Mmofra a Wɔyera—Ɛyɛ Awerɛhosɛm a Atrɛw Adu He?
‘ME BA AYERA!’ Nneɛma kakraa bi na ɛma awofo dodow no ara dadwen sen sɛ wobebue wɔn ano aka saa asɛm no. Ɛwom sɛ wontumi nkyerɛ mmofra a wɔyera fi wɔn fie mu wɔ wiase nyinaa no dodow ankasa de, nanso yɛnam amanneɛbɔ a wotintim wɔ aman pii mu no so betumi ahu sɛnea ɛyɛ awerɛhosɛm a atrɛw.
WƆ UNITED STATES no, wogyina sɛnea wɔkyekyɛ mmofra mu no so ka sɛ efi 500,000 kosi bɛboro 1,000,000 yera fi wɔn ankasa afie mu afe biara. Ebia wɔyera bere tiaa bi anaa wɔyera koraa. England bɔ amanneɛ sɛ mmofra bɛyɛ 100,000 yera afe biara, ɛwom sɛ ebinom ka sɛ wɔdɔɔso sen saa koraa de. Kan Soviet Union kae sɛ mmofra ɔpedudu pii yera. Wɔ South Africa no, wɔkyerɛ sɛ wɔdɔɔso sen 10,000. Na awerɛhosɛm yi to mmofra ɔpepem pii wɔ Latin Amerika.
Italiafo Ɔman no mu Nsɛm Asoɛe kasamafo bi kyerɛe sɛnea ɔhaw no kɛse te wɔ hɔ bere a ɔkyerɛw eyi wɔ L’Indipendente mu no: “Wofi fie sɛnea wɔyɛ da biara no. Wɔkɔ sukuu anaasɛ wokodi agoru, nanso wɔnsan mma. Wonhu wɔn bio, wɔyera koraa. Abusuafo de ahoyeraw hwehwɛ wɔn, nanso wɔnte wɔn ho asɛm kɛse, wonnya nneɛma pii a wobedi akyi ahwehwɛ wɔn, ne adansefo—a wontumi nka nea esii ankasa—kakraa bi na wonya.”
Sɛnea ɔhaw yi kɛse te ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States nnansa yi daa no adi sɛ nokwarem no asɛm “mmofra a wɔyera no” gu ahorow pii. Biako ne mmofra a ahɔho kyere wɔn sie. Foforo ne mmofra a ɔwofo biako kyere wɔn sie, te sɛ bere a wɔtwe manso a ɛbɛma wɔahu nea ɔbɛhwɛ abofra no so no. Afei mmofra a wɔto wɔn asaworam nso wɔ hɔ, mmofra a wɔn awofo anaa wɔn ahwɛfo mpɛ wɔn. Mmofra a woguan fi fie nso wɔ hɔ, kuw foforo a wɔdɔɔso yiye. Na wɔn a wɔyera anaasɛ wofi wɔn abusuafo nkyɛn nnɔnhwerew kakra anaa da koro anaa nnanu wɔ hɔ—mmofra a wɔmma fie wɔ bere a wɔhyɛ wɔn mu anaasɛ mmofra a wɔn awofo ante nea enti a wɔyɛ saa ase no titiriw. Eyinom mu kakraa bi na wɔyera koraa.
Nanso, dɛn na ɛto mmofra a wɔn asɛm no yɛ aniberesɛm kɛse no? Dɛn nti na awerɛhosɛm yi si? Nyan! yi pɛɛpɛɛ awerɛhosɛm no afã horow mu, na ebua asemmisa, Bere bɛn na ɛto betwa?