Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 3/8 kr. 17-18
  • Bere a Asase Wososwee No, Wɔbɛboae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Asase Wososwee No, Wɔbɛboae
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wohia Mmoa Ntɛm!
  • Bere a Obi de Hwehwɛ N’ankasa Ho Mu
  • Nea Efi Mu Ba no Ano a Yebegyina
    Nyan!—2002
  • Nsasewosow​—Sɛnea Wubetumi Asiesie Wo Ho Ama Nkwagye!
    Nyan!—1988
  • Asasewosow!
    Nyan!—2000
  • Asasewosow Bi Ho Nhwehwɛmu
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 3/8 kr. 17-18

Bere a Asase Wososwee No, Wɔbɛboae

Efi Chile “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

ASASE no kɔɔ so wosowee kɛse. Yɛsɔre kɔɔ ɔdan a yɛda mu no pon ano. Na wɔn a wɔwɔ mukaase no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtotow nnaka a ɛwowɔ hɔ no mu bere a na nhoma ne abobɔde ahorow hwehwee ase wɔ abansoro no so no. Yesusuw bere a ebegye ansa na aba awiei no ho.

Nanso yɛanhwɛ bere a egyei, na bere a ade kyee no, atesɛm nkrataa kae sɛ egyee simma abien. Afei, ebia wubesusuw sɛ simma abien nyɛ bere tenten, nanso ɛne sɛ, asase a wo nan si so no wosow a, kyɛ a ɛte sɛnea ɛkyɛ no bɛma wo ho adwiriw wo.

Na ɛyɛ Kwasida, 7:47 p.m., March 3, 1985, bere a saa asasewosow no baa Santiago, Chile ha no. Bere a ɛbae no na yɛregye yɛn ahome wɔ yɛn adan mu wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea. Na adwumayɛfo afoforo renom tii wɔ mukaase.

Asasewosow no maa yɛn anyinam nkanea no dumii nnɔnhwerew pii. Enti yɛsosɔɔ torchlight ne kyɛnere na yebuebuee yɛn radio. Sɛnea na radio so amanneɛbɔ kyerɛ no, asase no wosowee kɛse wɔ Santiago mpoano ne kurow no fã a ɛyɛ dedaw no mu. Yebisae sɛ, ‘Yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ hɔ no ho te dɛn?’ Yɛantumi ne wɔn anni nkitaho​—ná nkurɔfo pii rekasa wɔ telefon so, na bio nso na telefon nhama a ɛwowɔ hɔ no atetew agu fam. Asɛm a edi kan a yɛtee wɔ telefon so no fi baabi a wɔresi yɛn baa dwumadibea foforo no. Yɛn koma tɔɔ yɛn yam bere a yɛtee sɛ nneɛma ansɛe, ne sɛ, yɛn factory dan no ho anka koraa no. Nokwarem no, ɔfasu bi a wɔtoe saa anɔpa no wɔ babi a office no wɔ no na edwiriw gui!

Saa anadwo no, yɛn mu kakraa bi na wotumi dae. Bere a yɛreyɛ ada pɛ na asasewosow foforo wosow yɛn mpa no ma yenyanee. Ade kyee anɔpa no, atesɛm nkrataa kaa nneɛma a ɛsɛee no ho asɛm, na wɔde nneɛma a asasewosow a emu den yɛ 7.7 wɔ Richter nsenia so sɛee no no mfonini kaa ho. Na wonnya nsu ne anyinam ahoɔden nkanea wɔ nkurow akɛse mu. Ɛtwene ahorow sɛee. Nnipa bɛboro 140 wuwui na wobuu akontaa sɛ nnipa 150,000 afie bubui. Ebia nneɛma ahorow a ɛsɛee no bo bedu (U.S.) dɔla ɔpepem 1,800! Ɛdɛn, wɔtee asasewosow no nka wɔ Buenos Aires a ɛwɔ Argentina a ɛwɔ bɛyɛ akwansin 840 wɔ Atlantic po no ano no. March 3, 1985 yɛ nea wɔbɛkae bere tenten.

Wohia Mmoa Ntɛm!

Yɛyɛɛ nhyehyɛe ntɛm ara maa adwumayɛfo a wɔwɔ yɛn baa dwumadibea hɔ no kɔsrasraa mmeae ahorow te sɛ Machalí, Melipilla, Rengo, San Antonio, Valparaíso ne Vina Del Mar. Dɛn ntia? Sɛ wɔnkɔhwɛ sɛnea yɛn Kristofo nuanom no ho te na yɛahu nea wohia kɛse.

Na nneɛma asɛe wɔ baabiara. Ɛwom sɛ tete adan na ɛho kae kɛse de, nanso nnɛyi adan no bi mpo nso ho kae​—te sɛ abansoro a ɛtoa so awotwe a ɛwɔ Renaca a ɛwosowee kɛse araa ma ɛkyeae te sɛ Pisa Abantenten no wɔ ɛno akyi no. Na ɛsɛ sɛ wobu gu.

Na yɛn nuanom Kristofo no nso ɛ? Ɛwomsɛ wɔn mu ɔhaha pii hweree wɔn afie ne wɔn agyapade de, nanso yɛn ani gyei kɛse sɛ yɛtee sɛ Adansefo 16,000 a wɔte baabi a asase no wosowee no mu biako mpo anwu anaasɛ wampira no! Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ Santiago ne Punta Arenas ne Iquique a ɛmmɛn hɔ no fii ase ne yɛn kasae wɔ telefon so bisaa ɔkwan a wobetumi afa so aboa. Asɛm no trɛwee ntɛm ara, na wɔ nnɔnhwerew bi mu no, ebinom fii ase de aduan, ntade, akuntu, ne nneɛma afoforo a ɛho hia bae. Wɔ bere tiaa bi mu no, na yɛn lɔre abien a etumi fa nnosoa a emu duru yɛ tɔn 5.5 no ayeyɛ ma a ɛde nneɛma rekɔ akɔma wɔn. Eduu bere a wɔsan bae anwummere no, na yɛn nsa aka ntoboa a ɛdɔɔso a ebetumi ama wɔde nneɛma asan akɔma wɔn bio. Na ɛkɔɔ so saa ara bɛyɛ adapɛn abien.

Wɔ dapɛn a ɛto so abien wɔ asasewosow no akyi mu no, nnipa 110 a wotuu wɔn ho mae a wofi asafo ahorow a ɛbemmɛn no mu ne baabi a wɔresi baa dwumadibea foforo no kɔɔ nkurow a asasewosow no sɛee nneɛma wom kɛse no mu na wɔde ntaaboo yeyɛɛ dabere 24. Bere a yɛrekyerɛw eyi no, na yɛayɛ dabere a ɛte saa 69, na yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pii ansa na osu a ɛtɔ kɛse no afi ase.

Asafo biako kyerɛw yɛn sɛ mmoa ankasa a wɔde mae ne dabere ahorow no ama yɛn onuayɛ no ada adi. “Los hermanos se pasaron!” (Anuanom no yɛɛ adwuma ma ɛboroo so!”) Wɔ ɔkwan a ɛka koma so no, Adansefo a wofi Argentina, Germany, Italy, ne United States nam telefon so bisaa sɛnea wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ Chile ha no ho te. Wɔde ntoboa a efi ayamye mu dii ɛno akyi bae sɛ wɔde bɛboa na ama yɛn “abusua” no anya n’ahiade.

Bere a Obi de Hwehwɛ N’ankasa Ho Mu

Nteɛm a ɛne “Asasewosow” ne adesɛe tumi a ɛka ho no taa kanyan nkurɔfo ma wosusuw abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn wɔ no ho. Nokwarem no, wɔ asasewosow a ɛbaa Chile ha no akyi simma bi no, afipamfo kɔɔ yɛn Ahenni Asa ahorow no pii so kɔhwehwɛɛ ahobammɔ. Ɔdansefo bi a ɔwɔ Melipilla a wonim no kɛse wɔ mpɔtam hɔ no nyaa nsrahwɛfo pii saa anadwo no. Afipamfo pii kɔɔ ne fi kɔhwehwɛɛ ahobammɔ wɔ asasewosow a ɛbae no mu biara akyi. Osii ntamadan wɔ n’afikyiri, faako a ɔne wɔn susuw Yesu asɛm a ɛfa nna a edi akyiri no ho a “asasewosow a ɛbɛba mmeaemmeae” ka ho no ho nnɔnhwerew pii koduu ɔdasu mu no.​—Marko 13:3-8.

Wɔ Vina del Mar no na ɔbarima bi a wagyae Bible adesua a wɔne no yɛ no aka sɛ ɔremma Ahenni Asa so bio. Nanso ɛhe na ɔkɔɔ saa anadwo no wɔ asasewosow no akyi? Ɛdɛn, ɔkɔɔ Ahenni Asa so! Wogyee ɔne n’abusua no na wɔmaa wɔn dabere. Ahɔhoyɛ su a woyii adi kyerɛɛ ɔne n’abusua no kaa no araa ma ɔbɔɔ ne tirim sɛ obesua Bible no bio.

Ɛkaa kakraa anka yɛn nuanom no mu binom hwere wɔn nkwa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Vicuna Rozas Asafo no mu no, na onuabarima bi a wɔayi no afi ayaresabea a ɛnkyɛe da ne mpa so a ontumi nsɔre. Saa anadwo no na ne yere ne ne babea kɔ adesua, enti na aka ne nkutoo wɔ fie hɔ. Bere a aka simma kakraa bi ma asasewosow no aba no, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛbɔ mmɔden asɔre na wama ne yere ne ne babea no ho adwiriw wɔn denam nsu a wɔde bɛyɛ tii a ɔbɛnoa asi hɔ ansa na wɔabedu fie no so. Ɔkɔɔ mukaase hɔ na bere a ɔde nsu no reba abesi gya so no, asasewosow no bae. Bere a ɔsan kɔɔ ne dan mu no, ohui sɛ ɔfasu a ne tenten yɛ anammɔn 9 abu agu ne mpa no so.

Na ɛyɛ ade a ɛhyɛ gyidi den sɛ wubehu nea yɛn nuanom Kristofo a ɛwom sɛ wɔhweree wɔn ahode nyinaa nanso wɔkɔ so ara nya anidaso no yɛɛ wɔn ade wɔ ho no. Sɛnea wɔn mu pii kae no: “Yɛn afie abubu agu, nanso yɛn gyidi nyɛɛ saa ɛ!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena