Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 5/8 kr. 19-24
  • Yehowa Adansefo Hyiam Wɔ Poland

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo Hyiam Wɔ Poland
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwuma a Edi Nhyiam Anim
  • Bɛhwɛadefo Ani Gyei
  • Dwumadi Koro no Ara wɔ Wiase Nyinaa
  • Mmeae Ahorow a Ɛhɔ Yɛ Anigye
  • Wɔdaa Anisɔ Adi
  • Anuanom adɔfo a mufi wiase aman bɛyɛ 16 so
  • “Yɛnka Kasa Koro De, Nanso Ɔdɔ Ama Yɛayɛ Biako”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Yehowa Adansefo A Wofi RUSIA Mmere Pa Bɛba Da Bi”
    Nyan!—1991
  • Wɔn Ho Dwiriw Wɔn Wɔ Nea Wohui No Ho
    Nyan!—1992
  • Ɔsoro Asomdwoe wɔ Wiase a Ɔhaw Wom Mu
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 5/8 kr. 19-24

Yehowa Adansefo Hyiam Wɔ Poland

● Nhyiam anan wɔ nkurow anan mu

● Nhyiamfo a wɔbae fi aman 16 mu

● Nnipa dodow a wohyiaam yɛ 94,134

● Nnipa dodow a wɔbɔɔ wɔn asu​—3,140

NNIPA mpempem pii bae. Wɔde kar, bɔs, keteke ne wimhyɛn ahorow na ɛkɔɔ Warsaw, Poznań, Katowice, ne Wrocław wɔ August 1985 mu. Wɔkɔɔ Yehowa Adansefo “Mudi Mu Kurafo” Ɔmantam Nhyiam Horow wɔ hɔ.

Bere a wokodui no, na Poland Adansefo a wɔwɔ nkurow yi mu wɔ hɔ sɛ wɔrebɛma wɔn akwaaba. Eyi daa adi titiriw wɔ Warsaw Amanaman Ntam Wimhyɛn Gyinabea, faako a nhyiamfo a wofi Europa atɔe fam, Asia, Amerika kusuu fam ne mmeae afoforo kosii no. Wɔde serew, wɔn nsam a wokyia na ɛmaa wɔn ahɔho no akwaaba, na ebinom nso yɛɛ wɔn atuu na wofifew wɔn ano de yɛɛ saa ara. Ná kasa asekyerɛfo wɔ hɔ sɛ wɔbɛboa ma nkitahodi akɔ so, nanso anigye a wɔde kyiakyiaa wɔn ho no maa wɔn werɛ fii kasa mu akwanside nyinaa. Wɔ nsɛm ahorow bi mu no, wɔde nhwiren hyehyɛɛ mmea nsam na mmofra tutuu mmirika, bɔɔ wɔn mu ase na wɔde anigye kaa sɛ “akwaaba” wɔ Poland kasa mu.

Nanso, na nkyia ahorow a ɛyɛ anigye a ɛte saa no yɛ adapɛn pii a wɔde yɛɛ adwumaden no awiei ara kwa. Bere a Poland aban mpanyimfo fii ayamye mu maa wɔn kwan sɛ wɔnyɛ nhyiam no akyi no, wɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ wobesiesie wɔn ho ama eyi.

Nnwuma a Edi Nhyiam Anim

Na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ dabere ma ahɔho mpempem pii no. Wɔ Warsaw nkutoo no, na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ dabere 11,000. Na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ agumadibea ahorow a wɔbɛyɛ nhyiam no wɔ hɔ. Wonyaa bi na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam no wɔ Warsaw ne Wrocław, August 16-18, ne wɔ Poznan ne Katowice (Chorzów) August 23-25. Nanso na agumadibea ahorow a wɔbɛhwehwɛ no yɛ adwuma no fã bi ara kwa. Atesɛm nkrataa pii kaa adwuma a Adansefo no yɛe de siesiee agumadibea hɔ no ho asɛm. Amanneɛbɔ biako kae sɛ: “Bɛyɛ adapɛn anum ni a Yehowa Adansefo asiesie Slaski Agumadibea [wɔ Chorzów, Katowice mpɔtam hɔ].

Wɔde lɔre atwe nwura a emu yɛ duru pii afi agumadibea hɔ ne ho na wɔahyew nea emu duru yɛ eyi mmɔho abien wɔ hɔ. Wɔadɔw sare a atwa agumadibea no ho ahyia no. Wɔsan asiesie baabi a wosisi ntamadan wɔ hɔ a nneɛma gow pii gugu hɔ no. Wɔasiesie nkongua a sɛ wode toatoa so a, ɛbɛyɛ akwansin 22 a esisi baabi a wɔtra no na wɔahohoro ho. Wɔde paint akeka nkongua 78,000 ho. . . . Ná tiafi ahorow ason no nyinaa asɛe koraa. Ná ahwehwɛ a ɛwowɔ mfɛnsere no mu abobɔ. Ná wɔatutu apon no. Ná nsuka ahorow no mu asiw. . . . Yebetumi aka sɛ Yehowa Adansefo yɛ akyɛde a wofi soro de ama Slaski, Agumadibea no so ahwɛfo, ne titiriw no, esiane bɔɔl a Poland ne Belgium bɛbɔ wɔ September mu a wɔayɛ ho nhyehyɛe no nti.”

Nokwarem no, Adansefo a wotuu wɔn ho mae 10,500 na wɔyɛɛ adwuma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no. Wɔde paint kekaa adaban ne ban a wɔagye nyinaa ho nso na wɔhohoroo aguare ne tiafi adan a asɛe no mu na wɔde point kekaa ho na wɔyɛɛ tiafi 132. Wɔanto santen antwɛn ansa na wɔatumi akɔ so, mmea mpo anyɛ saa! Ɛdefa adwuma a wɔyɛe wɔ Katowice nhyiam ase yi ho no, atesɛm krataa mu asɛm foforo kae ɛɛ: “Wobuu akontaa sɛ nnwuma ahorow a wɔyɛe nyinaa ho ka bɛyɛ zlotys ɔpepem 12 [bɛyɛ ¢7,200,000].” Wosiesiee nneɛma a ɛtete saa ara wɔ agumadibea afoforo abiɛsa no mu.

Bɛhwɛadefo Ani Gyei

Wɔn a wɔbɛhwɛɛ Adansefo no kaa nsɛm ahorow pii. Aban mpanyimfo no mu biako kae sɛ: “Moayɛ biribiara ho nhyehyɛe pɛpɛɛpɛ. Ɛhe na munya ntetee a ɛma mutumi yɛ saa no fi?” Agumadibea so panyin biako kae sɛ: “Mayɛ adwuma wɔ ha mfirihyia 25 na minhuu nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bi da.” Agumadibea so panyin foforo kae sɛ: “Dɛn nti na mo nkurɔfo no yɛ adwuma denneennen saa? Yɛbɛpɛ sɛ yenya adwumayɛfo a wɔte saa!” Wɔ agumadibea foforo mu no, ɛso panyin no kae sɛ: “Nokwarem no, mansusuw sɛ mubetumi asiesie agumadibea ha, nanso moayɛ saa.” Obi a ɔbɛhwɛɛ wɔn a n’ani gyei kae sɛ: “Biribi a wɔntaa nhu da adi wɔ mo ho!”

Bere a wowiee nhyiam a wɔyɛe wɔ Warsaw agumadibea akyi no, obi a ɔde nkurɔfo kyinkyin hɔ ka kyerɛɛ mmofra kuw bi a wɔbɛhwɛɛ wɔn no sɛ: “Bɛyɛ bere tenten ni a na wɔabu wɔn ani agu agumadibea yi sɔ na na ɛhɔ ayɛ fi. Nnansa yi ara na Yehowa Adansefo begyee hɔ sɛ wobɛyɛ wɔn asɔre nhyiam wɔ hɔ. Mprempren hwɛ nea wɔreyɛ wɔ ha! Hwɛ sɛnea biribiara resakra! Wofi wɔn pɛ mu na wɔyɛ adwuma. Mekyerɛ sɛ, wɔyɛ adwuma a wonnye akatua biara!”

Dwumadi Koro no Ara wɔ Wiase Nyinaa

Nhyiam no ase dwumadi ne nea ɛkɔɔ so wɔ nsase afoforo so no nyinaa yɛ biako, nea ɛyɛ soronko wɔ ho ne sɛ wotwaa so efisɛ sɛ anka wɔbɛyɛ no nnafua abiɛsa ne fã no, wɔyɛɛ no nnafua abien ne fã. Yehowa Adansefo sodikuw no mufo baanan​—A. D. Schroeder, M. G. Henschel, T. Jaracz, ne D. Sydlik​—kasae wɔ nhyiam anan no mu biara ase. Wɔkyerɛɛ wɔn kasa no ase kɔɔ Poland kasa mu. Nhyiamfo a wofi aman ahorow so de nkyia ne nkrasɛm tiaa a wɔkyerɛɛ ase fii Engiresi, Franse, German, ne Swedenfo kasa mu kɔɔ Poland kasa mu brɛɛ wɔn na ɛmaa atiefo no ani gyei.

Nhyiamfo no mu biako a ofi Denmark kaa sɛnea Poland akasafo no ho akokwaw ho asɛm na ɔkaa drama a ɛfa Hiob ho no ho asɛm titiriw: “Ɛwom sɛ yɛante kasa no ase de, nanso drama a ɛfa Hiob ho no kaa yɛn kɛse. Wɔyɛɛ no yiye. Esiane sɛ na yenim nea na ɛrekɔ so no nti, yetumi dii akyi na nkɔmmɔ a ɔne ‘nnamfo’ baasa no bɔe no mu nkyerɛkyerɛmu pii no anhaw yɛn; yetumi de yɛn adwene sii tebea a wowom ne nkate ahorow no so. Yetumi hui na yɛtee sɛ na Hiob yare ankasa, ne sɛ na ɔrehu amane a na ɔte yaw nka kɛse na yɛtee nsɛm a ɛnyɛ dɛ a nnamfo baasa no kae no. Wɔn a na wɔwɔ agumadibea hɔ no mu pii sui.”

Wɔ nhyiam no mu biara ase no, wɔkenkan nkyia ahorow a efi Yehowa Adansefo afoforo a wɔwɔ mmeae ahorow hɔ kyerɛe na wɔde nsambɔ kɛse gyee so.

Mmeae Ahorow a Ɛhɔ Yɛ Anigye

Nhyiamfo pii a wofi aman afoforo so de hokwan a wonyae no kɔsraa mmeae ahorow a ɛhɔ yɛ anigye wɔ Poland. Ebinom kɔhwɛɛ faako a wɔwoo Frédéric Chopin ne Marie Curie wɔ Warsaw. Afoforo kɔhwɛɛ nsrahwɛfo kurow a wɔfrɛ no Zakopane ne emu adan a wɔasisi no te sɛ asese ne n’aguadidan ahorow a ɛyɛ fɛ no na wɔtraa afiri bi a wɔahyɛ da ayɛ a wɔde foro mmepɔw mu de foro kɔɔ mmepɔw a ɛyɛ fɛ no atifi. Bere a nhyiamfo no de kar kɔɔ mmeae yi ne mmeae afoforo a ɛhɔ yɛ fɛ no, wohuu Poland nkuraase a ɛyɛ fɛ wɔ twabere mu, mfuw a mmusua​—mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea​—nyinaa bom yɛ adwuma wom.

Nea wɔn ani gyee ho titiriw ne kan Nazi adwumayɛban a ɛwɔ Oswiecim(Auschwitz) no. Josef a na anka ɔyɛ ɔdeduani wɔ Auschwitz no dii Adansefo kuw bi anim de wɔn kɔfaa adwumayɛban no mu. Ɛtaa yɛ nsrahwɛ a ɛma ehu ka obi na odi awerɛhow. Na asɛnnua, ɔfasu a wɔde nneduafo gyina ho tow wɔn tuo, afononoo a wɔhyew afunu wom ne mfonini pii wɔ hɔ​—na bere nyinaa wubisa wo ho sɛ ebia eyinom betumi ayɛ nokware ankasa. Ɛnyɛ sɛ wugye ho kyim na mmom hu a ɛyɛ no ma ɛyɛ den sɛ wubegye adi. Na ahinasa ahorow a ɛsono emu biara colour a ɛma wohu akuw ahorow a nneduafo no wom wɔ hɔ​—na kuw biako pɛ a ɛyɛ Bible Asuafo (Yehowa Adansefo) na wɔde ahinasa kɔkɔɔ abɔ wɔn ntade mu a esiane nyamesom mu ntease nti na wɔwɔ hɔ.

Nanso esiane sɛ Josef na odii wɔn anim de wɔn kyinkyin hɔ nti, ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛɛ osuahu a ɛhyɛ nkuran. Ɔkaa n’ankasa ho asɛm kyerɛe. Ɔde ne ho hyɛɛ amammuisɛm mu nanso ne papa ne ne maame bɛyɛɛ Adansefo. Bere a ne papa wui na Adansefo yɛɛ n’ayi no, nnipa pii a wɔbae ne ɔdɔ a ohui wɔ wɔn mu no maa n’ani gyei. Ogyaee ne ho a ɔde hyehyɛ amammuisɛm mu no, nanso wammɛyɛ Ɔdansefo. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔde Josef, ne maame ne ne nuabea kɔɔ Auschwitz.

Wɔhyew ne maame wɔ fononoo mu. Awiei koraa no, woyii ne nuabea no a na wadan ɔyarefo. Wɔde no kɔɔ adwumayɛban mu wɔ Germany. Ɛhɔ na ohyiaa ɔdansefo bi a ɔne no bɔɔ nkɔmmɔ ma ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako no. Nokwarem no, na ɔka wɔn a wotuu santen sɛ wɔrekokunkum wɔn no ho. (Wɔakyerɛkyerɛ eyi mu kɛse wɔ asɛm a ɛne “Mudi Mu Kura Tra Hɔ Kyɛ Sen Adwumayɛban” a ɛwɔ September 1, 1945 Watchtower mu no mu.)

Bere a wɔrekyinkyin Auschwitz no, Josef kyerɛɛ wɔn ɔdan a ɔdaa mu, nea ne maame daa mu ne fononoo a wɔhyew ne maame funu wom no. Nanso na ne su yɛ nhwɛso ma yɛn nyinaa. Wanyi nitan biara adi. Ná ɛyɛ baabi a wotumi kuraa mudi mu maa Onyankopɔn, baabi a Adansefo pii dii nokware maa Yehowa kosii owu mu. Ɛhɔ a yɛne no kyinkyinii no te sɛ Ɔdansefo a ɔyɛ nnam a yɛne no nam asasesin a emu yɛ den mu. Ɔdansefo biako a ɔka kuw no ho no tɔɔ postcard fii awuraa bi nkyɛn. Josef bisae sɛ: “So wudii no adanse?” “Dabi.” Amonom hɔ ara ɔkɔe sɛ ɔrekodi no adanse. Nokwarem no, Auschwitz adwumayɛban a wodii atirimɔdensɛm a ɛyɛ hu a ɛte saa wom mu a wubekyinkyin no betumi ama woadi awerɛhow kɛse nanso ɛhɔ a yɛne Josef kyinkyinii no ma ɛyɛɛ osuahu a ɛhyɛ nkuran.

Wɔdaa Anisɔ Adi

Yehowa Adansefo ani sɔe sɛ wɔyɛɛ nhyiam ahorow yi wɔ Poland. Aban mpanyimfo a wɔwɔ Poland ne agumadibea so mpanyimfo boaa nhyiamfo no na woyii adamfofa su adi kyerɛɛ wɔn. Eyi maa wotumi yɛɛ nhyiam no na ɛyɛɛ anigye nso. Bio nso, wɔ nhyiam kurow biara mu no, atesɛm nkrataa kaa ho asɛm na wɔkaa ho asɛm wɔ radio ne television nyinaa so nso.

Nanso ade titiriw a na nhyiamfo a wɔrefi hɔ akɔ no ani gyee ho ne Poland Adansefo no ahɔhoyɛ su no. Wɔne nhyiamfo a wofi mmeae afoforo dii wɔn awia aduan. Nhyiamfo a wofi aman afoforo so bɛkae wɔn serew, atuu a wɔyɛɛ wɔn ne wɔn ano a wofifew a ɛyɛ anigye no bere tenten.

Ebia Poland Adansefo no nkate horow a efi ɔdɔ mu no daa adi kɛse, na wɔkaa ho asɛm kakra wɔ nhyiam ase kasa a etwa to a ɛka koma no mu wɔ Katowice ne Warsaw nhyiam no ase. Wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Enyiresi ne German kasa mu na wɔde anigye bɔɔ wɔn nsam de penee so.

Anuanom adɔfo a mufi wiase aman bɛyɛ 16 so

Muhyiaa ɔhaw ahorow pii na mode nneɛma ahorow bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya yɛn anigye no mu kyɛfa. Nnamfo ankasa nkutoo na wɔbɛyɛ eyi.

Mo mu fã kɛse no ara ante nsɛm a wɔkae wɔ ha no mu pii ase, nanso wɔ eyi nyinaa akyi no, yɛwɔ ahotoso sɛ nhyiam yi honhom kaa mo.

Yɛyɛ biako wɔ ɔsom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kɛse, Yehowa, ne ɔdɔ a yɛwɔ ma no ne yɛn ho yɛn ho no mu.

Yɛn nyinaa ka asɛm koro​—Ahenni no ho asɛmpa no. Yɛsrɛ mo, monka nkyerɛ yɛn nnamfo no sɛ yɛwɔ ɔdɔ ankasa ma anuanom asafo no nyinaa, ne sɛ, yɛasi yɛn bo sɛ yebekura yɛn mudi mu ama Yehowa Nyankopɔn akodu awiei.

Sɛnea ɔkasafo no aka dedaw wɔ ne kasa a etwa to no mu no, ɛyɛ yɛn anigye sɛ mode yɛn dɔ nkyia bɛkɔ akɔma anuanom a wɔwɔ mo kurom no.

Yɛn ani agye na yɛde aseda ma sɛ yɛne mo yɛ biako sɛ mudi mu kurafo wɔ wiase nyinaa onuayɛ no mu.

Yɛda mo nyinaa ase.

Wɔ Kwasida, September 29 no, wɔyɛɛ radio so dwumadi bi simma 30 a ɛfa nhyiam ahorow no ho a Ahenni dwom a ɛne “Hwɛ Yehowa Asraafo” a wɔde anigye towee ka ho wɔ Polandfo ɔman radio so. Ampa, nhyiam ahorow yi a wɔyɛe wɔ Poland no ma yenyaa mmuae foforo maa asɛm a wɔabisa wɔ Genesis 18:14 no: “So biribi yɛ [Yehowa] yɛ na?”

[Kratafa 23 adaka]

Warsaw nhyiam, August 16-18

Dodow a ɛsen biara a wɔbae 27,271

Dodow a wobɔɔ wɔn asu 879

Wrocław nhyiam, August 16-18

Dodow a ɛsen biara a wɔbae 16,003

Dodow a wɔbɔɔ wɔn asu, 545

Poznań nhyiam, August 23-25

Dodow a ɛsen biara a wɔbae 19,305

Dodow a wɔbɔɔ wɔn asu, 715

Katowice nhyiam, August 23-25

Dodow a ɛsen biara a wɔbae 31,555

Dodow a wɔbɔɔ wɔn asu, 1,001

Nhyiam anan no nyinaa dodow a wɔaka abom

Dodow a ɛsen biara a wɔbae 94,134

Dodow a wɔbɔɔ wɔn asu, 3,140

[Kratafa 24 adaka]

YƐN WERƐ REMFI DA

Yɛn werɛ remfi mo. Poland nsrahwɛ no,

Anuanom a mufi nsase pii so.

Aduan abu so wɔ Yehowa pon so,

Ná sɛ nnipa biako a yɛwɔ anigye no, yɛbom gyina

Yɛn werɛ remfi eyi da.

Ampa, na kasa yɛ ɔhaw de,

Nanso ɔdɔ nyaa kwan kae sɛ,

“Yɛdɔ mo.”

Yɛn werɛ remfi eyi da.

Da koro, bere a nhyehyɛe foforo no aba no,

Akyinnye biara nni ho, yɛde nusu bɛhwɛ yɛn akyi,

Yɛbɛkae, sɛnea yɛn nyinaa koma hyiae.

Anuanom adɔfo, yɛn werɛ remfi eyi da.

​—Polandni Ɔdansefo bi na ɔkyerɛwee.

[Kratafa 19 mfoni]

Wɔresiesie Poznań agumadibea

[Kratafa 20, 21 mfoni]

1985 Warsaw nhyiambea mfonini

Asubɔ wɔ Warsaw nhyiam no ase

[Kratafa 22 mfoni]

Albert Schroeder rekasa akyerɛ nnipa 18,200 wɔ KS Warta Agumadibea, Poznan, Poland

Japanfo ne afoforo a wɔbaa nhyiam no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena