Wiase Nyinaa Aduankɔm—Nea Ɛsen Aduan Ka Ho
“Ɔkɔm de nnipa ɔpepem 35 wɔ Afrika a ɔpɛ asi hɔ no”
“Nhyehyɛe mu kateeyɛ ne aduan a enni hɔ ama ɔkɔm de asasepɔn bi sofo”
“Ɔpɛ, owu ne abasamtu”
EBIA woahu nsɛmti ahorow pii a ɛte sɛ eyinom wɔ nnansa yi mfe yi mu. Mpɛn pii nea ɛka ho ne mmofra a ɔkɔm de wɔn a wɔn aniwa ayeyɛ siamoo na wɔn afuru ahonhon, aguanfo atrae a nnipa a wɔayeyɛ te sɛ owu nkrampan ayɛ hɔ ma ne nsase kesee a mmoa afunu gugu so ho mfonini—eyinom nyinaa yɛ nneɛma a entumi mfi obi adwenem.
Amanneɛbɔ ahorow ma ehu ka obi saa ara. Amanaman Nkabom no nhoma titiriw a wɔfrɛ no Courier no biako a wɔbɔɔ din tintimii no ka no pefee sɛ na nkurɔfo wɔ anidaso wɔ mfe du a atwam ni no mu, na ɛde ka ho sɛ: “Nanso ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ tebea a wɔn a ahia wɔn no wom no kɔ so sɛe. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa ɔpepem 500 redi kɔm da biara da.” Amanaman Nkabom no Wiase Nyinaa Aduan Ho Bagua no ka sɛ, “mmofra ɔpepem 15 wuwu wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu afe biara esiane aduan pa a wonnya nni nti,” a ɛkyerɛ sɛ mmofra a wowuwu no dɔɔso sen wɔn a wowuwu wɔ aman a wɔanya nkɔso no mu no mpɛn 30. Na sɛnea Wiase Nyinaa Sikakorabea no kyerɛ no, Afrikafo ɔpepem 200—wɔdɔɔso sen nnipa a wɔte asasepɔn no so ɔha biara mu 60—aduan a wonya di no nnu nea ebetumi ama wɔanya ahoɔden atra nkwa mu.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebia woakenkan amanneɛbɔ ahorow a anidaso wom a ɛfa mfiridwuma ho nimdeɛ a wɔrenya a ɛbɛma wɔanya nnuan a ɛbɔ pii na nyarewa ntumi nsɛe no anaa etumi yɛ yiye wɔ ɔpɛ bere mu no ho asɛm nso. Wɔrema akwan afoforo a wɔnam so yɛ kua anya nkɔso sɛnea ɛbɛma wɔanya nnɔbae a ɛdɔɔso. Nniso ne ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ wiase no mu nyinaa reyɛ boa a wɔbɛboa no ho nhyehyɛe ahorow ahorow. Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ aduan ne kuadwuma ho nsɛm so no ka sɛ, sɛ wɔkyekyɛ aduan a wonya wɔ wiase no mu pɛpɛɛpɛ ma obiara a, obiara a ɔwɔ asase no so no benya aduan mu nneɛma pa no mu biako a wɔfrɛ no calories no 3,000 da biara a ɛyɛ nea ɛdɔɔso sen nea nnipa no mu fã kɛse ara hia ankasa no. Nokwarem no, wɔ aman horow binom mu no, nniso horow no tua sika ma akuafo mpo sɛ wɔntew nnɔbae a wonya no dodow so sɛnea ɛbɛyɛ a aduan a ɔman no anya ma aboro so no so bɛtew na ama ne bo atra hɔ sɛnea ɛte no ara. Eyi nyinaa ma ɛyɛ te sɛ nea ɔkɔm ase rebegu.
Bere a yesusuw nokwasɛm ahorow no ho no, ade biako da adi. Aduan a wɔbɛma wɔn a ɔkɔm de wɔn wɔ wiase no mu anya adi no ho haw nte sɛ nea wohu no no. Ebia nyansahufo ne akuafo wɔ mfiridwuma ho nimdeɛ a ɛbɛma wɔatumi ama yɛanya aduan pii. Ebia nniso ne ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ wiase no mu no wɔ nhyehyɛe ahorow a eye a ɛbɛma wɔadi ɔhaw ahorow no ho dwuma. Nanso ɛte sɛ nea nneɛma ahorow bi a esiw nkonim ankasa a wobedi no kwan wɔ hɔ a wonnim na ama wɔredi nkogu wɔ ko a wɔreko atia ɔkɔm no mu. Dɛn nti na eyi te saa? Nneɛma ahorow a wonnim no mu binom ne nea ɛwɔ he? Na so wobetumi ama nnipa a ɔkɔm de wɔn wɔ wiase no mu no anya aduan adi ankasa?
[Kratafa 3 adaka]
Kum a Ɔkɔm Kum Obi
“OBI a wanyin a ɔwɔ ahoɔden a wɔma no nsu nom na wɔmma no aduan nni no bewu wɔ nnafua 50 kosi 70 ntam. Nanso esiama sɛ aduan pa a onnya nni ama wayɛ mmerɛw nti, ɛkame ayɛ sɛ nyarewa afoforo yɛ no bere nyinaa. Obi a ɔkɔm de no no wu bere a aduan a ɛwɔ ne nipadua mu nyinaa asa no. Nipadua no de aduan titiriw a ɛma enya ahoɔden a ɛne glucose a enya da koro no mu fã kɛse no ara sie, na sɛ eyi sa a, efi ase twetwe aduan fi srade a ɛwɔ nipadua no mu no mu denam nan a ɛnan srade no so. Bere a srade a ɛwɔ nipadua no mu asa no, ɛsɛ sɛ nipadua no bubu protein a ɛwɔ honam ne ntini atitiriw afoforo no mu no mu na ɛsɛe koma, asaabo, ne akwaa afoforo no nkakrankakra. Mpɛn pii ɔyafunu no hon esiane nsu pii a ɛba mu no nti. Bere a nipadua no fon no, ɔhonam no ani yɛ hoaa, nnompe no yɛ mmerɛw na nhwi no tutu. Ahoɔhare a mogya no de nam nipadua no mu no ano brɛ ase. Wɔ mmofra fɛm no, adwene no gyae nyin. Nipadua no mu nneɛma a ɛko tia nyarewa no fi ase sɛe na mpɛn pii eyi ma ɔyare a emu yɛ den a etumi kum nnipa yɛ onii no. Nsono no yɛ ketewaa. Onii no aniwa ntumi nhu ade, n’aso ntumi nte asɛm na ontumi nkasa. Bere a nipadua no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛtew nneɛma a ɛma n’ahoɔden a ehia no so no, mpɛn pii ɔhyew a ɛwɔ nipadua no mu no ano brɛ ase. Awiei kora no, nipadua no gurow na ewu esiane yɛ a akwaa no mu pii ntumi nyɛ adwuma nti.”—Nyansahu Afã, The New York Times, January 1, 1985.