Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 9/8 kr. 21-24
  • Dɛn Nti Na Asɔre Ahorow Bebree Wɔ South Africa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Asɔre Ahorow Bebree Wɔ South Africa?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Adwene a Na Wokura Ho Nhwɛso Horow
  • Tete Nneɛma Ahorow San Ba
  • Huammɔdi
  • Mpaapaemu a Ɛwɔ Asɔre Ahorow a Wɔatetew Wɔn Ho No Mu
  • Nananom A Wɔawuwu A Wɔsom Wɔn—Nea Enti A Ɛkɔ So
    Nyan!—1985
  • Aba A Kristoman Retwa Wɔ Afrika
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • South Africa Nyamesom Nwenehosɛm
    Nyan!—1988
  • So Nyamesom Repopa Afi Hɔ?
    Nyan!—1988
Nyan!—1981
g81 9/8 kr. 21-24

Dɛn Nti Na Asɔre Ahorow Bebree Wɔ South Africa?

Efi South Africa “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

NSAKRAE ahorow aba Afrika mfe bebree mu na asɛe asetra mu nneɛma bebree, a nyamesom ka ho. Sɛnea abakɔsɛm anaa atetesɛm kyerɛ no, na nenanom a wɔawuwu a wɔsom wɔn yɛ ade a abu so wɔ mmusua ahorow no nyinaa mu. Nanso, wɔ bere a na Aborɔfo di so no mu no, Kristoman asɔre horow hwehwɛɛ nsase na wosisii adan.

Afei, biribi a ɛyɛ ahodwiriw sii. Kristoman asɔre nhyehyɛe fii ase dwuruwii. Asɔre ahorow ɔhaha pii a wɔatetew wɔn ho bae bere tiaa bi mu na eyinom nso mu paapaee yɛɛ asɔre afoforo. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi kyerɛ sɛ Abibifo asɔre horow anaasɛ fekuw ahorow a wɔatew wɔn ho bɛboro 6,000 wɔ Afrika asasepɔn no so, na eyinom mu bɛyɛ 4,000 wɔ South Africa. Esiane sɛ Abibifo a wɔn dodow nnu ɔha mu nkyem 25 na wɔwɔ nyamesom akuw ahorow yi mu nti, ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ nyamesom a ɛresan anya nkɔso. Mmom no, emu na ɛrepaapae.

Ade kɛse a ɛte sɛɛ a emu repaapae no yɛ nwonwa​—nea ɛmmae saa da! Nanso, sɛ yɛhwehwɛ nneɛma ahorow a ama aba saa no bi mu a, yehu nokwasɛm ahorow a etia nnipa ahenni ne nyamesom mu ɔwae.

Tete Adwene a Na Wokura Ho Nhwɛso Horow

Abusua mu amanne gyina nenanom nhyehyɛe so kɛse, a emu no, nneɛma atitiriw abien a ɛfa tumidi ho da adi kɛse na enya nkɛntɛnso kɛse wɔ ɔmanfo no asetra so. Ɔkwan bi so no, ahemfo wɔ tumi kɛse wɔ nsɛm a ɛfa ɔman no ho so. Ɔkwan foforo so no, akɔmfo ne adunsinfo nso da wɔn ho adi sɛ wɔwɔ hɔ, sɛ ɛba nsɛm a ɛfa nenanom a wɔawuwu, adebisa, kaberekyere ne nsɛm bi a wɔnte ase a wɔpɛ sɛ wɔte ase ho mu a.

Gyidi a ɛne sɛ ɔkra no kɔ so tra ase wɔ owu akyi no yɛ biribi a wogye tom papaapa. Wɔkyerɛ nsɛm pɔtee bi a esisi wɔ nnipa asetra mu ase sɛ ɛkyerɛ nea wɔn nenanom a wɔawuwu no pɛ anaasɛ wɔmpɛ. Sɛ wosusuw sɛ nenanom a wɔawuwu no bo afuw a, wɔbɔ afɔre ahorow de pata wɔn de hwehwɛ ahobammɔ.a

Esiane sɛ nenanom a wɔawuwu ahonhom mu gyidi a wɔwɔ agye ntini nti, ama wɔanya abisa mu gyidi kɛse. Wosusuw sɛ ahonhom no yi wɔn ho adi wɔ akwan horow bebree so. Wotumi hu ɔwɔ anaa aboa bi a wohu no no sɛ ɛkyerɛ biribi. Saa nso na wobu adaeso ahorow sɛ nokware bi a wɔreyi adi akyerɛ wɔn, na enti wɔbɔ ho mmɔden hwehwɛ ne nkyerɛase. Wɔ eyinom nyinaa mu, ne titiriw bere a asɛm bi a emu yɛ den anaasɛ ahokyerebi aba no, wobu osumanni sɛ nea ɔfata a ɛsɛ sɛ wɔde ho asɛm kɔto n’anim.

