Nea Enti a Mmofra Yera
EBIA wɔ ɛna biara asetra mu no, ayɛ te sɛ nea ne ba ayera wɔ bere bi mu pɛn. Ebia abofra no amfi sukuu, agoru a okodii anaa kurom hɔ aguadidan mu amma fie ntɛm. Ebia sɛ ɛkyɛ kakra a biribi a ebetumi ato ne ba no ho adwene ma ɔyɛ basaa na ebia ofi ase hwehwɛ no. Mpɛn pii abofra a ɔnenam basabasa no ba fie—a biribiara nyɛ no—afei ebia ɔba benya asotwe bi wɔ ɔwofo a wahaw no nsam.
Nanso mmofra a wɔn dodow rekɔ anim wɔ hɔ a wɔnsan mma fie, wɔyera. Baahe? Obiara nnim ankasa. Leo Goldstone a ɔyɛ nneɛma ho nkontaabufo panyin ma Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ mmofra ho nsɛm so, UNICEF ka sɛ, nea ɛyɛ awerɛhow no ne sɛ “yenni ho nkontaabu a ɛte saa. Wɔ amanaman ntam no, yɛmmoaboa ɛho akontaabu ano.” Esiane sɛ wodi nsɛm no pii ho dwuma sɛ ɛyɛ kurow biako mu asɛm nti, yenni nkontaabu a edi mu ho kyerɛwtohɔ wɔ ɔman no mu. Sɛnea United States Mmarahyɛ Baguani Paula Hawkins ka no: “Obiara nnim mmofra dodow a wɔyera afe biara no mpo.” Ɔde ka ho sɛ: “Nanso yenim sɛ eyi yɛ ɔhaw a yentumi mmu yɛn ani ngu so bio.”
Nanso ɛho akontaabu kakraa wɔ hɔ. The New York Times bɔ amanneɛ sɛ “United States dwumadibea a ɛhwɛ akwahosan ne nnipa ho nsɛm so no kyerɛ sɛ mmofra bɛyɛ ɔpepem 1.8 yera afe biara. Pii san ba ntɛm ara. Awofo wia wɔn mu pii. Wokum ɔhaha pii. Nanso mmofra 50,000 da so ara yɛ wɔn a wommu wɔn ho akontaa afe biara. Atesɛm krataa no kyerɛ nso sɛ wommegye mmofra apem biako funu afe biara wɔ saa ɔman yi mu.”
Pii Yɛ Wɔn a Woguan Fi Fie
Mmofra a wɔyera no mu fã kɛse no ara yɛ wɔn a woguan fi fie. Wɔka mmofra bɛboro 50,000 ho asɛm sɛ woguan fi fie afe biara wɔ Italy nkutoo. Wɔ United States no, wobu akontaa sɛ nsɛm a ɛte saa 1,300,000 sisi afe biara. Charles Sutherland a ɔyɛ Search, atesɛm krataa no panyin a wɔn na wotintim wɔn a wɔaguan afi fie wɔ ɔman no mu ne nnipa a wɔyera ho akontaabu ho asɛm no ka sɛ, “Nanso eyi yɛ wɔn a wɔaguan afi fie ho asɛm na ɛnyɛ nnipa a wɔayera ankasa. Wɔn a wɔtaa guan fi fie bere nyinaa ka ho.”
Wɔn a woguan fi fie no mu ɔha biara mu 90 san ba fie wɔ adapɛn abien mu. Dɛn nti na woguan? Mpɛn pii no efi nsɛm a ɛmma wɔn ani nnye wɔ fie anaa sukuu mu no nti. Mmeranteberem yɛ bere a abofra nya adwenem nkate ahorow, ɛwom sɛ ɛyɛ nea wommu no kɛse biara de, nanso wɔ abofra no fam de obu no sɛ ade titiriw bi. Adwene a ɔwofo ne no anyɛ, suro a osuro sɛ n’atipɛnfo bedi ne ho fɛw, mmɔden a wɔammɔ wɔ sukuu adesua mu ne ɔhaw a ohyia wɔ sukuu betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ obeguan.
Nsɛm afoforo nso ne tetew a awofo ne wɔn ho tetew mu, awaregu ne ware a wɔsan ware ne suro a wosuro sɛ wɔbɛtwe wɔn aso esiane nneɛma nketenkete bi a wɔayɛ de ato mmara nti. Ɔhaw ahorow a ano yɛ den—ɔwofo a ɔyɛ ɔsabofo, ayayadeyɛ anaa mmonnaato—nso yɛ nsɛm afoforo a ɛma woguan fi fie. Saa tebea horow yi nya nkɔso bere a sikasɛm ho nsɛnnennen sɔre wɔ abusua no mu no.
Mmofra a Wɔpam Wɔn
Wɔ afe biara mu no mmofra mpem ɔhaha pii a wɔwɔ United States no ba bɛyɛ te sɛ wɔn a wonni fie. Eyinom mu fã kɛse no ara yɛ wɔn a wɔapow wɔn anaasɛ wɔapam wɔn—mmofra a wɔapow wɔn anaasɛ wɔn awofo apam wɔn afi wɔn afie mu anaasɛ wɔayɛ wɔn ayayade na ama wɔate nka sɛ wɔmpɛ wɔn no te nka sɛ nea wobetumi ayɛ ara ne sɛ wobefi fie. Aban nni nsɛm a ɛte saa ho kyerɛwtohɔ, efisɛ awofo a wɔpow wɔn mma anaasɛ wɔpam wɔn no ntaa nka wɔn ho asɛm sɛ wɔayera.
Mpɛn pii no sɛ aban mpanyimfo ne wɔn ka saa mmofra yi ho asɛm wɔ telefon so a, awofo no ka sɛ: ‘Momfa wɔn. Yɛmpɛ wɔn bio.’ Nea enti a wɔyɛ saa no fi pɛsɛmenkominya ne pɛ a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho fi hwɛ a wɔbɛhwɛ abofra no ho asɛyɛde so kosi abofra a n’aso awu na ɔnom nnubɔne a n’awofo ntumi nnyina ne nneyɛe no ano bio no so. Dɛn na ɛto saa mmofra yi?
The New York Times bɔ amanneɛ sɛ: “Mmofra a wonnii mfe aduonu no pii a wonni afie no tratra mmorɔn so, wɔdan nguamman anaasɛ wɔtontɔn nnubɔne de hwɛ wɔn ho.” Ɛde ka ho sɛ: “Na wɔ saa mmofra a wonni afie no binom fam no, nsonsonoe a ɛda ofie ne mmorɔn so asetra ntam no nyɛ kɛse.”
Wɔ aman a ahia wɔn no mu no, mmofra a wɔpam wɔn no abu so. Wɔ ha no awofo ntumi ntɔ aduan mma wɔn na wontumi nhwɛ wɔn. Ɛtɔ bere bi a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔn wɔn mma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔba ne abusua no nyinaa betumi atra ase. Awofo a wɔn aba mu abu wɔ India taa gyaw wɔn mma wɔ keteke gyinabea. Wɔabɔ amanneɛ sɛ mmofra 5,000 a wɔagyaw wɔn nenam mmorɔn so wɔ Bogotá, Colombia, wɔnam anifere kwan so tra ase, wɔbɔ apoo na afoforo nso bɔ wɔn apoo.
Awofo Mpo—Wia Wɔn!
Afoforo mpempem pii bɛyɛ mmofra a “wɔayera” efisɛ wɔn awofo mu biako wia wɔn. Mpɛn pii ɛnam mmara kwan so ntetewmu anaasɛ awaregu so na wowia saa mmofra no, a ɛne sɛ ɔwofo a asennibea no amfa abofra no amma no no wia no. Saa mmofra yi “ayera” efisɛ ɔhokafo a ɔhyɛ ne nsa no nnim faako a wɔde no asie. Ɛtɔ bere bi a wɔde mmofra a wɔtete saa no fi ɔman no mu. Mpɛn pii wɔka kyerɛ wɔn sɛ ɔwofo biako no awu anaasɛ ɔmpɛ wɔn bio. Wɔyɛ pii ayayade na wokum ebinom mpo.
Afei wɔn a wontumi nkyerɛkyerɛ nea enti a wɔayera no mu ne wɔn a ahɔho wia wɔn wɔ hɔ. Mpɛn pii nsɛm a ɛtete saa ba bɛyɛ nsɛntitiriw wɔ atesɛm nkrataa mu. Wɔ aman binom mu no wowia mmofra sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtete wɔn na wɔde wɔn adi dwuma sɛ nguamman ne akorɔnfo, anaasɛ wɔhyɛ da di wɔn dɛm na wɔabu wɔn mmɔbɔ sɛ adesrɛfo. Asɛm biako a edi eyi ho adanse ne Tulasa a bere a wadi mfe 13 no “wowiaa no fii ne kurom wɔ Nepal na wɔkɔtɔn no wɔ Bombay honam gua so no.” Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ India Today mu no, wɔ asram awotwe pɛ mu no “wɔtɔn” no kɔɔ nguamman atrae ahorow abiɛsa na wɔhyɛɛ no ma “ɔne mmarima bɛyɛ 2,000 dae.” Ɛyɛ bere a ɔyaree denneennen na wogyee no too ayaresabea a nyarewa ahorow a aka no no dodow ne mfe a wadi bɛyɛ pɛ,” no ansa na otumi dee ne ho fii wɔn a wɔkyeree no no nsam na ɔkaa n’asɛm kyerɛe. Ɛma wɔkyeree nnipa 28 a, wodi “ɔhonam gua” no.
Sɛnea nea ɛma abofra bi yera no te biara no, ɛyɛ asɛm a ɛma awofo a wɔpɛ wɔn mma asɛm na wɔdɔ wɔn no di awerɛhow kɛse. So awofo betumi ayɛ biribi de asiw ano?