Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 3/8 kr. 16-19
  • Nkonimdi Wɔ Asɔre No Din Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkonimdi Wɔ Asɔre No Din Mu
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔkɔyɛɛ Adwuma Maa Wɔn Asɔre
  • Atahualpa Adwensakra
  • So Ɛyɛɛ Yiye?
  • Asɛm Foforo ma Wiase Foforo
    Nyan!—1995
  • Amammerɛ Ahorow Ntam Asidi
    Nyan!—1992
  • So Ɛyɛ Ahyɛde a Wɔde Mae wɔ Onyankopɔn Din Mu?
    Nyan!—2013
  • So Ná Akwan A Kristoman Nam So Sakra Afoforo No Yɛ Kristofo De?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 3/8 kr. 16-19

Nkonimdi Wɔ Asɔre No Din Mu

“Sɛ Yesu te ase nnɛ a, anka ɔbɛyɛ obi a ɔde akode ko pere ahofadi.” Saa nsɛm yi a Protestanfo asɔre panyin bi kae no kyerɛ nea ɛrekɔ so wɔ nnɛyi Kristoman mu. Ɔsɔfo panyin bi a ofi Afrika kamfoo ɔman anidanfo a wɔadi nkonim wɔ “trenee basabasayɛ” mu. Protestantfo asɔre ahorow yi ntoboa ma nsɛmmɔnedifo a wɔyɛ ɔmanfo akuw ahorow. Asɔfo de akode ko hwehwɛ “nyamesɛm mu ahofadi.” Ɛreda adi kɛse sɛ nnipa a wɔpɛ nyamesom ayɛ krado sɛ wɔbɛfa basabasayɛ kwan so adu wɔn botae horow ho. So wote nka sɛ eyi teɛ? Asɛm a ɛka ho no ka tumi a ɛte sɛɛ a “Kristofo” de dii dwuma no ho nhwɛso a ɛwɔ abakɔsɛm mu ho asɛm. Ekura asuade ahorow bi a ɛyɛ awerɛhow.

SIKA kɔkɔɔ, anuonyam ne Asɛmpa no. Wɔaka sɛ saa nneɛma abiɛsa yi na ɛde tu a wotu kɔɔ Amerika asasepɔn no so bae. Atubrafo no mu biako kae sɛ ɔkɔɔ Amerika “esiane Onyankopɔn som nti . . . na ama wanya sika nso”!

Wobedi twa a Christopher Columbus dii kan twaa Atlantic ma ɛbuee kwan ma wotu kɔtraa hɔ no mfe a ɛto so 500 wɔ 1992 mu. Columbus akwantu a agye din kɛse yi de bere bi a ɛyɛ anigye bae wɔ hwehwɛ a wɔhwehwɛɛ Amerika asasepɔn no mu. Nea efii mu bae? Wɔde sika pii san twaa Atlantic kɔɔ Europa na wɔde Europa anyamesom kɔɔ amannɔne asase yi so. Nneɛma a wɔhweree? Amerikafo a wɔte asase no so a ahɔho no nam wɔn ahoɔden, nnaadaa, atirimɔden ne wɔn nyarewa ahorow a wonnim so brɛɛ wɔn ase na wokunkum wɔn no ma wɔhweree nneɛma pii.

Wɔbɛfrɛɛ saa ahɔho yi conquistadores (nkonimdifo) . Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo J. F. Bannon kyerɛ no, na wɔyɛ “akronkronfo ne mmonsam a wɔadi afra.” Ɛyɛ nea akyinnye biara nni ho sɛ wɔn akokoduru ne wɔn mmaninyɛ no binom yɛ nea sukuuni biara nim.

Hena na ɔntee Vasco Nunez de Balboa a otwaa Panama asasekɔn no na ɔnantew kwae, mmepɔw ne atɛkyɛ ahorow a onnim mu akwansin pii ma ɔbɛyɛɛ oburoni a odi kan a okohuu Pasifik Po no ho asɛm? Anaasɛ Hernan Cortes a ɔne ne mmarima tuu kwan tenten kodii Aztecfo so nkonim wɔ faako a nnɛ wɔfrɛ no Mexico no? Afei nso na Francisco Pizarro ne ne nuabarimanom a bere a wɔako ɔko dennen bɛboro mfe abien akyi no, wɔbrɛɛ Inca Ahemman kɛse no ase wɔ faako a nnɛ wɔfrɛ no Peru no wɔ hɔ. Ná ɔfoforo nso ne Pedro de Valdivia a ɔde n’ani kyerɛɛ kusuu fam kodii Chile so nkonim na ɔpam Arauca Indiafo no.

Wɔyɛɛ dɛn tumi dii ahemman ahorow a wɔahyehyɛ so nkonim ntɛm saa? Ɛyɛ nneɛma ahorow pii nti. Sɛ nhwɛso no, di a Cortes tumi dii Aztecfo so nkonim no fã bi fi akameakame a na ɛwɔ Aztec Ahemman no mu no. Bio nso, na ɛyɛ bere a edi kan a Aztecfo rehyia Europafo mmɛmma ne afoa ahorow ne apɔnkɔsotefo. Nea ɛka ho no, na Aztecfo sodifo Montezuma gye di sɛ Cortes yɛ onyame bi a ɔresan aba.

Sɛnea ɛte biara no, ankyɛ biara na “akuafo, nkorontufo ne asɔfo nyinaa dii nkonimdifo no akyi kɔe a wɔn nyinaa asiesie wɔn ho sɛ wɔrekɔkyekye afie a ɛbɛtra hɔ daa wɔ wiase foforo bi mu.” Nanso dɛn na na nyamesom ne nkonimdi no wɔ yɛ?

Wɔkɔyɛɛ Adwuma Maa Wɔn Asɔre

Wɔ nokwarem no, na nya a wobenya adwensakra ne ade a wosusuw ho titiriw wɔ akwantu a asiane kɛse wom no mu. Wɔ nkonimdifo no fã kɛse no ara man a ɛyɛ Spania mu no, na sodifo atitiriw baanu bi a wɔfrɛ wɔn Ferdinand ne Isabella “akanyan ɔmampɛ ne nyamesom mu nkate a ano yɛ den” a ɛda adi kɛse wɔ di a wodii Latin Amerika so nkonim no mu no.​—The Encyclopaedia Britannica.

Wɔ 1493 mu no, Paapa Aleksanda VI kyɛɛ wiase no mu maa Portugal ne Spania akwantufo a wokyin hwehwɛ nsase no, na ɔde biribiara a ɛwɔ atɔe fam a wɔde ani abu a efi kesee fam kosi kusuu fam a ne tenten bɛyɛ akwansin 300 wɔ Cape Verde nsupɔw ahorow no atɔe fam no maa Spania. Ná ɔde eyi rema wɔn sɛ akatua de “asi abosonsomfo a wɔama wɔanya adwensakra no ananmu.” Akyiri yi, aman abien yi a wɔwɔ tumi no penee nkyekyem a wɔyɛe yi so na wɔyɛɛ mu nsakrae denam ɔhye a woyi kɔɔ anim wɔ atɔe fam no so wɔ Apam a wɔyɛe wɔ Tordesillas no so.

Nea ɛyɛ anigye no, nea efii hyɛ a paapa yi de ne ho hyeem mu bae no yɛ nea wɔda so ara hu. Bere a wodii kan kohuu Brazil a ɛwɔ hɔ nnɛ mpoano no, wohui sɛ na ɛka wiase a ɛyɛ Portugalfo de no ho. Enti nnɛ mpo no, Brazilfo ka Portugal kasa bere a nnipa a wɔwɔ Kusuu Fam ne Amerika Mfinimfini no mu fã kɛse no ara ka Spania kasa.

