Bɔɔlbɔ Mu Basabasayɛ—Ɔyare Anaasɛ Ɛho Sɛnkyerɛnne?
Efi British Isles “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
LONDON Times a wotintimii wɔ May 29, 1985 mu no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yɛrehwɛ bɔɔlbɔ a ɛbɛyɛ anigye a etwa to a wɔde begye Europa Nkonimbo Kuruwa a ɛfata edin no kwan.” Nanso ɛde kaa ho sɛ: “Brussels resiesie ne ho ama Liverpool akyigyinafo ba a wɔbɛba no . . . Wɔayɛ ahobammɔ kɛse bi ho nhyehyɛe.”
Nanso nnipa 38 wuwui na bɛboro 150 piripirae bere a nkurɔfo yɛɛ basabasa wɔ Brussels Heysel Agumadibea bere a bɔɔlbɔ kuw a wofi Britain ne Italy hyiaam no. Daily Mail a wotintim wɔ London no bɔɔ amanneɛ sɛ:
“Asiane a ɛbae bere a aka dɔnhwerew biako na bɔɔlbɔ no afi ase no sii bere a Liverpool akyigyinafo a ebetumi aba sɛ na wɔn bo afuw no kɔtoaa Juventus akyigyinafo a wɔwɔ nipadɔm no mu no. Na pempe bi a ɛnyɛ den na ɛwɔ bɔɔlbɔ kuw abien no akyigyinafo no ntam wɔ saa beae hɔ na Liverpool akyigyinafo no foroe na wobubu guu fam. Ɔfasu no ne pempe no bu guu fam bere a Italiafo no reguan esiane ehu nti no . . .
“Bere a ɔfasu no bu guu fam akyi no, nnipa a na efi wɔn nan ase de besi wɔn asen so aka dɔte ne nnua a abubu no mu no de yaw teɛteɛm na wɔmomaa wɔn nsa so de hwehwɛɛ mmoa.
“Nanso na bɛhwɛadefo no gyinagyina wɔn so a wɔda so ara ne wɔn ho wɔn ho reko a wɔretotow nneɛma gu . . . Wohuu basabasayɛ no wɔ television so wɔ aman a na ɛreyi bɔɔlbɔ no akyerɛ no mu . . . Bɛboro dɔnhwerew 11/2 wɔ asiane no akyi, bere a bɔɔlbɔ akuw abien no nyinaa captain srɛe sɛ wonnyaa basabasayɛ no, na wɔn akyigyinafo no da so ara redi Belgium polisifo a wodi basabasayɛ ho dwuma ho fɛw na na wɔretow ntumpan, nkankyee ne abo bobɔ wɔn.”
Nanso basabasayɛ a ɛte saa no nyɛ ade foforo. Nnipa a wɔn ani gye bɔɔlbɔ ho a wɔyɛ basabasa ama ehu aka nkurɔfo na ebinom awuwu wɔ bɔɔlbɔ pii mu ne wɔ akyi. Ɛdɛn, wɔ ɔsram koro no ara mu a asiane no sii wɔ Brussels no nnipa 8 wuwui na 51 pirapirae wɔ basabasa nnipa a wɔn ani gye bɔɔlbɔ ho yɛe wɔ Mexico City Olympic Agumadibea no mu! Nsɛm afoforo a asisi no mu kakraa bi ni:
Wɔ October 1982 mu no, nnipa 20 wuwui wɔ bɔɔl a wɔbɔe wɔ Lenin Agumadibea, Moscow no akyi. Wɔ February 1981 mu no, nnipa afoforo 19 wuwui wɔ Piraeus, Greece. Wɔ August 1980 mu no, nnipa 16 wuwui wɔ Calcutta, India. Wɔ February 1974 mu wɔ Cairo, Egypt no, wotiatiaa nnipa 48 so ma wowuwui. Wɔ June 1968 mu no, ntɔkwaw a nnipa a wɔn ani gye bɔɔlbɔ ho koe wɔ Buenos Aires, Argentina no maa nnipa 72 wuwui. Na wɔ May 1964 mu no, anyɛ yiye koraa no nnipa 318 wuwui na 500 pirapirae wɔ Lima, Peru bere a wɔkoo ntɔkwaw wɔ gcol bi a Perufo hyɛe a referee no annye akyi.
Nanso, bɔɔlbɔ mu basabasayɛ yɛ nea ɛkɔ so kɛse wɔ Britaniafo a wɔn ani gye bɔɔlbɔ ho no mu. Times a wotintim wɔ London no tintim nsɛm bi a wɔahyehyɛ a ɛyɛ hu a ɛka basabasa a wɔyɛ wɔ bɔɔl a Britainfo bɔ no mu wɔ bɛboro mfirihyia 28 a atwam no mu no ho asɛm. Britania bɔɔlbɔ akuw ahorow akyigyinafo asɛe nneɛma wɔ Europa nkurow ahorow te sɛ Rotterdam, Paris, Saint Étienne, Turin, Madrid, Basel, Oslo, Amsterdam, Brussels, Valencia, Copenhagen, Luxemborg, ne Lisbon mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Europafo frɛ bɔɔlbɔ mu basabasayɛ sɛ “Britaniafo Yare.”
Bere a London Times sɛnkyerɛwfo David Miller rebɔ asiane a esii wɔ Brussels no ho amanneɛ no, ɔkaa sɛnea nnipa pii te nka no no ho asɛm bere a ɔkyerɛw sɛ: “Bere a wɔ agumadibea no akyi mfiri a wɔde fa ayarefo pii ne nnuruyɛfo a wodi tebea a egye ntɛmpɛ ho dwuma rehwɛ wɔn a wɔawuwu ne wɔn a wɔapirapira no wɔ tebea a ɛte sɛ nea ɛkɔ so wɔ akono mu na wɔ ɛno akyi ntɔkwaw no kɔ so kɛse wɔ atirimɔden kwan so wɔ mmorɔn so a, ɛsɛ sɛ wɔma wogyae.”
Bɔɔlbɔ mu basabasayɛ yɛ ɔyare bɔne a aka adesamma abusua no ampa. Nanso so nsɛmmɔnedi a ɛka basabasayɛ no ho no betumi ayɛ ɔyare no ho sɛnkyerɛnne ara kwa? Sɛ ɛte saa a, ɔyare bɛn?
So Ɛyɛ Abusua a Ɛyare?
Wɔkaa bɔɔlbɔ ho asɛm wɔ The Sunday Times a wotintim wɔ London no mu sɛ “ɛkyerɛ sɛnea adesamma abusua no te ne sɛ, yɛn ankasa abusua a ɛwɔ hɔ mprempren no yɛ nea ɛho ntew, ɛpɛ adifude na ɛyɛ basabasa.” Atesɛm krataa no de kaa ho sɛ: “Ɛnyɛ bɔɔlbɔ ankasa na ɛde basabasayɛ ba na mmom ɛyɛ agoruhwɛbea a edi mũ ma no . . . Ɛma basabasayɛ a anka ɛremma ba anaasɛ ɛba wɔ bere ne bere mu.”
Basabasayɛ a ɛda adi wɔ akane a bɔɔlbɔ akuw ahorow si mu no yɛ nneɛma afoforo a ɔmanfo a wɔkyerɛ sɛ wodi mmara so pene so no ho nhwɛso. Bere a David Robins de mfe ason asua bɔɔlbɔ mu basabasayɛ ho ade akyi no, ɔkyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no We Hate Humans no mu sɛ: “Su a aman ahorow wɔ sɛ wobedi wɔn asasesin ho akasakasa ho dwuma denam basabasayɛ ne abrabɔ mu nnyinasosɛm ho asɛm kakraa bi a wɔbɛtwe adwene asi so no so no yɛ nea obi a onnim amammuisɛm betumi ate ase sɛ ɛnyɛ hwee sɛ bɔɔlbɔ mu akodi a atrɛw ayɛ kɛse.”
Enti The Economist nsɛmma nhoma no tuu fo sɛ: “Bere a Britaniani a n’ani awu resusuw Brussels asiane no ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔhwehwɛ amammerɛ ho nnyinasosɛm ho nhyehyɛe a ɛma etumi baa saa no mu.”
Bere a polisifo Mpanyimfo Kuw no Titrani, Charles McLachan huu basabasayɛ sɛ ɛyɛ abusua a ɛyare ho sɛnkyerɛnne no, odii nteɛso a wɔmfa mma wɔ nnɛyi asetra mu ho nkɔmmɔ na ɔkyerɛe sɛ wɔmfa akwankyerɛ pa mma mmofra. Polisini a wɔfrɛ no Robert Bunyard a ɔka Polisifo a wɔwɔ Essex ho no kaa bɔɔlbɔ mu basabasayɛ ho asɛm sɛ “su a nkurɔfo yi adi kyerɛ kɛse wɔ baabiara.”
So ɔyare a aka adesamma abusua no yɛ nea wonni ano aduru? Anaasɛ ano aduru wɔ hɔ? Aduru bɛn na ebetumi asa?
Ɔyare no Ho Sɛnkyerɛnne Ho Dwuma a Wobedi
Wɔakyerɛ sɛ wɔmfa krataa a ɛma wohu onii a obi yɛ mma na wɔnhwehwɛ nkurɔfo ho na amma wɔn a wɔyɛ basabasa no antumi ankɔ agumadibea hɔ. Bere a Asennibea Kɛse, Temmufo, Popplewell reyɛ bɔɔlbɔ mu ahobammɔ ho nhwehwɛmu no, ɔkae sɛ hwehwɛ a wɔbɛhwehwɛ sɛ wɔmfa nkrataa a ɛkyerɛ sɛ obi yɛ bɔɔlbɔ kuw bi muni mma wɔn akyigyinafo no bɛboa ma bɔɔlbɔ mu basabasayɛ so atew. Sɛ wodi eyi so a, ɛremma wɔn a wɔntaa nhwɛ bɔɔl no ntumi nkɔ agumadibea hɔ. Popplewell ka sɛ, “Wɔ m’adwenem no, ɛno ne hokwan a ɛsɛ sɛ efi ɔmanfo ne bɔɔlbɔ kuw no nsa na ama wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛtew bɔɔlbɔ mu basabasayɛ so.”
Nea ɛka nneɛma afoforo a ɔkamfo kyerɛɛ no ho no. Popplewell tuu polisifo fo sɛ wɔmfa television nni dwuma kɛse na ama wɔatumi ahu basabasa a nnipadɔm yɛ no. Wɔ mmeae ahorow bi no, wɔde nyansahyɛ yi adi dwuma na polisifo de afiri bi a wɔfrɛ no hoolivans redi dwuma. Eyi ma wotumi gyina baabi a ebetumi ama wɔahwɛ nnipa no denam mfiri a wɔde twa mfonini a woyi kyerɛ wɔ video so no so. Bere a wɔahu sɛ ɔhaw bi rekɔ so no, polisifo no betumi ahu nnipa ankorankoro a wɔreyɛ basabasa no na wɔatwa wɔn mfonini.
Basabasayɛ Ase a Wobetu
Asɛm a ɛyɛ hu a esii wɔ May 29 mu no ne nea esii wɔ agorudibea a ɛwɔ Heysel asa a fi agumadibea hɔ kɔ hɔ yɛ anammɔn 500 pɛ no so wɔ asram abien akyi no bɔ abira koraa. Ɛma obi kae nsonsonoe a ɛda awɔwbere mu po a entumi nyɛ komm ne nea ɛyɛ dinn wɔ ahohuru bere mu no ntam. Efi July 25 kosi 28 wɔ 1985 mu no, nnipakuw kɛse bi a wɔka kasa ahorow hyiaam wɔ hɔ bio. Nanso nea ɛkɔɔ so wɔ hɔ no yɛ soronko kɛse.
Nnipadɔm yi hyiaam de nnanan yɛɛ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam. Wɔbaa hɔ sɛ wɔrebesua biribi afa Kristofo mudi mu kura ho na wɔtee nkɔmmɔbɔ ahorow a ɛkanyan adwene a ɛfa nsɛm te sɛ “Nokware Mu a Wokura wɔ Amumɔyɛ Wiase Mu” ne “Onyankopɔn Mmere ne Nna, Ɛtwe Adwene Si Dɛn So?” ho. Bere a nnipa a wɔbaa ase dodow duu 27,402 no, adewia, ntɔkwaw ne pira a nkurɔfo pirapira a ɛhyɛɛ nhyiam a etwaam no agyirae no bi ansi wɔ hɔ. Mmom no, asomdwoe ne nneɛma a wɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ na ɛhyɛɛ nhyiam no nsow.
Wɔ Fida anɔpa, ɔtopae a wɔkae sɛ ɛbɛtow wɔ hɔ maa dwumadi no mu twae. Nanso hyɛ ade soronko a nnipadɔm yi yɛe bere a wɔtee nka sɛ wɔrehyɛ wɔn ma wɔayɛ biribi no nsow: Wɔbɔɔ wɔn amanneɛ na obiara fii asa no so wɔ ɔkwan a basabasayɛ biara nnim so. Sɛnkyerɛwfo bi hwɛɛ bere a wɔde fii hɔ no—egyee simma awotwe pɛ. Wofii asa biako so wɔ simma anan pɛ mu! Eyi maa nhyiamfo no mu biako ho dwiriw no. Na wafi nnipadɔm no mu sɛ ɔrekogyaw ne nan wɔ baabi a akasam adaka biara nni hɔ. Bere a ɔsan bae wɔ simma anum pɛ akyi no, na obiara nni asa no so. Wanhu obiara. Ɔyɛɛ basaa kɛse kosii sɛ ohuu nea esii no.
Asa ahorow no so daa mpan dɔnhwerew biako bere a polisifo ne wɔn a wotuu wɔn ho mae a wɔn dodow yɛ 500 hwehwɛɛ adan no mu nyinaa no. Wɔanhu atopae biara na nhyiam dwumadi no kɔɔ so.
Saa ara na wɔ Britania no, nnipa bɛyɛ 142,859 dii nnanan wɔ agumadibea ahorow du mu de yɛɛ Yehowa Adansefo “Mudi Mu Kurafo” nhyiam a basabasayɛ biara ansɛe wɔn fekuwbɔ no. Nokwarem no, bɔɔlbɔ kuw bi so panyin kae sɛ: “Ntawntawdi biara amma . . . tebea a asomdwoe wom no . . . ka koma.”
Bere a Manchester polisifo de nhyiamfo no totoo nnipa a wɔhwɛ bɔɔl ho no, wɔkae sɛ: “Wɔn a wɔhwɛ bɔɔl no bu yɛn sɛ atamfo na wontie yɛn. Nanso mo saa nnipa yi yi adamfofa su adi kyerɛ.” Sɛ obiara yɛ n’ade pɛpɛɛpɛ . . . te sɛ mo a, anka adwuma biara nni hɔ a mɛyɛ.”
Dɛn na ɛma nnipadɔm yi yɛ soronko wɔ wɔn a wɔhwɛ bɔɔl no ho? Ɛnyɛ nkurɔfo ho a wɔhwehwɛ anaasɛ television a wɔde hwɛ nkurɔfo no. Dabi, na mmom ɛyɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa no di asetra kwan a asomdwoe wom akyi. Kan no na wɔn mu pii de wɔn ho hyɛ basabasayɛ mu. Nanso, wɔsakrae bere a wosuaa Bible no daa na wɔde dii dwuma wɔ wɔn asetra mu na wɔde wɔn ho bɔɔ afoforo a wodi Bible mu afotu a ese ‘wɔnhwehwɛ asomdwoe na wonni akyi’ ho akyi no.—1 Petro 3:11.
Nanso, adeyɛ yi ankasa remma basabasayɛ nyinaa a bɔɔlbɔ mu de ka ho no mfi asase no so. Eyi bɛba bere a Onyankopɔn Ahenni de ne ho gye asase so nsɛm mu na ayi nsisi ne basabasayɛ nyinaa afi hɔ no. Afei asomdwoe bɛtra hɔ wɔ “Asomdwoe-hene” no ase.—Yesaia 9:6.
Yehowa Adansefo de anigye to nsa frɛ wo sɛ kɔ wɔn Ahenni Asa so ne wɔn nhyiam ahorow ase. W’ankasa hwɛ sɛnea nkurɔfo resakra wɔn asetra koraa denam nnyinasosɛm a wɔka ho asɛm wɔ Bible no mu a wɔde di dwuma no so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
“Anwummere bi a wodii agyimisɛm ma wohwiee mogya gui wɔ bɔɔlbɔ mu no yɛn werɛ remfi da.”—Fransefo nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Onze
[Kratafa 16 mfoni]
Dɛn nti na asomdwoe a ɛte sɛɛ wɔ ha?
[Kratafa 14 mfoni fibea]
ROSSEL and CIE, S.A., Brussels