Nanso, wɔma asumanfo anaa akɔmfo de ɔhaw ba atamfo so. Wosuro wɔn kɛse, na tebea bi wɔ hɔ a nea ekowie mu ne kabere a wɔde kyere. Na wotua sika kɛse ma kaberekyerefo ne asumanfo wɔ wɔn dwumadi ahorow no ho.

Ɛwom sɛ Kristoman akasa atia adwene yi ho nhwɛso horow akyi a wodi no de, nanso, ɛyɛ ade a ɛda adi titiriw wɔ asɔre foforo a wɔatetew wɔn ho no mu.

Tete Nneɛma Ahorow San Ba

Nnansa yi mfe no mu no, wɔn a wɔyɛ ɔsom a wɔde ma nenanom a wɔawuwu ho nhwehwɛmu akyerɛ sɛ, bere a asɔre akɛse no akɔ so adi Kristoman akyi no, asɔre horow a wɔatetew wɔn ho no da nneyɛe bi a ɛredan akɔ tete ɔsom a wɔde ma nenanom a wɔawuwu so no adi, Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ade biako ni, wɔn a wɔsakraa afoforo no na wɔkɔɔ so kuraa mpanyinni mu. ‘Wɔahu sɛ asɔre no mpanyimfo dwumadi te sɛ ɔhene bi anaasɛ asumanfo ne kaberekyerefo de no pɛpɛɛpɛ.

Wobu ɔhene sɛ ɔpanyin a ɔwɔ tumi a ɔhwɛ abusua biara mmara so wɔ ɔmanfo no mu. Titiriw no, asɔre ahorow a wɔatetew wɔn ho a wɔdɔɔso kɛse aba a wosuasua asɔre akɛse no pii, nanso wosi Abibifo ahofadi so dua wɔ wɔn ankasa nhyehyɛe mu. Wogye asɔre a Aborɔfo de bae kan no nhyehyɛe ne nkyerɛkyerɛ tom na wɔde nnwom nhoma koro no ara di dwuma​—nanso ɔkwan foforo so no, wɔhwehwɛ wɔn ankasa ahofadi. Enti asɔre ahorow yi mpanyimfo tumi hyɛ wɔn nkate so, nanso mpɛn pii no, wodi nsɛm te sɛ nea anka Afrika hene bi bɛyɛ, na wɔde asɔre no a wɔbɛma emu nneyɛe ayɛ te sɛ Abibifo nneyɛe yɛ nnyinasosɛm a ɛkyerɛ wɔn kwan.

Nanso wonim yiye sɛ osumanni yɛ obi a ne nkate ano yɛ den a otumi twetwe nnipa, na egyina sɛnea ɔyɛ ne nneɛma fa no so titiriw. Mpɛn dodow a ɔyɛ nneɛma ma afoforo hwɛ no, dodow ara na ne bosom no ne ne nkɛntɛnso yɛ kɛse. Enti, nneɛma ahorow a asɔre no yɛ ne nnwom ne kasa horow a wɔka yɛ ade a nkate wom na asaw ne akyeneka ka ho bere a wɔrefrɛ ahonhom no.

Sɛ wɔde wɔn toto ho a, asɔreasɔre a wɔatetew wɔn ho no nneyɛe te sɛ “sunsunsɔre” ahorow no de ara pɛ. Bere a wɔde Aborɔfo ne Abibifo nneɛma afrafra no, wosi “ayaresa” ne “honhom kronkron” so dua denneennen. Wɔnam guasodeyɛ ahorow so bɔ asu wɔ asubɔnten mu, na akyene a wɔbɔ ne asaw kanyan wɔn da biara da asɔre horow a wɔyɛ no. Asɔre no mpanyimfo yɛ wɔn a wobu wɔn kɛse, na mpɛn pii no, wɔn nkɛntɛnso ne wɔn din yɛ nea ɛho hia na ama asɔre no akɔ so atra hɔ.

Ntade soronko a wɔadi adwinhorow agu mu a wɔhyɛ ma kuw ahorow yi a mpɛn pii wonni asɔredan biara na wohyia petee mu baabiara no dɛnsow. Wɔ Abibifo kurow Soweto a efi Johannesburg kɔ hɔ bɛyɛ akwansin 8 mu no, wɔkyerɛ sɛ asɔre ahorow 70 ne asɔreasɔre nketenkete 900 wɔ hɔ!

Ɛda adi sɛ biribi totõe bere a Kristoman baa Afrika no. Na ɛyɛ dɛn?

Huammɔdi

Kristoman asɛmpatrɛwfo a wɔbaa Afrika no besii so yiye wɔ afeha a ɛto so 19 no mu. Ɛnnɛ, nnipa bebree a wɔwɔ Afrika nte dwuma a asɛmpatrɛwfo no dii wɔ Aborɔfo nniso ntrɛwmu nhyehyɛe ahorow mu no ase ma enti wobisabisa ho nsɛm. Wɔn a wɔkeka saa nsɛm yi ka honam fam nneɛma ahorow te sɛ nsasene agyapade a ekodii tumi horow yi nsam denam asɛmpatrɛwfo a wɔne wɔn dii nkitaho so no ho asɛm. Nanso, wotumi de Bible no brɛɛ nnipa akomapafo na ɛma wonyaa anidaso kɛse.

Mpɛn pii no, wɔde asɔre horow bataa ayaresabea ahorow ho. Ná eyi fata esiane sɛ na tete adwene a Afrikafo kura wɔ nyamesom ho no yɛ nea ɛbata ayaresa ho nti. Nanso na abirabɔ ahorow wom, na ɛmaa wɔn a wɔasakra abedi wɔn akyi no tee nka sɛ tebea no nni mũ. Na asɛm a wofi asɛnka agua so ka kyerɛ no ntumi nkanyan nnipa te sɛ tete akɔmfo de no. Ná Aburokyiman mu ayaresa te sɛ nea tumi biara nni mu. Ná ayaresa nni wɔn asɛnka mu, na na nkonyaa nni wɔn ayaresa mu. Bere a asɛmpatrɛwfo no ne ayaresabea ahorow ntam tetewee no, eyi maa bebree twee wɔn ho.

Abusua mu atetesɛm maa nkurɔfo hwehwɛɛ anwonwa kwan a mpɛn pii ɛyɛ ahonhonsɛmdi, a wɔbɛfa so asa wɔn nyarewa sen sɛ wobefi wɔn ankasa mmɔdemmɔ mu ayɛ saa. Eyi nti, na nea wɔn ani gye ho kɛse ne nea enti a tebea bi wɔ hɔ sen ɔkwan a na wɔbɛfa so adi so nkonim.

Enti, bere tiaa bi mu no, asɔre ahorow a wɔatetew wɔn ho no adiyifo sɔree a na wɔda so kura Kristofo din ne ne nhyehyɛe bi nanso wɔsan kɔfaa nea na wonim no dedaw no, tete nenanom a wɔawuwu no som. Tete nkonyaayi no nyinaa san bae bio, na wɔkyerɛe sɛ “honhom kronkron” tumi so na wɔnam ‘sa yare.’ Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ asɔre ahorow a wɔatetew wɔn ho mu no daa no adi sɛ asɔre ahorow no dodow ara wɔ adiyifo wɔ wɔn mu.

Huammɔ a asɔre horow a Aborɔfo nkutoo na wodi so a na wɔyɛ biribiara Aborɔfo kwan so no dii no too Abibifo bebree a na wɔwom no hintidua. Esiane sɛ wonsiesiee wɔn ho yiye na wɔn ankasa atumi ayɛ wɔn de nti, wɔdan kɔɔ tete nneyɛe horow so. Baabi a ɛho behiae no, wɔde nenanom a wɔawuwu no atetesɛm anaasɛ adaemone som dii dwuma.

Nanso, wɔabehu sɛ asɔreasɔre a wɔatetew wɔn ho no ani gye Kristoman guasodeyɛ no ho. Wɔafa ɔsom mu nneyɛe a ɛkanyan ne asɔfo ntade no. Asɔre horow a wɔatetew wɔn ho no hyehyɛ kyɛw atenten, ne ntade yuu, ne srekye a wɔde gu wɔn kɔn mu. Wɔde frankaa a asɔre no sɛnkyerɛnne wom di dwuma, wɔyɛ guasode ahorow na wɔsɔ nkyɛnere. Nneɛma afoforo a wɔyɛ dɔɔso pii sɛnea wohu wɔ asɔre biako a asɔremma no hyɛ dade kyɛw fitaa esiane ɔsomafo Paulo afotusɛm a ese ‘monhyɛ nkwagye dade kyɛw’ no nti!

Mpaapaemu a Ɛwɔ Asɔre Ahorow a Wɔatetew Wɔn Ho No Mu

Din anaasɛ tumi a obi benya abɛyɛ nea ɛde mpaapaemu ba wɔ asɔre ahorow a wɔatetew wɔn ho no mu. Yehu anuonyam ne tumi wɔ mpanyinni mu. Enti, ɛde sɔhwɛ a nea efi mu ba ne mpaapaemu ba. Ɔkyerɛwfo bi a ɔpɛɛpɛɛ nsɛm mu kyerɛw emu nyansasɛm ne agyimisɛm ma nkurɔfo hu kae bere bi sɛ: “Bere a obiara yɛ obi no, obiara nyɛ obi!” Ɔhaw no fi ase bere a “obiara” pɛ sɛ ɔyɛ “obi” wɔ asafo no mu no, na ne saa nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ asɔre no mu mpanyimfo di abakomasɛm. Wɔ kuw a wɔmma nkurɔfo kwan mma wɔnkyerɛ wɔn adwene no mu no, asɔre no ma hokwan bɛda hɔ ma wɔn a wɔhwehwɛ dibea no. Sɛnea ɛte bere nyinaa no, wohu sɛ asɔre ahorow no wɔ mpanyinni nhyehyɛe akɛse, na wɔde abodin ahorow mema asɔre no mufo pii sɛnea wobetumi.

Onii a ɔtew asɔre no nipasu nso yɛ ade titiriw ma asɔre horow a wɔatetew wɔn ho no, na ne saa nti, sɛ nea ɔtew asɔre no wu a, asɛm a emu yɛ den sɔre. Sɛ nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wobedi n’ade no ka sɛ wobedi asɔre no anim a, nea etwa no tiaa ne sɛ wɔtetew mu, na esiane sɛ mpɛn pii no asɔre ahorow yi ɔha mu 78 nni agyapade titiriw biara nti, ɛyɛ mmerɛw ma obiara sɛ́ ɔbɛfa ne kwan.

Nneɛma ahorow taa de akasakasa ba asɔre horow yi mu, a sikasɛm ne emu titiriw. Sika a wodi wɔ asɔre no mu tumi de mpaapaemu a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye ba. Akasakasa afoforo nso sɔre bere a woyi obi fi ne dibea so. Ɛtɔ da bi a akyinnyegye sɔre wɔ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobedi asɔre no anim no mu, na ɛdenam anuonyam a wɔn ankasahwehwɛ anaa wɔn atiko a wɔn akyigyinafo piapia so nti, wɔde ntawntawdi anaa anobaabae ba. Bere nyinaa nea efi mu ba ɛde mpaapaemu, na ɛma kuw biara tew n’ankasa n’asɔre.

Hwɛ ahohorabɔ a mpaapaemu ne akasakasa yi nyinaa de ba edin “Kristoni” no so! Hwɛ sɛnea eyi ne nea Yesu srɛ maa n’asuafo no bɔ abira koraa! Wɔ mpae a ɔbɔ srɛɛ ne soro Agya no mu no, ɔkae sɛ: “Mesrɛ sɛ . . . wɔn nyinaa nyɛ biako.” (Yoh. 17:20, 21) Afei nso wankyerɛkyerɛ dibea a ɛsɛ sɛ wɔpere hwehwɛ, na mmom sɛ, “obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ma ɔnyɛ mo akoa.”​—Mat. 20:27.

So obiara nti hɔ a ɛda adi sɛ ɔwɔ honhom mu su horow yi? Nnipa ɔpepehaha pii a wɔwɔ Afrika ahu wɔn a wɔwɔ bi wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya nea ɛka nenanom a wosom wɔn ho asɛm pii no, yɛkamfo nhomawa Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn​—So Wɔboa Yɛn anaa Wodi Yɛn Awu? kyerɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena