Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 4/8 kr. 12-16
  • Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi—So Ɛyɛ Agorudi Ara Kwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi—So Ɛyɛ Agorudi Ara Kwa?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwasɛm Ho a Woguan Fi
  • So Bɔɔlbɔ Ama Wɔayɛ Biako?
  • So Ɛyɛ Adaeso a Ɛbaa Mu?
  • Agorudi Ka Wo Dɛn?
  • Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi—Ɛyɛ Agodi Anaasɛ Ɔko?
    Nyan!—1991
  • Bɔɔlbɔ Ho Anigye A Emu Yɛ Den—So Ɛfata?
    Nyan!—1983
  • Efi Bɔɔlbɔ Mu Mmɔden So Kɔ Onyankopɔn Som Pa Ahofama Mu
    Nyan!—1980
  • Dɛn Nti na Wɔyɛ Basabasa wɔ Agumadi Mu?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 4/8 kr. 12-16

Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi​—So Ɛyɛ Agorudi Ara Kwa?

“Uruguayni a wadi mfe 63 no gyaee aduan a ɔtɔn wɔ Camelo mmorɔn so no tɔn kakra na ama ɔde bɛyɛ afe biako atwa akwansin 6,200 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɛn ne man mu bɔɔlbɔ kuw no.”​—El Universal, Mexico atesɛm krataa.

Saa onipa a n’ani gye bɔɔlbɔ ho yi yɛ nnipa ɔpehaha pii a wɔkɔhwɛɛ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no wɔ Mexico no mu biako.

ESIANE bɔɔlbɔ ho anigye kɛse a wɔwɔ wɔ wiase nyinaa nti, asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no nyɛ nea wɔntaa nte. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ Mexiconi dwumayeni a n’akatua ye sɛe n’asram anan akatua sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔhwɛ bɔɔl a wɔbɔ de buee akansi no ano no. Nanso nnipa mpempem yɛɛ saa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ obi a n’ani gye bɔɔlbɔ ho no nyaa komayare bere a obeduu Mexico City Aztec Agumadibea​—na ne tekit ayera. Nanso ma akontaabu no nka din a bɔɔlbɔ agye no ho asɛm nkyerɛ.

Wɔbɔɔ bɔɔl ahorow 52 wɔ agumadibea 12 a ɛwɔ Mexico nkurow 9 mu. 1986 Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no ne ade a nnipa a wɔdɔɔso sen biara ahwɛ pɛn wɔ abakɔsɛm mu. Nnipa a wɔn ani gye bɔɔlbɔ ho a wɔwɔ wiase afã horow nyinaa bɛyɛ ɔpepepem abien hwɛɛ nea wɔbɔ de buee akansi no ano wɔ May 31 no wɔ television so. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepepem abiɛsa na wɔhwɛɛ nea etwa to a Germany ne Argentina bɔe wɔ June 29 no. Wobuu akontaa sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepepem du​—nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa mprempren mmɔho abien na wɔhwɛɛ bɔɔlbɔ ahorow 52 no wɔ television so!

Esiane sɛ nnipa a wɔwɔ nsase pii so wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛhwɛ bɔɔl asen biribi foforo biara nti, amammuifo binom anyɛ wɔn nhyiam ahorow wɔ bere a wɔrebɔ bɔɔl no mu. Na bere a Iraq hyɛɛ Syria na ɛma wotumi fatae sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ akansi no mu no, wɔn asraafo a wɔne Iranfo ako bɛyɛ mfe anum ni no totow wɔn atuo de dii ahurusi. Yiw, nnipa ɔpepepem pii bu bɔɔlbɔ aniberesɛm nnɛ. Rogerio Achilles a ɔyɛ São Paulo radio dwumadibea no bɔɔlbɔ ho nsɛm ho amanneɛbɔfo no ka sɛ: “Bɔɔlbɔ yɛ ade a ɛsen agorudi, ɛyɛ nnipa no nyamesom.” Nanso dɛn nti na agye din saa?

Nokwasɛm Ho a Woguan Fi

Te sɛ nnubɔne ne nsa no, wɔde agorudi adi dwuma sɛ ‘ade a ɛma wotumi guan fi nokwasɛm ho.’ Mexiconi adwenemyare ho ɔbenfo a wɔfrɛ no Armando Barriguete twee adwene sii sikasɛm mu ahokyere a Mexico rehyia mprempren no so na ɔkae sɛ wɔ Mexicofo fam no, Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no yɛɛ ‘ade a ɛma woguan fii ɔhaw a wɔrehyia no ho.’ Mexico City atesɛm krataa El Universal ka sɛ ‘aban ne adwumakuw ahorow television abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa no agye atom sɛ nkonim a mmerante a wɔwɔ ahoɔden dubiako​—Mexico bɔɔlbɔ kuw no​—bedi no, yɛ di a ɔman no adi asiane pii a ato yɛn no so nkonim.’ Enti wɔkae sɛ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no ‘hyɛɛ nnipa a wɔn anuonyam ne wɔn anidaso asɛe no den.’ Yiw wɔ nnipa pii fam no, bɔɔlbɔ yɛ ade a ɛsen agorudi​—nea wodwen ho dapɛn biara a ɛnkosi baabiara.

Ɛwom sɛ ebia bɔɔlbɔ bɛma wɔanya bere tiaa bi mu anigye de, nanso​—te sɛ nnubɔne ne nsa no​—ɛnyɛ nea ebetumi ama wɔanya daa asomdwoe. Nanso sɛnea nnipa binom kyerɛ no, so ɛma biakoyɛ ba amanaman ntam?

So Bɔɔlbɔ Ama Wɔayɛ Biako?

Ɛtɔ bere bi a, wɔde agoru ahorow di dwuma sɛ adwinnade a wɔde ma amammuisɛm nya nkɔso. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ eyi wɔ 1986 Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no mu?

Mexicofo ɔmampanyin a wɔfrɛ no Miguel de la Madrid ne Amanaman Nkabom no yɛɛ biako na “wɔkaa asomdwoesɛm kyerɛɛ wiase no nyinaa.” Na 1986 Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no sɛnkyerɛnnede yɛ asase mfonini abien, kusuu fam ne kesee fam a bɔɔl wɔ ntam.

Rafael del Castillo a ɔyɛ Mexicofo Bɔɔlbɔ Fekuw no titrani no kae sɛ: “Yɛn man no nam ne sɛnkyerɛnnede ma Mexico-86 no so benya wiase a biakoyɛ wom denam bɔɔlbɔ so.” Nanso ɛnyɛ Mexico nkutoo na ne yam a anka aba saa. Hyɛ nea nnipa afoforo kae no nsow:

Argentinafo ɔmampanyin Raúl Alfonsin buu Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no sɛ “sɛnkyerɛnnede bi a egyina hɔ ma biribi a yɛhwehwɛ a ɛsɛ sɛ ɛma yehu hia a ɛho hia sɛ yɛbɛyɛ nea ɛbɛma yɛanya ayɔnkofa, asomdwoe [ne] atɛntrenee wɔ wiase nyinaa.”

Joao Havelange a ɔyɛ FIFA a ɛhwɛ bɔɔlbɔ ho nsɛm so no titrani no sii “ayɔnkofa ne ntease honhom a ɛbɛma yɛanya asomdwoe” no so dua wɔ kasa a ɔma de buee bɔɔlbɔ akansi no ano no mu.

Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin a wɔfrɛ no Javier Pérez de Cuéllar kae wɔ nkrasɛm a ɔde kɔmaa wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi XIII no mu sɛ: “Wɔ wiase a akodeyɛ ho akansi a emu yɛ den ne nsisi, ɔkɔm ne ohia wom mu no . . . yɛreka akyerɛ mo sɛ monkae mo akannifo wɔ hia a biakoyɛ ho hia bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya asomdwoe.”

Paapa John Paul II mpo kae sɛ ɔwɔ anidaso sɛ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no bɛma ‘abusuabɔ a asomdwoe wom ne biakoyɛ aba amanaman no ntam sɛnea ɛbɛyɛ a asetra mu su pa te sɛ ntease, nokwaredi, biakoyɛ su ne wiase nyinaa onuayɛ​—nea ɛsen biara no​—wiase nyinaa asomdwoe benya nkɔso.’

Ampa, television kaa aman pii boom wɔ bere tiaa bi mu bere a wɔrehwɛ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no. Ɛwom sɛ wɔde biakoyɛ bɔ gyee wɔn so na wɔn ani gyee de, nanso ɔmampɛ ne akansi a emu yɛ den paapaee wɔn mu. So na ‘bɔɔlbɔ reka nnipa a wɔwɔ wiase no mu no abom biako ampa’?

So Ɛyɛ Adaeso a Ɛbaa Mu?

Bere a Franseni nyansapɛfo a wɔfrɛ no Albert Camus reka hia a bɔɔlbɔ ho hia wɔ asetra mu ho asɛm no, ɔkaa bere bi sɛ: “Bɔɔlbɔ na ɛma yenyaa abrabɔ pa ne mmarima asɛyɛde ahorow a wɔwɔ ho nokware nnyinasosɛm ahorow no.” Ɛwom sɛ wɔde nsɛm a eye te sɛ “wiase nyinaa bɔɔlbɔ abusua,” “atɛntrenee,” ne “agorudi honhom” dii dwuma wɔ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no mu de, nanso so wɔbɔɔ bɔɔl no sɛnea na wɔhwɛ kwan no? So bɔɔlbɔ anaasɛ agorudi foforo biara betumi ama wɔanya asomdwoe ne biakoyɛ na wɔabu bra pa ankasa?

Agorudi ho sɛnkyerɛwfo a wɔfrɛ no Pedro Escartin reka bɔɔl a Mexico ne Paraguay bɔe ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ wɔde baabi a wɔbɔ bɔɔl yɛ beae a wɔyɛ basabasa, wɔkasa tia bɔɔlbɔ na wodi afotu bɔne a ɛkyerɛ sɛ ‘ɛsɛ sɛ bɔɔl no twam na ɛnyɛ onipa no’ ho dwuma a, ɛnde susuw a wobesusuw sɛ onipa biako pɛ betumi ama basabasayɛ tebea adan asomdwoe de a bɔɔlbɔfo ne wɔn mpanyimfo mmoa biara nka ho no yɛ nea wɔrebisa pii dodo.” Ɔde kaa ho sɛ: “Bɔɔlbɔ a wobu bɔɔlbɔ ho mmara so mpɛn 77 wom no ma mibisa me ho sɛ ebia bɔɔlbɔ betumi ayɛ ade pa anaa.” Nea eye no, na ɛnyɛ ne nyinaa na basabasayɛ wom sɛ ɛno.

Ɛtɔ bere bi na sɛ wɔtete wɔn a, wɔtoto apon mu a wɔmma nsɛnkyerɛwfo mpo mma hɔ. Dɛn ntia? Na wɔsuro sɛ kuw foforo akwansrafo de wɔn ho bɛfra nsɛm ho amanneɛbɔfo ne ɔmanfo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu ɔkwan a wɔfa so bɔ bɔɔl no. Sɛnea Mexico City atesɛm krataa a wɔfrɛ no Excelsior kyerɛ no, na ɛte sɛ nea “ehu aka bɔɔlbɔ akuw a wɔde wɔn ho hyɛɛ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no mu no wɔ wɔ a kuw a wɔne wɔn bɛbɔ bɔɔl no akwansrafo wɔ hɔ no ho. . . . Nsɛm a bɔɔlbɔfo ananmusifo kae wɔ tɛw a wɔtetɛw wɔn no ho betumi ayɛ akwansrafo ho nhoma a John Le Carre kyerɛwee no ma.” Eyi nyɛ asomdwoe tebea a biakoyɛ wom ho nhwɛso.

Atesɛm krataa koro no ara faa paapa no asɛm kae wɔ asɛm foforo bi a ɛkae no mu: “Agorudi nyɛ nea ɛdɔɔso . . . Ɛtaa dan akansi a emu yɛ den, nitan, ntɔkwaw, atirimɔdenne, nokware a wonni, adwuma, ne aguadi.” Wɔma nnipadɔm a “wobetumi ahu ntɔkwawpɛ su, ɛyaw, abufuw, awerɛhow ne wɔn koma a atu” no wɔ wɔn anim no nya saa su yi. Eyinom ne ɔmampɛ ama wɔayɛ basabasa na wɔahwie mogya agu mpɛn pii. Na bɔɔlbɔ mu basabasayɛ nyɛ ade a ɛntaa nsi.

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobekwati ɔhaw a ɛte sɛɛ wɔ 1986 Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no mu no, wɔyɛɛ ahobammɔ ho nhyehyɛe a emu yɛ den. Wɔboaboaa nnipa bɛyɛ 50,000​—polisifo ne asraafo​—ano sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ na wɔanyɛ basabasa. Na ɔtopae ho abenfo wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi nsɛmmɔnedifo ntua ho dwuma. Na asraafo a wɔko tia nsɛmmɔnedifo akuw anan a wɔatete wɔn yiye rewɛn mmeae atitiriw. Na polisifo dunnum a wofi Scotland Yard wɔ England wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ Engiresifo bɔɔlbɔfo kuw no ho ban. Wogyee nkatawia ne nneɛma afoforo a “ebetumi apira obi” a wobetumi de adi dwuma wɔ basabasayɛ mu fii ɔmanfo no nsam bere a wɔrehyɛn agumadibea no mu no. Wɔamfa nsukyenee anka nsa ho antɔn mpo. Dɛn ntia? Na wobetumi de adi dwuma sɛ akode!

Sɛ agoru a wodi gye akatua rentumi mfa asomdwoe ne biakoyɛ mma a, ɛbɛyɛ dɛn na ebetumi de wiase nyinaa asomdwoe a ɛtra hɔ daa aba?

Asemmisa foforo ne, ɛsɛ sɛ Kristofo koma pafo bu agoru a wodi gye akatua no dɛn? So ebetumi ama Kristoni nokwaredi ho aba asɛm?

Agorudi Ka Wo Dɛn?

Esiane apɔw mu teɛteɛ a ɛka ho no nti, agorudi te sɛ bɔɔlbɔ betumi ayɛ nea mfaso wɔ so. Nanso sɛnea ɛte wɔ biribi foforo biara a wɔyɛ de gye wɔn ani ho no, ɛho hia sɛ wɔkari pɛ. Ahoɔden ne bere ahe na wosɛe de di agoru anaasɛ wode hwɛ agoru, ebia wɔ TV so? So agoru a ɛte saa no mma wuntumi mfa wo ho nhyɛ Kristofo dwumadi ahorow a ɛho hia kɛse te sɛ nhyiam, kokoam adesua ne ɔsom adwuma mu? (Filipifo 1:10) Bible no tu fo sɛ: “Apɔw-mu-teɛteɛ so wɔ mfaso kɛse nanso mfaso a ɛwɔ honhom mu nneɛma so no nni ano efisɛ ɛde akatua a ɛyɛ daa nkwa ma wɔ ha ne mprempren ne daakye nso.”​—1 Timoteo 4:8, The Jerusalem Bible.

Ɔsomafo Paulo nso tu yɛn fo sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyanhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.” (Galatifo 5:26) Bere a mfomso biara nni hyɛ a Kristofo de wɔn ho bɛhyɛ agorudi ahorow mu wɔ anidahɔ mu ankasa ho no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ su a ɛne sɛ nea ɛbɛyɛ biara ɛsɛ sɛ yedi nkonim a wɔda no adi wɔ agoru a wodi gye akatua mu no ho. Akansi a emu yɛ den betumi ama yɛayɛ basabasa.​—Filipifo 4:5.

Bere a Rafael de Castillo a ɔyɛ Mexicofo Bɔɔlbɔ Fekuw no titrani no faa ɔkyerɛwfo Rudyard Kipling asɛm kae no, ɔhyɛɛ bɔɔlbɔfo a wɔde wɔn ho hyɛɛ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no mu no sɛ “momma bere a mode bɛbɔ no mu anibu biara nyɛ ɔko a emu yɛ den.” Eyi ne afotu a ɔsomafo Petro de mae sɛ ‘wɔnhwehwɛ asomdwoe na wonni akyi’ no bɔ abira kɛse.​—1 Petro 3:11.

Asiane foforo a ɛwɔ agoru a wodi gye akatua mu ne ɔmampɛ ne ɔman ho dɔ mu ahohoahoa. Sɛ Kristo Yesu wɔ asase so nnɛ a, anka ɔman anaasɛ kurow bɛn na wususuw sɛ obegyina wɔn akyi? Israel? Italy? Jerusalem? Rome? Anaasɛ ɔrennyina wɔn mn biara akyi. So ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn mu paapae wɔ nneɛma a ɛnkyɛ na atwam kɔ, te sɛ agoru ne ahomegye ho? (1 Korintofo 1:10-13) Mmom no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ wɔn a ‘aba pa ayɛ wɔn ma,’ “asomdwoefo,” “nnipa a wɔnyɛ nyiyim,” efisɛ ‘wɔagu trenee aba asomdwoe mu ama wɔn a wɔyɛ asomdwoe de.’​—Yakobo 3:17, 18.

Enti Kristoni a ofi ahonim mu yɛ ade no renyɛ obi a n’ani gye bɔɔlbɔ anaasɛ agoru foforo biara ho ntraso. Ɛyɛ agorudi ara kwa. Anigye kakra a obenya no bɛyɛ nea asiane nnim. Sɛ ade a wɔyɛ de gye wɔn ahome wɔ anidahɔ mu no, ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so. Nanso honhom mu nneɛma a ehia kɛse wɔ asetra mu no som bo daa.​—Mateo 6:33; 1 Korintofo 15:33.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Nnipa bɛyɛ ɔpepepem du​—nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa mmɔho abien na wɔhwɛɛ bɔɔlbɔ ahorow 52 no wɔ television so

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

“Bɔɔlbɔ yɛ ade a ɛsen agorudi, ɛyɛ nnipa no nyamesom”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

“Momma bere a mode bɛbɔ no mu anibu biara nyɛ ɔko a emu yɛ den”

[Kratafa 12 mfoni]

Argentina de Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi Nkonimbo no rekyerɛ wɔ bere a wodii nkonim no akyi

[Asɛm Fibea]

Reuters/Bettmann Newsphotos

[Kratafa 13 mfoni]

Ohuruw sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya ne wɔ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no mu

[Asɛm Fibea]

Reuters/Bettmann Newsphotos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena