Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 1/8 kr. 23
  • Nokwaredi A Ɛresã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokwaredi A Ɛresã
  • Nyan!—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Atorodi Yɛ Mmerɛw Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Atorodi—So Ɛtɔ Da a Ɛfata?
    Nyan!—2000
  • So Wunim Bible No Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Wɔatew Nnwumakuw Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 1/8 kr. 23

Nokwaredi A Ɛresã

“Ahotoso ye wɔ nnipa asetra mu, te sɛ mframa ne nsu. Sɛ ɛsɛe a, ɛyɛ den sɛ wɔbɛsakra no.” Eyi ne asɛm a Sissela Bok a ɔkyerɛkyerɛ asetra mu nsɛm kae wɔ atorodi nketenkete, a ɔte nka sɛ abɛyɛ nnɛyi asetra fã, wɔ fie ne nnwuma pii mu, no ho. Adwene ho nimdefo bi bu akontaa sɛ ɛkame ayɛ sɛ Amerikani biara di atoro bɛyɛ 100 da biara, na biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ yegye di sɛ tebea no ye wɔ baabi foforo.

Wɔ ɔkasa ahorow a wɔmae wɔ Loyola Sukuupɔn mu wɔ Chicago a ɛfa atorodi ho mu no, Ɔbenfo Al Gini kae sɛ: “Atorodi dɔɔso dodo.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛrema nokware ne atoro adi afra.” Ampa, nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ amanfo no ɔha biara mu 69 gye di sɛ ɔmampanyin no akɔ so adi atoro akyerɛ wɔn. Nsɛm afoforo a ɔbenfo no daa no adi ne sɛ: “Ɔha biara mu 42 pɛ na wɔwɔ aduruyɛfo mu awerɛhyem, ɔha biara mu 19 na wɔwɔ mmaranimfo mu ahotoso, ɔha biara mu 13 na wogye nea nnwuma ahorow ka no di, na ɔha biara mu baason na wosusuw sɛ nsɛm a wɔka wɔ nneɛma ho dawurubɔ mu no yɛ nokware.” Eyinom nyinaa ma nniso horow, nnwuma ahorow ne mmusua ahorow kɔ fam.

Ɛda adi pefee sɛ adesamma nyinaa wɔ onii a Yesu Kristo frɛɛ no “atoro agya” no nkɛntɛnso ase!​—Yohane 8:44; 14:30.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena