“Yehowa Adansefo A Wofi RUSIA Mmere Pa Bɛba Da Bi”
NA ƐNO ne August 19, 1990, Engiresi kasa mu atesɛm krataa The Warsaw Voice a wotintim wɔ Poland no asɛmti Ɔkyerɛwfo no a ɔne Anna Dubrawska, kaa Yehowa Adansefo “Kasa Kronn” Nhyiam a wɔyɛe wɔ Warsaw wɔ August 1990 mu no ho asɛm. Obisabisaa Yehowa Adansefo a wofi Rusia a esiane wɔn nyamesom mu gyidi horow nti wɔn mu binom ada afiase ne nneduaban mu mfe 15 no nsɛm. Afei de wɔreka nsakrae pa ahorow a ɛrekɔ so wɔ wɔn man mu no ho asɛm.
Wotwaa Grigor Goryachek, ɔdansi odwumayeni a ofi Crimea a wɔtetee no sɛ Yehowa Ɔdansefo no asu mfe 15 kɔɔ Siberia. Ɔkae sɛ: “Afei de yɛrehwɛ kwan sɛ mmere pa bɛba.” Ɔdansefo foforo, Anton Pohanich, kae sɛ: “Mmere pa aba dedaw. Afei de mitumi de yɛn nkrasɛm no kɔ afie afie a minsuro, bere a kan no eyi ntumi nyɛ yiye.”
Dubrawska fa lgor Cherny, Ɔdansefo bi a wadi mfe 17 a ofi Caucasus asɛm ka sɛ: “Mfe 70 ni no, wɔatwe nnipa, titiriw mmofra, afi Onyankopɔn ho araa ma mprempren wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ Ne nkyɛn saa ara, anaa anyɛ yiye koraa no, wɔpɛ sɛ wofi ase te Ne nka.”
Poland nhoma Dziennik Wieczorny (Anwummere Atesɛm Krataa) no bɔɔ amanneɛ wɔ asɛmti Radość braci (Anuanom no Anigye) ase sɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ Zawisza agumadibea wɔ Bydgoszcz kurom no kae sɛ: “M’ani gye kasa a ɛho tew a mmofra no de di dwuma no ne suban pa a wɔda no adi no ho.”
Zofia Uszynska rekyerɛw wɔ Poland Trybuna no mu wɔ asɛmti Glosiciele Królestwa (Ahenni Adawurubɔfo) ase no, ɔkaa nhyiam no ho asɛm sɛ: “Simma 30 mu no, na wɔama me nnɔkɔnnɔkɔwade ne kafe mpɛn du. Mpɛn anum na obi bɔɔ mmɔden sɛ ɔde n’agua bɛma me. Nnipa bɛboro 30,000 a na wɔwɔ Dziesieciolecia Agumadibea hɔ wɔ Warsaw no de wɔn ho hyɛɛ [nyamesom] afahyɛ mu toaa so naanan. Mmea apemfo a wɔn afuru anyinyin, mmusua horow a mmofra nketewa wom, mpanyin ne mmofra. Na nea osua koraa a wɔbɔɔ no asu no adi mfe 11, na aka kakraa na nea wanyin sen wɔn nyinaa no adi mfe 80.”
Asɛm no kɔ so ka sɛ: “Rusiafo ɔpepem pii [nokwarem no wɔboro 16,000] baa afe yi nhyiam no ase. Afe a etwaa mu no na wɔyɛ 6,000. Rusia ɔhye so awɛmfo maa bɔs a ɛtoatoa so kilomita pii no senee a na ɛho nhia sɛ wogyina hwehwɛ mu. Nhyiamfo fi Rusia mmeae horow nyinaa bae: Vladivostok, Khabarovsk, Vorkuta. Ebinom traa keteke mu naanan anaa nnanum.”
Krataa koro no ara faa Ivan M. Grevniak asɛm kae sɛ: “Mihuu ntɛnkyea wɔ nea paapanom ne asɔfo no yɛe no mu, na mehwehwɛɛ nokwaredi.” Amanneɛbɔ no toa so ka sɛ: “Ohuu sɛnea Yehowa Adansefo nsɛm ne wɔn nneyɛe hyia no.” Afei Ivan ka kaa ho sɛ: “Meda Onyankopɔn ase sɛ ɔma mihuu nokware no.”
Trybuna no bɔ amanneɛ sɛ Ivan yɛ ɔpanyin wɔ asafo bi a ɛwɔ Lvov, a “asafo ahorow 13 ne nyamesom gyidifo bɛboro 2,000 wɔ hɔ no. . . . Grevniak ka sɛ ‘ɔmampɛ honhom wɔ nyamesom akuw no nyinaa mu wɔ baabiara. Nanso, enni me mfɛfo nyamesomfo no mu.’”
Biakoyɛ yi daa adi wɔ Yehowa Adansefo Warsaw nhyiam a wɔde Poland ne Rusia kasa dii dwuma bere koro mu wɔ agumadibea no afa horow no ase. Na ɔmampɛ mu akasakasa nni hɔ koraa.
Zofia Uszynska ani gyee nhyehyɛe a wɔyɛ de maa nnipa bɛboro 35,000 a wɔkɔɔ nhyiam no nyaa dabere, aduan ne mpo nnuru no nso ho. Ɔde asɛm no baa awiei sɛ: “Minnyaa baguam adamfofa kwan so nhyiam fɛfɛ sɛɛ mu kyɛfã da.”
Poland Sztandar Mlodych (Mmofra Gyinapɛn) no kaa adwuma a wɔyɛe na agumadibea no afata sɛ ebegye ahɔho pii saa no ho asɛm sɛ: “Te sɛ ɔmandwuma no . . . Yehowa akyidifo siesiee nkongua, akã ne tiafi ahorow, na wɔdodɔwee. Wɔn ankasa yii ntoboa tuaa nhyiam no ho ka. Yehowa Adansefo siesiee dabere bɛboro 22,000 wɔ afie mu maa ahɔho no, wɔhwɛɛ Rusiafo no na na wɔn ankasa wɔ wɔn nnuruyɛfo.”
Nokwarem no, Yehowa Adansefo redi “mmere pa” wɔ Europa Apuei fam dedaw na wɔbɔ mpae sɛ mmara kwan so gyinabea foforo a wɔanya wɔ aman te sɛ Romania, Hungary, ne Poland no nnu Czechoslovakia, Albania, Bulgaria, ne Rusia bi ntɛm.—2 Tesalonikafo 3: 1; 1 Timoteo 2:1, 2.
[Kratafa 23 mfoni]
Rusia Adansefo wɔ Warsaw “Kasa Kronn” Nhyiam ase, wɔn a wɔrebɔ wɔn asu ka ho (atifi ne ase) , Rusia ɔkasafo, dwumadi no ho nhyehyɛe, ne Rusia nhyiamfo wɔ wɔn bɔs ahorow no anim