Bere a Ahɔho Kyere Mmofra Sie
“YƐSRƐ SƐ MOMMOA YƐN MA YƐNHWEHWƐ NO. YƐSRƐ MO, YƐSRƐ MO MOMMOA SARA!” Woyii awerɛhosɛm a awofo baanu a wɔahaw de too gua yi wɔ television so wɔ United States nyinaa de bɔɔ mmɔden sɛ wobehu wɔn babea Sara Ann Wood a wadi mfe 12 no. Ná wɔakyere no asie wɔ adapɛn abiɛsa a atwam no mu bere a ɔde sakre nam akuraa ase kwan bi so rekɔ fie no.
NNIPA BEBREE hwehwɛɛ nwuram, mfuw ne atare a ɛbemmɛn hɔ mu sɛ ebia wobehu abeawa a wayera no ho biribi anaa. Bɛyɛ saa bere no ara na Tina Piirainen, ɔwofo foforo a wahaw a ɔwɔ ɔmantam foforo bi a ɛbɛn hɔ mu nso de too gua wɔ television so sɛ ne babea ayera. Wɔdaadaa Holly a wadi mfe du no faa wuramkwan bi so, na dɔnhwerew biako annu na ɔyerae. Akyiri yi wohuu ne funu wɔ afuw bi mu.
Awofo a wɔn mma yera asetra yɛ awerɛhow kɛse. Da biara wodwennwen ho sɛ ebia wɔn ba no te ase, wɔrepira no anaasɛ wɔreto no mmonnaa, anaasɛ wawu, sɛnea abofra kumaa Ashley wui no. Ashley ne n’abusua kɔe sɛ wɔrekɔhwɛ ne nuabarima wɔ bɔɔl bi a ɔbɔɔ bi no mu. Bere a ne hwɛ fonoo no no, ɔnantew kɔɔ agodibea hɔ—na ɔyerae. Akyiri yi wohuu Ashley funu wɔ afuw bi a ɛbɛn hɔ mu. Ná wɔamia ne mene akum no.
Osuahu a Ɛyɛ Hu
Wɔ United States no, afe biara mmusua 200 kosi 300 benya osuahu a ɛyɛ hu a ɛne sɛ wɔbɛkyere wɔn ba asie, na ebia wɔrenhu no bio sɛ ɔte ase. Ɛwom sɛ sɛ wɔde wɔn dodow no toto nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu afoforo ho a ɛte sɛ nea esua de, nanso ehu a ɛba mpɔtam hɔ nyinaa no ka nnipa mpempem pii. Wɔde ahodwiriw bisa sɛ, ‘Ɛyɛ dɛn na awerɛhosɛm a ɛte sɛɛ yi tumi si wɔ ha? Me ba na wɔde bɛyɛ no ɔkyena?’
Wɔ United States no, mmofra a wɔkyere wɔn sie a wɔbɔ ho amanneɛ afe biara no dodow bɛyɛ 3,200 kosi 4,600. Wɔto eyinom mu nkyem abiɛsa mu abien anaa nea ɛboro saa mmonnaa. Ernest E. Allen, Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Mmofra a Wɔyera na Wodi Wɔn Amim ho nsɛm so titrani, kae sɛ: “Ade titiriw nti a wɔyɛ saa ne nna, nea ɛto so abien ne sɛ wobekum wɔn.” Afei nso, sɛnea Atemmu Asoɛe no kyerɛ no, afoforo a afe biara wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyere wɔn asie no boro 110,000, na wɔn a wɔtaa yɛ saa titiriw ne afirikafo, mmarima a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa abofra bi de no akɔhyɛ wɔn kar mu. Wɔredi mmofra nsɛmmɔne pii wɔ aman foforo so nso.
Asodi no Bi Da Ɔmanfo So?
Ɛdefa mmofra a wokum wɔn ho no, Australia nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ “ɛnyɛ asɛm a esi kwa.” Paul Wilson ka wɔ ne nhoma Murder of the Innocents—Child-Killers and Their Victims no mu sɛ “awudifo no ne nnipa a wokum wɔn no nyinaa hu wɔn ho wɔ tebea bɔne bi a ɔmanfo ankasa ama aba mu.”
Ebetumi ayɛ obi nwonwa sɛ obesusuw sɛ ɔmanfo na wɔma awerɛhosɛm yi si, anaa anyɛ yiye koraa no wɔka ho bi na esi, efisɛ nnipa dodow no ara bu mmofra a wodi wɔn amim na wokum wɔn no sɛ ahude. Nanso, sini, TV so dwumadi ahorow, ne nhoma a ɛkamfo nna ne basabasayɛ abu so wɔ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔso, ne nea ennyaa nkɔso kɛse mpo pii mu.
Aguamansɛm ho sini a mmofra ne mpanyimfo mpo a wɔasiesie wɔn ho sɛ mmofra wom abu so nnɛ. Eyinom ma ɔmanfo hu mmofra a wɔne wɔn da na wɔyɛ wɔn basabasa pefee. Wilson kɔ so ka wɔ ne nhoma no mu sɛ sini a ekura din te sɛ Death of a Young One, Lingering Torture, ne Dismembering for Beginners wɔ hɔ. Nnipa baahe na wɔhwɛ atirimɔdenne ne aguamansɛm? Ɛyɛ adwuma a ɛma wonya dɔla ɔpepepem pii!
Basabasayɛ ne aguamansɛm kɛse nya wɔn a wodi mmofra amim asetra so tumi kɛse. Ɔmmonnaatofo bi a wɔabu no fɔ a okum mmarimaa nkumaa baanum kae sɛ: “Meyɛ obi a ɔne mmarimaa da a wɔabu me fɔ wɔ awudi ho, na nea ɛde m’asehwe bae ne aguamansɛm.” Ɔdenimfo Berit Ås a ɔwɔ Oslo Sukuupɔn mu kyerɛ tumi a aguamansɛm a mmofra wom wɔ: “Yedii mfomso kɛse wɔ 1960 mfe no awiei. Yegye dii sɛ aguamansɛm betumi ama wɔagyae nna mu nsɛmmɔnedi denam nea mmonnaatofo de bedwudwo wɔn akɔnnɔ ano a ɛbɛma wɔanya no so, na yɛmaa ho kwan. Mprempren yenim sɛ yedii mfomso: aguamansɛm a ɛte saa no ma nna mu nsɛmmɔnedi yɛ nea mfomso nnim. Ɛma ɔmonnaatofo no susuw sɛ, ‘Sɛ metumi ahwɛ eyi a, mfomso nni ho sɛ mɛyɛ.’ ”
Pɛ a ɔpanyin bi pɛ sɛ ɔkanyan n’akɔnnɔ no yɛ kɛse bere a ontumi ntwe ne ho mfi aguamansɛm ho. Ne saa nti, ebinom pɛ sɛ wɔde ɔhyɛ anaa basabasayɛ nya mmofra de wɔn di dwuma wɔ wɔn bra bɔne no mu, a mmonnaato ne awudi ka ho.
Nneɛma foforo a ɛma wɔkyere mmofra sie wɔ hɔ. Sikasɛm mu ahokyere ama eyi anya nkɔanim wɔ aman bi so. Sika akɛseakɛse a mmusua a wɔyɛ adefo tua sɛ agyede no sum wɔn a wɔkyere mmofra sie no afiri ma wɔde wɔn ani sa mmofra. Afe biara wowia nkokoaa pii na wɔtɔn wɔn ma akuw a wogye mmofra hwɛ wɔn ma wɔde wɔn fi ɔman no mu.
Mmofra bɛn na wɔyera kɛse? Dɛn na ɛto wɔn? Nsɛm abien a edi hɔ no bɛhwehwɛ asɛm yi mu.
[Kratafa 6 adaka]
Mmofra Tuutuufo Ɔpepem Pii
Sɛnea Amanaman Nkabom no kyerɛ no, wɔahyɛ mmofra bɛyɛ ɔpepem du a wɔakyere wɔn mu pii asie, a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mu titiriw ma wosi tuutuu. Adwuma bɔne yi anya nkɔso wɔ Afrika, Asia, ne Latin Amerika bere a akwan a wotu kɔhwehwɛ amannɔne nya nkɔso no. Wɔ mmeae bi no, ɔpepem pii a wotu kwan kɔhwehwɛ amannɔne a wofi aman a wodi yiye mu titiriw, no mu bɛyɛ nkyem abiɛsa mu abien yɛ “wɔn a nna nti na wotutu akwan no.” Nanso, akontaabu da bi wɔ hɔ, efisɛ onipa nsɛmmɔnedi so “abue, nea yɛne no wɔ asɛm,” Yehowa Nyankopɔn, “anim.”—Hebrifo 4:13.
[Kratafa 5 mfonini]
Sɛ wɔkyere abofra sie a, ɛyɛ osuahu a ɛyɛ hu