Nyamesom Ahorow Pii—Wɔn Nkɛntɛnso Nnɛ
EFI Zen Buddhani a ɔwɔ Japan nsusuwho a ano yɛ den so kosi Hinduni nipa kronkron a ɔwɔ India a ɔyɛ ne ho ayayade so, efi Islamfo kramonini a ɔbɔn a ɔwɔ Apuei Fam Mfinimfini so kosi Honhonsɔreni a ɔwɔ Central America nteɛteɛm so, efi nnipadɔm a wokunkum wɔn ho wɔ Jonestown, Guyana so kosi nnipadɔm ayeforohyia wɔ Seoul, Korea so no, nyamesom gyidi ne nneyɛe horow a ɛsonosonoe wɔ wiase nyinaa no yɛ ahobow ampa. Ɛmfa ho sɛ wone hena anaa ɛhe na wote no, nyamesom ka w’asetra wɔ ɔkwan biako anaa foforo so.
Nyamesom ahorow dodow ahe na ɛwɔ hɔ? Ɛte sɛnea asemmisa no ho mmuae ahorow pii wɔ hɔ te sɛ nea ɛho nhwehwɛmufo ne akontaabufo a wɔredi ho dwuma pɛ sɛ wohu wɔ hɔ no. Sɛ wokan nyamesom akuw akɛse ne nketewa ahorow a ɛwɔ hɔ no nyinaa a, ne dodow bɛyɛ mpem dudu pii.
So wote Kristoman asase bi so? Wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ akuw akɛse ne nketewa 10,000. Nanso, World Christian Encyclopedia a wotintimii nnansa yi ara no kyerɛ sɛ wɔwɔ Kristofo asɔre akuw horow 2,050 wɔ United States nkutoo, na ne dodow nkabom wɔ wiase nyinaa bɛyɛ 20,000. Bere a ɛkyerɛ sɛ emufo no dodow reyɛ adu ɔpepepem biako ne fã, anaa bɛyɛ nnipa dodow a wɔwɔ wiase no nkyem abiɛsa mu biako no, ɛno ne nyamesom kuw a ɛso sen biara wɔ wiase.
Ebia wote ɔman a Nkramofo, Hindufo anaa Buddhafo dɔɔso wom mu. Bere a wɔwɔ kuw ne nkyekyem ahorow pii no, wɔn nso wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ nnipa ɔpehaha pii. Afei Shintofo, Sikhfo, Jainfo, Zoroastriafo, Taofo, Konfusiofo ne Baha’ifo nso wɔ hɔ, sɛ yɛbɛbobɔ nyamesom ahorow a wonim no kɛse no kakraa bi din a. Nokwarem, sɛnea nhoma a yɛbɔɔ din wɔ atifi hɔ no kyerɛ no, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa kyerɛ sɛ wɔyɛ nyamesom ahorow no mufo, gye wɔn mu ɔha biara mu 20 pɛ. (Hwɛ akontaabu pon a ɛwɔ akyi hɔ no so.)
Ɛrekɔ Fam anaa Ɛrenya Nkɔso?
Nanso ebia wote nka sɛ wɔ yɛn nnɛyi afeha a ɛto so 20 abusua yi mu no, nyamesom nyɛ ade a ɛho hia titiriw wɔ nkurɔfo asetra mu bio. Wɔ wiase no afã horow binom no, ebia asɛm yi te saa. Ɛte sɛnea nnipa nni adagyew bere nyinaa a nea wodi akyi ara ne honam fam ade dodowpɛ. Wɔnkyerɛ anigye biara wɔ nyamesom ho nsɛm mu. Ebia wunim nnipa bi a wɔte saa. Na ebia woahu asɔredan akɛse a akyɛ yiye na agye din a wɔretotow mu anaasɛ wɔredan ayɛ no agodibea, beae a wɔsaw wɔ hɔ, aguadidan anaa baabi a wodi aguadi ho nsɛm afoforo ho dwuma wɔ hɔ. Ɛte sɛ nea nyamesom reba n’awiei.
Ɔkwan foforo so no, ebia wote baabi a wɔka nyamesom mu a ɛresan ayɛ den bio ho asɛm pii. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ bi a efi Nairobi, Kenya a ɛreka asɔreasɔre a emu retrɛw wɔ Afrika ho asɛm no se: “Akyinnye biara nni ho sɛ Kristosom renya nkɔso wɔ ha wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Afe biara wɔn a wɔagye adi foforo ɔpepem 6 bɛka Kristofo ɔpepem 180 a mprempren wɔyɛ nnipa dodow a wɔwɔ asasepɔn no so no ɔha biara mu bɛyɛ 40 no ho. Kristofo a wɔn dodow sen Nkramofo no rema nnipa pii asakra na wɔretete mmofra pii araa ma Afrika betumi abɛyɛ nea asɔrekɔfo a wɔn dodow dɔɔso sen biara wɔ wiase wɔ hɔ wɔ mfirihyia 20 mu.”
Wɔ komunistfo nsase te sɛ Rusia ne China so mpo no, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔ mfedudu pii a wɔahyɛ da akyerɛ sɛ wonnye Onyankopɔn nni akyi no, nyamesom da so ara wɔ tumi kɛse wɔ nnipa no so. “Wobu akontaa sɛ Rusiafo a wɔn dodow yɛ ɔpepem 267 mu ɔpepem 77 bu wɔn ho sɛ wɔyɛ gyidifo—titiriw wɔ Rusia Ortodoks, Nkramosom, Roman Katolek, Baptist, Yudafo ne Luteranfo gyidi horow no mu,” saa na U.S. News and World Report ka.
Nnipa a wɔahyɛ da akan wɔn a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem anan a wɔkɔ asɔre ahorow a wɔasan abue bio wɔ ɛde rekɔ 1970 mfe no awiei wɔ China akyi no, “nnipa a wɔn dodow fi ɔpepem 25 kosi ɔpepem 50 gye fie asɔre horow di,” saa na China Asɔre nhwehwɛmubea a ɛwɔ Hong Kong no kyerɛ. Na amanneɛbɔ bi a efi Peking a epuei wɔ New Zealandfo atesɛm krataa a wɔfrɛ no The Auckland Star mu no se: “Chinafo nsɛm ho amanneɛbɔbea no ka ne nkuraase a akuafo bɛyɛ ɔpepem 800 na wɔwɔ hɔ no ho asɛm sɛ wɔyɛ nnipa a mfirihyia 30 komunism antumi annya tumi biara wɔ wɔn nyamesom so.”
Ɛnde ɛda adi sɛ wɔ afeha a ɛto so 20 yi fã a etwa to yi mu no, nyamesom ahorow pii da so ara wɔ wiase na wɔkɔ so ara nya nkɛntɛnso kɛse wɔ nnipa ɔpepem pii asetra so. Ɛnde nsemmisa a ɛba adwene mu ne sɛ: Dɛn nti na nyamesom ahorow pii wɔ hɔ? Aba bɛn na wɔasow wɔ wiase nyinaa? Na, nea ɛho hia titiriw koraa no, ɔkwan bɛn so na eyi reka yɛn mu biara?
[Diagram/Map on page 4]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Nyamesom Ahorow a Ɛwɔ Wiase
(Dodow wɔ Ɔpepem Mu)
Kristofo (1,433)
Buddhafo (274)
Konfusiofo ne Taofo (198)
Afoforoa (252)
Wɔn a wɔnyɛ nyamesomfo (911)
Hindufo (583)
Nkramofo (723)
[Ase hɔ nsɛm]
a Yudafo, Shintofo, Sikhfo, Tribalfo, ne wɔn a wɔkeka ho.