Hena Mma? Hena Gyinaesi?
Wɔ 1982 mu no, Britaniafo Aduruyɛ Mu Ahobammɔ Kuw no kae sɛ: “Ɛyɛ nea ntease kɛse wom sɛ wɔbɛka sɛ ɛsɛ sɛ wosusuw awofo [nyamesom mu] gyidi ahorow no ho. Nanso ɛyɛ nea nyansa nnim koraa sɛ wɔde abofra no nkwa bɛto asiane mu.” Na ɛyɛ nea wɔde eyi repene so kɛse sɛ ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo de mogya ma Yehowa Adansefo mma a ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ wobisa ho kwan fi asennibea.
Nanso AIDS a aba nnansa yi no ama asɛm no ɛyɛ den, sɛnea Justice of the Peace bɔɔ amanneɛ wɔ saa afe yi March mu no: “Ɔyare a ɛyɛ hu a wɔfrɛ no AIDS (ɔyare a nipadua no ntumi nko ntia) no ma asɛm foforo sɔre wɔ ho. Sɛ obi a ɔde ne mogya ma nnipa afoforo ɛma ɔyare no akɔ mogya a wɔde ama abofra no mu a, eyi . . . betumi ama ɔyare no ayɛ no na wawu bere tiaa bi akyi wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow kɛse so. Nsɛm ahorow a enye koraa asisi dedaw . . . Awofo anaasɛ nnipa afoforo a wɔne abofra no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den bu ɔyare biara a ebekum no no sɛ enye koraa, nanso ɛda adi sɛ nea efi AIDS mu ba no yɛ hu kɛse ma enti ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye adi.”
Adapɛn kakraa bi akyi no, AIDS kum abofra bi a onnii mfe abien wɔ ayaresabea bi wɔ Lodon. Daily Mail bɔɔ amanneɛ sɛ, “Ɔyɛ obi a mogya a wɔde ma a ɔyare no wom akum no.” Nhwehwɛmu daa no adi sɛ wɔ mogya a wɔde ma mu nhwehwɛmu kɛse a wɔyɛ nyinaa akyi no,” AIDS betumi ayɛ mmofra pii wɔ Britania. Ɛyɛ ade a wonim dedaw sɛ ɔyare no wɔ mogya a ɛwɔ Britania mogyakorabea ahorow no mu. Afei so nnuruyɛfo ne asennibea ahorow bɛma kwan ma wɔakyerɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so sa wɔn ankasa mma yare na wɔagye mmara mu hokwan a awofo wɔ sɛ wɔbɛsɔre atia mogya a wɔhyɛ sɛ wɔmfa mma wɔn mma no atom? Ɛbere na ɛbɛkyerɛ.