Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 11/8 kr. 9-12
  • Nananom A Wɔawuwu A Wɔsom Wɔn—Nea Enti A Ɛkɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nananom A Wɔawuwu A Wɔsom Wɔn—Nea Enti A Ɛkɔ So
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena Na Ɔma Ɛba Saa?
  • Wonsuro Awufo Bio
  • Ɔkɔmfo Gyae Nananom a Wɔawuwu a Ɔsom Wɔn
  • Dɛn Nti Na Asɔre Ahorow Bebree Wɔ South Africa?
    Nyan!—1981
  • Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Mesom Me Tete Nananom
    Nyan!—1981
  • Gyidi Ayaresa​—Edi Dwuma Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 11/8 kr. 9-12

Nananom A Wɔawuwu A Wɔsom Wɔn​—Nea Enti A Ɛkɔ So

Efi South Africa “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

PROTESTANTNI ɔsɛmpatrɛwfo Willoughby kyerɛw wɔ 1928 mu sɛ, “Atɔe Fam anibuei ankasa yɛ nea ɛdɔɔso a ebetumi agu nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn a ɛyɛ ɔsom a ɛwɔ hɔ no.” Nea ɛne nea wɔka too hɔ no bɔ abira no, nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no rekɔ so wɔ Afrika. Nnipa pii suro wɔn nananom a wɔawuwu no. Na sɛ ɔyare bɔ wɔn a, nnipa pii da so ara kɔ adebisafo ne akɔmfo nkyɛn a wɔwɔ anidaso sɛ ayarefo no nananom a wɔawuwu no ahonhom betumi asa wɔn yare.

Dɛn nti na nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no kɔ so wɔ mmɔden kɛse a Kristoman bɔ sɛ ebegu no nyinaa akyi no? Hyɛ nea Encyclopaedia Britanica ka no nsow: “Nneɛma a wɔyɛ wɔ nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no mu no nsɛso wɔ Kristofo som a ɛfa awufo ne akronkronfo ho no mu.” “Nsɛso ahorow” a ɛte saa no fi gye a Kristoman gye ɔkra a enwu da di no. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Kristoman asɛmpatrɛwfo ayɛ pii de ahyɛ Afrikafo gyidi a ɛkyerɛ sɛ wɔn nananom a wɔawuwu no betumi aboa anaa wɔapira wɔn no mu den. Oduruyɛfo Ngubane ka wɔ nhoma a wɔfrɛ no Body and Mind in Zulu Medicine mu sɛ: “Mpɛn pii Zuluni a ɔyɛ Kristoni a ɔte ne kurom no nhu nsonsonoe biara wɔ Kristofo gyidi ne wɔn nananom gyidi no mu.”

Wɔagye adebisafo ne akɔmfo binom mpo atom wɔ Kristoman asɔre ahorow no mu. Nhwehwɛmu bi a ɔbenfo Chavunduka a ɔwɔ Zimbabwe Sukuupɔn mu yɛe no daa no adi sɛ, na Methodistfo, Anglikanfo, Seventh-Day Adventistfo, ne Dutch Reformed Church no mufo ka nnipa 145 a wɔyɛ adunsinfo no ho. Ɔkae sɛ, “Asɔre bi muni a obi yɛ no nsiw no kwan sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ ne nananom som mu.”

Atirimpɔw foforo nti a nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no rekɔ so no ne nnɛyi nnuruyɛfo pii a wonni no. Esiane sɛ oduruyɛfo biako hwɛ Afrikafo bɛboro 5,000 nti, nnuruyɛfo a wɔde mfiri tu kwan wɔ bere ne bere mu nkutoo na wotumi kɔsra mmeae horow bi. Nanso adunsinfo, adebisafo ne akɔmfo a wɔdɔɔso wɔ hɔ. Enti ɛnyɛ den sɛ wobenya ɔkɔmfo sen sɛ wobenya oduruyɛfo a wɔatete no wɔ sukuupɔn mu.

Nea ɛyɛ nwonwa no, ayarefo pii koma tɔ wɔn yam kɛse wɔ ayaresa a wonya no ho. Adwenemyare ho adenimfo a wɔfrɛ wɔn Griffiths ne Cheetham kyerɛw wɔ South African Medical Journal no mu sɛ, “Ɛda adi sɛ ɔkwan a ayaresafo yi nam so sa yare no atumi aboa kɛse ma wɔanya ahotɔ wɔ ɔhonam ne adwene mu nyinaa, na wɔ akyerɛwfo no adwene mu no, wɔn na wɔkɔ so sa Afrikafo mu fa kɛse no ara yare . . . Sɛ ayarefo a wɔyɛ abibifo hu bo a Atɔe Fam ayaresa som ne mpɔn a etu no mpo a, mpɛn pii ɛnyɛ nea wogye tom wie na wɔn mu pii kɔ iSangoma [ɔkɔmfo] nkyɛn bere a wɔasa wɔn yare wɔ ayaresabea no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa wɔn ho yare ‘awie koraa.’”

Enti nnuruyɛfo mpanyimfo binom asi gyinae sɛ sɛ anka wɔbɛbɔ mmɔden ama “ayaresafo” a wɔte saa no agyae wɔn adwuma no, ɛsɛ sɛ wɔne wɔn yɛ dwuma mmom. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1979 mu no, Katolek Asɔre no boaa “ntetee a wɔde ma adunsinfo a wɔsa nyarewa ahorow ho nhyehyɛe” no wɔ Ghana. Ebeduu 1980 mu no, na adunsinfo 41 anya akwan horow a wɔfa so sa yare wɔ Atɔe Fam no ho ntetee. Onipa asetra ho ɔdenimfo Warren kae sɛ “Adwuma yi kyerɛ su a wɔwɔ wɔ odunsini a ɔyɛ ɔboafo kɛse wɔ apɔwmuden a wɔrehwehwɛ no mu a wɔresakra no.”

Kan no na asɔre ahorow no sɔre tia adebisafo ne akɔmfo. Mprempren de, wɔasakra wɔn nneyɛe. Bere a wogye nnɛyi aduruyɛ tom no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so anya mmoa a efi asɔre no mufo a wɔda so ara kura nananom gyidi no mu no hɔ.

Hena Na Ɔma Ɛba Saa?

So adunsinfo a wɔwɔ Afrika no tumi sa nkurɔfo yare mpɛn pii? Akyinnye biara nni ho sɛ nhaban a wɔkyerɛ no bi tumi sa yare. Nanso ɛte sɛ nea adebisafo ne akɔmfo no tumi sa nyarewa ahorow binom a Atɔe Fam aduruyɛ ntumi nsa no! So nhaban nkutoo na etumi yɛ eyi? Ɛnte saa. Ɛnde so ebetumi aba sɛ awufo reboa ateasefo ankasa?

Ɛnte saa, sɛnea Katolekni oduruyɛfo ne ɔsɛmpatrɛwfo Kohler kyerɛ no. Ɔkaa Afrika akɔmfo no dwumadi ho asɛm sɛ ɛyɛ “nnaadaafo a wɔde anifere di dwuma” adwuma. Nokwarem no, nnipa pii a wɔwɔ Kristoman mu nnye adwene a ɛkyerɛ sɛ ahonhom bi a aniwa ntumi nhu wɔn a wɔwɔ tumi sen onipa wɔ hɔ no nni.

Nanso saa ahonhom no mu gyidi nyɛ nea ɛyɛ mmerɛw sɛ wobepia ato nkyɛn. Sɛ nhwɛso no, Ɔbenfo Jahoda kae wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ mfe bi a atwam no mu wɔ Edinburgh Sukuupɔn a ɛwɔ Scotland no mu a ɛfa asɛmti a ɛne “Akɔmfosɛm ne Ayaresa” ho no ase sɛ: “Na sukuufo no mu pii a mekyerɛɛ wɔn ade no yɛ nnipa a wonim ade yiye . . . Na afei nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ɛte sɛ nea wɔn mu pii gye nneɛma pii a ɛyɛ nwonwa a wɔn atipɛnfo a wɔwɔ ɔman yi mu no rennye nni sɛ ɛwɔ hɔ di kɛse no maa me ho dwiriw.”

Ebinom bisa sɛ, ‘So ɛbɛyɛ sɛ biribi ka nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no ho?’ Bible no bua pefee: “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Sɛ onipa wu a, “ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:4) Ɔkra a enwu da biara nni hɔ a ɛba bɛsa nyarewa anaa ebeyi ateasefo hu. Efisɛ Bible no kyerɛ pefee sɛ, “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4; Romafo 3:23) Ɛnde dɛn na ɛma anwonwade nyinaa a ɛka nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no ho ba? Ahonhommɔne (adaemone) a Satan Ɔbonsam yɛ wɔn kannifo no! (Adiyisɛm 12:9, 12) Ɛda adi sɛ Satan adaemone akyidifo no nya anigye wo adesamma a wɔdaadaa wɔn no mu denam yɛ a wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔn nananom a wɔawuwu no so.​—Fa toto Samuel 28:7-19 ho.

Ɛwom, mpɛn pii Kristoman asɔfo pow wɔ a adaemone wɔ hɔ no denneennen. Nanso Yesu Kristo ankasa ne Satan Ɔbonsam nyaa akasakasa. (Luka 4:1-13) Bible no mpo ka tu a otuu ahonhommɔne fii nnipa a na adaemone wɔ wɔn mu no ho asɛm. (Luka 4:33-37; 8:27-33; 9:37-42) Enti wɔn a wɔsom nananom a wɔawuwu no reboa onipa tamfo a ɔsen biara​—Satan​—wɔ ɔkwan a wonnim so!

Wonsuro Awufo Bio

Ɛdenam Bible mu nokware ahorow yi a Yehowa Adansefo da no adi kyerɛ nkurɔfo so no, wɔaboa Afrikafo pii ma wonsuro awufo na wɔnsom wɔn bio. Eyi anyɛ mmerɛw bere nyinaa. Abarimaa biako a wadi mfe 19 a wɔfrɛ no Thembukwazi fii ase suaa Bible no. Bere a osuae sɛ nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no nye akyi no, wampene so sɛ ɔbɛda ne nananom a wɔawuwu no ase wɔ abusua no amanne bi a wɔyɛe no mu. Eyi maa n’abusua no bo fuwii na awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ ofi fie. Nokwarem no, wohunahunaa abusua bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔmaa no baabi trae no sɛ wobekum wɔn! Nanso Thembukwazi kɔɔ so suaa Bible no na wɔ 1979 mu no, wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako.

Ɔbea bi a wɔfrɛ no Alphina nso brɛe ansa na otumi twe ne ho fi ɔsom a egyina atetesɛm so ho. Nazarene Asɔre a ɛwɔ Hammarsdale a ɛwɔ South Africa no sɔfo bi kyerɛɛ no ahonhonsɛmdi. Ɔreto nsa afrɛ no ma wakɔtra ne fie biako mu no, ɔhyɛɛ no bɔ sɛ, sɛ ɔba a, ne nananom a wɔawuwu no bɛma no “akyɛde titiriw” bi. Ɔpenee nsa a ɔto frɛɛ no no so, nanso ankyɛ biara na nsɛnneennen sɔree. Alphina ka sɛ, “Ahonhommɔne fii ase haw me kɛse. Na me ho wosow kɛse na afei na mete nka te sɛ nea wɔde dade bi a ano yɛ nnam wowɔ me.” Ankyɛ biara onyaa “akyɛde” no​—“anwonwa kwan so ayaresa” tumi! Nanso adaemone no kɔɔ so haw no, na esiane abasamtu nti, ogyaee asɔre no wɔ mfe anan akyi. Akyiri yi Yehowa Adansefo mu biako kɔɔ ne nkyɛn na ofii ase kyerɛɛ no Bible no. Ɔka sɛ, “Ɛbɛdaa adi pefee sɛ wɔn a misusuw sɛ wɔyɛ me nananom a wɔawuwu no yɛ ahonhommɔne ankasa. Enti bere a mesɛe nneɛma ahorow a wɔde di dwuma wɔ ahonhonsɛmdi mu akyi no, medee me ho fii ahonhommɔne ho.”​—Asomafo no Nnwuma 19:18-20.

Ɔkɔmfo Gyae Nananom a Wɔawuwu a Ɔsom Wɔn

Na Simon a onnyinii a ɔyɛ ɔdebisafo no abɛyɛ ɔkɔmfo. Obisaa ne maame nua a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako sɛ, “So Bible mma kwan sɛ obi bɛyɛ ɔdebisafo anaa ɔkɔmfo?” Obuae sɛ “Yiw,” na ɔde Bible mu asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 18:10-12 kyerɛɛ no, nea ɛka sɛ: “Mma wonhu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu, ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu efisɛ [Yehowa] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa, na akyide yi nti, na [Yehowa] wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim yi.”

Mpɛn pii wɔn a wɔte nka sɛ “wɔafrɛ” wɔn sɛ wɔmmɛyɛ akɔmfo suro sɛ sɛ wogyae asumansɛm no a wobewu. Nanso ɔkanyan Simon anigye na ɔpenee so sɛ ɔne no besua Bible no daa.

Joyce kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Bere a yefii ase suaa ade no, ɛtɔ bere bi a ahonhommɔne bɛhaw no. Mihu sɛ ne ho nyinaa fi ase popo. Mifi ase bɔ mpae bere biara a wofi ase haw no no na adaemone no kɔ. Esiane eyi nti, misii gyinae sɛ me ne Simon besua Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn​—So Wɔboa Yɛn? anaa Wodi Yɛn Awu? nhomawa no.a Mifii ase de mpaebɔ buee adesua biara ano nso na meka kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn na amma adaemone ammɛhaw yɛn. Adaemone ammɛsɛe yɛn Bible adesua no bio.”​—Mateo 6:9, 13.

Wɔ bere tiaa bi mu no, Simon gyaee n’akɔmfosɛm no, na ɔtow nneɛma a wɔde di dwuma wɔ akɔmfosɛm mu no nyinaa guu asubɔnten bi mu. Joyce kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Afrikafo bu ade a ɛte sɛɛ sɛ ɛyɛ nea asiane wom na ɛhaw Simon papa. Ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ɔkɔmfo a ɔtetee Simon no. Ɔbarima yi kae sɛ Simon nananom a wɔawuwu no bekum no esiane sɛ wantie wɔn nti.”

Nanso Simon da so ara te ase! Nokwarem no, wɔ 1983 mu no, wɔbɔɔ Simon asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako. Simon ka sɛ, “M’ani agye sɛ Yehowa aboa me ma magyae adaemone som.”

Saa ara na nnipa mpempem pii nso a wɔaboa wɔn ma wonsuro wɔn nananom a wɔawuwu no te nka!

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɔwɛn Aban Bible ne nhomawa Asafo no na atintim.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Yehowa Adansefo reboa nkurɔfo ma wɔahu sɛ awufo nnim hwee ampa

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Kristoman nkyerɛkyerɛ ahorow ahyɛ som a Afrikafo som wɔn nananom a wɔawuwu no mu den

[Box on page 12]

“Na ɔkra a ɔdan ne ho kɔ adebisafo anaa asumanfo nkyɛn kodi wɔn akyi aguamammɔ kwan so no, mɛma m’ani asa saa ɔkra no, na metwa no afi me man mu akyene. Enti montew mo ho na monyɛ kronkron: na mene [Yehowa] mo Nyankopɔn.”​—Leviticus 20:6, 7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena