasesin. Afei wɔkyekyɛ nsasesin no ma Adansefo baasa no, na wɔyɛ adwuma wɔ afiase no adan mu mmiako mmiako. Saa Ahenni adawurubɔfo yi san kɔ anigyefo nkyɛn te sɛ nea Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ no ara pɛ—denam sankɔhwɛ ahorow a wɔyɛ so. Nanso nsonsonoe biako a ɛwom ara ne Bible adesua a wɔyɛ no mpɛn pii no. Sɛ anka wɔbɛyɛ Bible adesua no pɛnkoro anaa mprenu dɔnhwerew biako anaa abien wɔ dapɛn biako mu no, nneduafo no bi sua ade da biara da! Afei nso, afiase hɔ panyin paa no ama Adansefo no kwan sɛ wɔnyɛ asafo nhyiam ahorow nyinaa wɔ afiase hɔ.
◻ Ɔbea bi a ɔwɔ Portugal nyaa Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow sɛ awunnyade bere a ne nanabea wui no. Esiane sɛ na ɔnyɛ Yehowa Dansefo nti, na n’ani nnye ho sɛ ɔbɛkora nhoma no so. Nanso, na ɔmpɛ sɛ ɔsɛe no. Da bi ɔkaa nhoma no ho asɛm kyerɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako a ɔbaa ne nkyɛn asɛnka. Ɔdansefo no bisaa no sɛ onim mfaso ankasa a ɛwɔ nhoma no so anaa. Ɔbea no buae sɛ: “Nokwasɛm ni, minnim ɛso mfaso ankasa, nanso mɛyɛ dɛn ahu?” Ɔbea no penee Bible adesua so, na ankyɛ na n’ani begyee ne nanabea nhoma no ho. Seesei ɔno nso yɛ Yehowa Dansefo a wɔabɔ no asu. Afei nso, ne babea ne obi a ɔyɛ abusua no adamfo paa nso resua Bible no. Hwɛ sɛnea nhoma ahorow yi ayɛ awunnyade a mfaso wɔ so!