Asomdwoe Wɔ Abusua A Mmanoma Wom Mu
• ‘Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ agya a ne bo afuw boroo n’abanoma ma owui.’
• ‘Abeawa a ɔyɛ abanoma de tuo kum ne na kunu,’ saa na polisifo amanneɛbɔ kyerɛ.
• ‘Abarimaa a wadi mfe dunan agya yere a wɔkyerɛ sɛ abarimaa no nneyɛe ama onhu nea ɔyɛ, atow no tuo.’
ƆBENFO John Visher a ɔka ho na wɔtew Amerika mmusua a mmanoma wom kuw no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Afie a mmanoma wom betumi ayɛ mmeae a ɔhaw wɔ kɛse. Sɛ nkurɔfo de wɔn ho hyɛ abusuabɔ no mu na wɔhwɛ nneɛma a enni mũ kwan a, ɛyɛ nea wobenwiinwii sɛ wɔwɔ ahokyere mu.” Esiane awaregyae a ɛrekɔ soro no nti mmusua ahorow a mmanoma wom nso adɔɔso. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, eyi mu ɔha biara mu 44 gu wɔ mfe anum a edi kan no mu! Ɛyɛ nea pii atumi agyina ɔhaw a ɛda nsow yi a ɛne mmusua abien a wɔyɛ no biako yi ano. Ná Bible nnyinasosɛm ahorow yi a wɔde bedi dwuma ho hia.
“Asɛm awiei ye sen ne mfiase; boasetɔ honhom ye sen ahomaso honhom. Mma wo honhom mmpere abohuru ho.” (Ɔsɛnkafo 7:8, 9) Boasetɔ ho hia kɛse! Ɛsɛ sɛ wonya abusuabɔ ankasa, biribi a wɔmmfa no aniberesɛm wɔ abusua ankasa mu no. Wonnyɛ “obusuani pɛɛ.” Abenfo ka sɛ ebia ansa na wubenya adwene a ɛne “yɛn” no begye efi mfe anan kosi ason. Ɛsɛ sɛ awofo no tɔ wɔn bo ase mfiase no. Bɔ mmɔden sɛ woremma mmɔden a wobɔ mfiase sɛ wobɛfa mmofra no nnamfo nanso wɔmpene so no nhaw wo kɛse.
“Ahantan de atutuw nko na ɛba, na wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 13:10) Anuɔden, ahantan su—wɔ mmofra no anaasɛ awofo no fam—de ntawntawdi ba. Munnya bere a mutumi hyiam daa sɛ abusua na monka ɔhaw ahorow ho asɛm. Sua sɛ wobɛda wo nkate adi wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wususuw afoforo ho so. Dodow a wuhu sɛnea abusua “foforo” no mufo te denam nkitahodi so no dodow no ara na mobɛyɛ biako.
“Nea odwen asɛm so [ɔwɔ nhumu] no hu papa, na nhyira ne nea ɔde ne ho to [Yehowa] so.” (Mmebusɛm 16:20) Nhumu hwehwɛ sɛ wobɛhwehwɛ asɛm mu adu ase na woatumi ahu nea enti a obi wɔ su bi anaasɛ ɔyɛ ade wɔ ɔkwan bi so no. (Hwɛ nsemmisa a ɛwɔ nifa so no.) Su yi betumi aboa wo ma woahu nneɛma pa a eye wɔ afoforo ho no.
Sɛ nhwɛso no, wɔ nkɔmmɔbɔ bi a na emu yɛ den mu no, ɛna bi a ɔwɔ mmanoma kae sɛ: “Momma yɛn nyinaa nka ade biako a yɛmpɛ wɔ yɛn ho yɛn ho ho na afei yɛnka nea yɛpɛ wɔ yɛn ho ankasa nso.” Akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Su pa ahorow a yehui wɔ yɛn ho ho no maa yɛn ho dwiriw yɛn.” Anigye ne atuuyɛ dii akyi. Wɔ ofie foforo mu no, abofra bi tew atua bere a ne na san waree no, nanso nhumu maa asomdwoe bae. Jeff kae sɛ: “Asram kakraa bi akyi no mihui sɛ ɔbarima yi na ɔma me na ani gye. Na ɛno ara ne nea ɛho hia.”
Nanso sɛ́ wode nnyinasosɛm ahorow yi bedi dwuma anaasɛ worenyɛ saa no gyina wo honhom mu tebea so. “Wo ho a wode bɛto Yehowa so” a wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛsɔ n’ani ne nea ɛde asomdwoe ba abusua a mmanoma wom mu.