Ɛda adi sɛ nkonimdifo no mu pii maa wɔn adwuma no fã a ɛfa nyamesom ho no traa wɔn adwenem. Sɛ nhwɛso no, Ɔkyerɛkyerɛfo P. J. Mahon ne Jesuitfo sɔfo J. M. Hayes kyerɛw sɛ: “Na adwensakra a asase no sotefo benya no yɛ ade a Cortes ammu n’ani angu so. Ɔka wɔ amanneɛbɔ ahorow a ɔde kɔmaa ɔhempɔn no mu biako a ɔkyerɛw no 1524 mu sɛ, ‘sɛnea mekyerɛw brɛ wo a woyɛ Otumfoɔ mpɛn pii no, maka krado a asase no sotefo binom ayɛ sɛ wobegye yɛn Katolek Gyidi Kronkron no atom na wɔabɛyɛ Kristofo no akyerɛ wo a woyɛ Obirɛmpɔn no. Na masoma sɛ wɔmmɛsrɛ wo a woyɛ Otumfoɔ no sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma nyamesomfo a wobu bra pa na wɔyɛ nhwɛso pa bɛba abedi eyinom ho dwuma.’”​—Trials and Triumphs of the Catholic Church in America.

Abakɔsɛm kyerɛwfo William H. Prescott de ka ho sɛ: “Ná biribiara nni hɔ a Spania aban no susuw ho kɛse sen adwensakra a Indiafo no benya no. Ɛyɛ wɔn ahyɛde horow no mu ade titiriw bere nyinaa na ɛmaa sraadi ho adwuma ahorow a wɔyɛe wɔ atɔe fam wiase yi mu no bɛyɛ sɛ mmeamudua ho akodi kwan so de.” Nanso hyɛ eyi nsow: “Wɔn adwenem mu anyɛ wɔn naa wɔ nea ebefi nya a wobenya adwensakra no mu aba no ho, ɛmfa ho sɛ ɛbɛba mpofirim anaasɛ ɛnam basabasayɛ so. Nkrante tumi kasa yiye wɔ faako a tɛkrɛma no antumi anyɛ saa no.”

Nanso, mpɛn pii no, saa nnipa a wodii mmarimasɛm yi de koma pa ne atirimɔden a adi afra a wɔntaa nhu na ɛyɛɛ wɔn adwensakra adwuma no. Fa nea ɛtoo Atahualpa a na ɔyɛ Incafo hene no sɛ nhwɛso.

Atahualpa Adwensakra

Pizarro na odii Inca ahemman no so nkonim. Esiane sɛ na ɔwɔ asraafo kakraa bi nti, Pizarro tee nka sɛ ɔkwan biako pɛ a obetumi afa so adi Inca Ahemman no so nkonim ne sɛ ɔbɛkyere Atahualpa na wafa no nnommum. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ obehyia Incafo sodifo no wɔ Cajamarca wɔ November 16, 1532 mu. Nanso ansa na Atahualpa bɛba no, Pizarro de n’aprɛm ne n’asraafo kogyinaa kurow no mmorɔn abiɛsa so wɔ kokoam. Afei sodifo no ankasa bedui a ne mmarima bɛboro 3,000 ka ne ho​—wɔn nyinaa nkura akode, gye mporibaa ne ataabo nketewaa bi.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Robert Barton de nea edii akyi bae no ho kyerɛwtohɔ ma: “Ɔkokorani a wɔfrɛ no Vicente de Valverde a ofi Dominica kɔɔ ahengua no anim a okura Bible wɔ ne nsam sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ Kristosom mu tumi horow a ɛyɛ kronkron no mu. Ɔkaa Ɔbɔadeɛ no ho asɛm de fii ase na ɔkaa Yesu Kristo ne N’afɔrebɔ kɛse wɔ mmeamudua so no ho asɛm pii. Ɔka kyerɛɛ Atahualpa sɛ ɔmpa n’ankasa nyamesom a ɛyɛ abosonsom no na onnye Ɔhempɔn Charles V a ɔbɛbɔ ne ho ban fi saa bere no wɔ wiase yi mu sɛnea Yesu Kristo bɛyɛ wɔ nea edi hɔ no mu no ahenni ntom.”​—A Short History of the Republic of Bolivia.

Ɛbɛyɛ sɛ ɔkasa yi maa Incafo sodifo no ho dwiriw no. Sɛnea Barton kyerɛ no, obuae sɛ: “‘Mo Nyankopɔn no de, nnipa a ɔbɔɔ wɔn no ara na ekum No, na me de no de ɔte ase daa na ɔbɔ ne mma ho ban,’ na ɔde ne nsa rekyerɛ owia a ayɛ kɔkɔɔ a ɛrekɔtɔ wɔ mmepɔw no akyi no. Tumi bɛn na wo de ka saa nsɛm yi?’” Ɔkokorani no de ne nsa kyerɛɛ Bible no na ɔde maa Atahualpa nanso ɔtow kyenee fam. Ɔkokorani Vicente maa ne Bible no so na ɔyɛɛ ntɛm kɔkaa nea asi no kyerɛɛ Pizarro. Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔkae sɛ: “Montoa wɔn ntɛm ara. Mama mo kwan.” Pizarro kyerɛe sɛ ntua no mfi ase, na wokunkum Indiafo a wonni ahobammɔ biara no ɔhaha pii na wɔfaa Atahualpa dedua.

Atahualpa ne Pizarro ka gyae a wobegyae no ho asɛm. Ɔde agyede pii a ɛyɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a Pizarro penee so sɛ obegye no mae. Nanso bere a wɔde ademude no nyinaa ma wiee no Pizarro buu ne bɔhyɛ no so. Wodii Atahualpa asɛm na sɛ́ obosonsoni no wobuu no fɔ sɛ wɔmfa ogya nhyew no. Pizarro afotufo pii kasa tiaa nnaadaa adeyɛ a ɛte sɛɛ nanso ɔsɔfo Valverde de na ɔpene so. Awiei koraa no, Atahualpa kae sɛ wabɛyɛ Kristoni na wɔbɔɔ no asu. Nanso womiaa ne menewa kum no August 29, 1533.

Afei Pizarro dii Inca Ahemman no so nkonim wiei. Wɔ eyi yɛ mu no, osisii asɔredan ahorow, bubuu ahoni ahorow gui na osisii mmeamudua ahorow wɔ akwan ho.” (The Trials and Triumphs of the Catholic Church in America) Nanso so wususuw sɛ ɔsom a na ɔretrɛw mu no yɛ Kristosom ankasa?

So Ɛyɛɛ Yiye?

Wɔ sraadi mu no, wɔn mmɔdenbɔ no yɛɛ yiye. Nkonimdifo akuw nketewa ahorow no trɛw wɔn man a wofi mu no ahemman no mu na ne titiriw no wonyaa anuonyam ne sika. Nanso sɛ́ Kristofo no, so biribi fii wɔn basabasayɛ no mu bae?

Ɛte sɛ nea ɛbaa saa wɔ bere tiaa bi mu. “Asɔfo a na wɔka akwantu ahorow a edi kan no ho no sɛee abosonnan ne ahoni ahorow na wɔkasa tiaa abosonsom; nnipa pii fii ase sakrae bere a asɛmpatrɛwfo fii Spania kɔe no . . . Indiafo no de nnamyɛ kɛse gyee asubɔ.” (Encyclopaedia, Britannica) Nanso na adwensakra no mu yɛ den dɛn?

Abakɔsɛm kyerɛwfo Ruggiero Rumano ka sɛ: “Ɛwom sɛ wɔakyerɛkyerɛ wɔn nsɛmpa ahorow no bere tenten de, nanso mprempren wɔnyɛ Kristofo nsen bere a wodii wɔn so nkonim no, efisɛ sɛ yɛka gyidi ho asɛm a, wonni bi nsen saa bere no wɔ Bolivia a ɛwɔ hɔ nnɛ ne Peru no, som a wɔsom abosonsom nyamewa Pacha-Mama (Asase-na) da so ara wɔ hɔ, ɛwom sɛ wɔagye atom sɛ ɔne ɔbaabun no de . . . Wɔ Mexico no, som a wɔsom Ɔbaabun a ɔwɔ Guadalupe no nyaa ne mfiase fii onyamewa Tonantzin (anyame no na) som mu.”​—Mecanismos da Conquista Colonial.

Ɔkyerɛwfo koro no ara kae sɛ: “Mpɛn pii no, biribiara mfi asɛnka no mu mma . . . Dɛn ntia? Efisɛ basabasayɛ nyaa ɔfã kɛse nso wɔ asɛnka no mu. Wobɛyɛ dɛn aka nyamesom a wɔkyerɛ sɛ emufo wɔ ɔdɔ ho asɛm akyerɛ, bere a wɔka sɛ ‘obiara nni hɔ a obetumi agye kyim sɛ atuduru a wɔde dii dwuma tiaa wɔn a wɔanni nokware no te sɛ aduhuam ma Awurade no’?”

Dabi, sɛ Kristofo no, wɔrentumi nnya biribi mfi basabasayɛ a ɛte saa mu. Adwensakra a wonya denam nkrante so rentumi mma wɔnsakra wɔn nipasu na wɔn ankasa ntu wɔn ho mma sɛnea nokware Kristosom hwehwɛ no. Mmom no, “asɛnkafo” no ankasa bɛyɛɛ adwowtwafo. Hu sɛ ntawntawdi ahorow a ano yɛ den ne mpaapaemu da so ara wɔ saa nsase ahorow a asɛnkafo nkonimdifo a wokura nkrante dii kan kɔɔ hɔ no mu pii so. Na nnɛ asɔfo ne mmea a wosua asɔfodi binom ma ntawntawdi nya nkɔso denam nnɛyi akode ahorow a wɔde di dwuma hwehwɛ “nyamesɛm mu ahofadi” no so.

Yesu kwan a ɔfaa so no yɛ soronko. So wokae nea ɔyɛɛ wɔ anadwo a wɔkyeree no a ɔsomafo Petro bɔɔ mmɔden sɛ ɔde nkrante bɛbɔ ne ho ban no? Yesu kae sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Bere tiaa bi akyi wɔ da no ara mu no, Yesu ka kyerɛɛ Pontio Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.”​—Yohane 18:36.

Saa akokoduru nsɛm a ɛkanyan adwene yi kyerɛ sɛ, sɛ anka Yesu yɛ onipa wɔ asase so nnɛ a, nokwarem no ɔrenyɛ obi a ɔde akode di dwuma hwehwɛ ahofadi. Enti wɔn a wodi Yesu anammɔn akyi ankasa no rentumi mfa wɔn ho nhyɛ basabasayɛ a ɛte sɛɛ mu. (1 Petro 2:21-23) Esiane sɛ eyi te saa nti, ɛsɛ sɛ yebisa eyi: Ná akokofo te sɛ Cortes ne Pizarro gyina hena “ahenni” ankasa ananmu? Na nnɛ, hena “ahenni” na saa Protestantfo ne Katolekfo asɔfo a wɔde wɔn ho hyɛ amansɛm mu no reko ama? Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ Ahenni a Yesu Kristo yɛ so hene no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]

Mpɛn pii no, nkonimdifo no de koma pa ne atirimɔden a adi afra a wɔntaa nhu na ɛyɛɛ wɔn adwensakra adwuma no

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Ɛwom sɛ wɔkaa nyamesom a wɔkyerɛ sɛ emufo wɔ ɔdɔ ho asɛm de, nanso wobuu atuduru a wɔde dii dwuma tiaa wɔn a wɔanni nokware no sɛ ɛyɛ “aduhuam ma Awurade”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena