Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 11/8 kr. 25-27
  • Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi—Ɛyɛ Agodi Anaasɛ Ɔko?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi—Ɛyɛ Agodi Anaasɛ Ɔko?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Agodi anaasɛ Ɔko?
  • Paapa Nhyira
  • Agodi Mu Basabasayɛfo
  • Bɔɔlbɔ Ho Adwene a Ɛkari Pɛ
  • Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi—So Ɛyɛ Agorudi Ara Kwa?
    Nyan!—1987
  • Bɔɔlbɔ Mu Basabasayɛ—Ɔyare Anaasɛ Ɛho Sɛnkyerɛnne?
    Nyan!—1986
  • Dɛn Nti na Wɔyɛ Basabasa wɔ Agumadi Mu?
    Nyan!—1983
  • Efi Bɔɔlbɔ Mu Mmɔden So Kɔ Onyankopɔn Som Pa Ahofama Mu
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 11/8 kr. 25-27

Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi​—Ɛyɛ Agodi Anaasɛ Ɔko?

Efi Italy Nyan! kyerɛwfo hɔ

NA WIASE no nyinaa adwene wɔ bɔɔlbɔ no so. Efi June 8 kosi July 8, 1990 no, na nnipa ɔpepehaha pii ani si wɔn TV so rehwɛ afe no mu adeyɛ titiriw no​—Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi a ɛkɔɔ so wɔ Italy no. Nnipa a wɔhwɛɛ TV wɔ wiase nyinaa no dodow si 30,000,000,000 wɔ agoru horow 52 no mu​—ɛno yɛ nnipa dodow a wɔwɔ wiase no mmɔho asia!

Mfiridwuma mu nhyehyɛe a ebi mmae da so na wɔnam yii TV so adehwɛ yi kyerɛe​—TV adwumayɛbea bi a ɛkɔ mmeae 147 a egyina hɔ ma aman 118, a ɛwɔ TV mfoninitwa mfiri 180, mmeae a woyi 38 ne mfiridwuma ho nimdefo 1,500. Afei bɛhwɛadefo 2,515,000 ne nsɛnkyerɛwfo 6,000 a wofi wiase nyinaa kɔɔ agoru a wɔyɛe wɔ Italiafo agumadibea ahorow 12 no ase. Nanso, akontaabu no mma wonhu asɛm no nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na wɔaka adeyɛ kɛse a “ɛte sɛ adaeso” sɛnea ebinom frɛɛ no no ho asɛm no, nsɛnkyerɛwfo, asetra mu nsɛm ho nimdefo, adwenem hwehwɛfo, mfoniniyɛfo ne mpo nyamekyerɛfo bɔɔ ho amanneɛ.

Nanso, so Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi boa ma wonyaa amanaman ntam biakoyɛ ne agumadi pa? So nnipa ɔpepem pii a wɔnam satellite so hwɛɛ agodi no a wɔn anigye wɔ agumadi ho no ma wɔyɛɛ biako no tumi gyaee wɔn ɔmampɛ mu ntawntawdi no wɔ saa nnafua 30 no mu? So bɔɔlbɔ yɛɛ tumi a ɛde biakoyɛ ba?

Agodi anaasɛ Ɔko?

Ma yensusuw ade biako pɛ a abu so wɔ nnɛyi agodi pii mu no​—basabasayɛ. Saa adeyɛ yi taa si wɔ bɔɔlbɔ mu​—agoprama no so, bɛhwɛadefo no mu ne agumadibea no akyi. Adwenem hwehwɛfo, asetra mu nsɛm ho nimdefo ne nsɛnkyerɛw pene so sɛ basabasayɛ a ɛwɔ wiase no mu bebree no aba agumadi nso mu. Wɔresɛe mfitiase abrabɔ gyinapɛn. Sɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkata basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ nnɛyi agorudi mu so no, nsɛm te sɛ “agumadi yɛ adeyɛ a ɛsɛ sɛ wodi mu nokware,” “adamfofa honhom,” anaasɛ “onuayɛ pa” no nyɛ adwuma.

Na ɛwɔ Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ Akansi no nso mu. Ansa na wɔrefi ase no, wɔtee amanneɛbɔ ahorow a ɛhaw adwene. Nnafua 18 ansa na agoru no redu so no, La Repubblica mu asɛmti bi kae sɛ: “Bɔɔlbɔ ho Basabasayɛ Yi Nkurɔfo Hu na Akwantufo no fi Italy.” Wɔn a na wosuro wɔn yiye ne hooliganfo (Basabasayɛfo) a wɔagye dimmɔne no, Engiresifo bɔɔlhwɛfo kuw bi a wonim wɔn wɔ Europa nyinaa esiane wɔn adesɛe wɔ bere a wɔrebedi agoru, bere a ɛrekɔ so ne bere a wɔawie no.*

June 1, 1990 Turin atesɛm krataa La Stampa no kyerɛɛ nea ɛde basabasayɛ ba agumadibea ahorow ne basabasayɛfo mu subammɔne no na ɛkae sɛ: “Wɔ bɔɔlbɔ mu no, mprempren anohyeto biara nni hɔ. Wɔn a wɔne wɔn si kane nyɛ akansifo bio na mmom ‘atamfo’; ntɔkwaw nyɛ ade a ebia ebesi na mmom ade a ɛsɛ sɛ ɛba, na ɛsɛ sɛ emu yɛ den, ɛyɛ den yiye sɛnea ebetumi.” Nanso dɛn ntia? Bɔɔlbɔ mu basabasayɛfo bi a wofi Bologna bua sɛ: “Efisɛ yɛtentan yɛn ho yɛn ho.” Asetra mu nsɛm ho nimdefo Antonio Roversi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nea ɛma saa ɔtan no ba no mu sɛ: “Mmofra a wɔwɔ agumadibea no wɔ ‘bedouin nkate.’ Wɔn a wɔwɔ saa nkate yi bu wɔn nnamfo atamfo sɛ wɔn atamfo, wɔn tamfo nnamfo sɛ wɔn atamfo, ne afei wɔn adamfo adamfo yɛ adamfo na ɔtamfo tamfo yɛ adamfo.”

Nitan, basabasayɛ, akansi, adesɛe, “bedouin nkate no”​—na womfii Wiase Nyinaa Bɔɔlbɔ akansi no ase nanso na tebea no te sɛ nea ɔko asi. Na eyi nyinaa wɔ hɔ de, nanso Italy yɛɛ adeyɛ no ho nsiesiei te sɛ ɛyɛ afahyɛ bere.

Paapa Nhyira

Paapa a ɔmpa nipadɔm mu no mpo kɔɔ Wiase Nyinaa bɔɔlbɔ “asɔreli,” Roma Olympik Agumadibea a wɔayɛ no foforo no kohyiraa so. Ɔkae sɛ: “Nea ɛka Wiase Bɔɔlbɔ akansi a ɛbɛyɛ agorudi mu afahyɛ ho no ne sɛ ebetumi ayɛ nnipa no ntam biakoyɛ afahyɛ.” Ɔde kaa ho sɛ ɛsɛ sɛ nnɛ bere mu agodi kwati asiane a ɛyɛ hu te sɛ honam fam ahonya pii akyidi, afɛfɛde a wɔde adwene si so pii no, nnubɔne a wɔde di dwuma, nsisi ne basabasayɛ. Na ɔwɔ awerɛhyem sɛ “mmɔdenbɔ ne afɔrebɔ ahorow no bɛma ‘Italia 90’ no ayɛ bere a ɛsɛ sɛ woma onuayɛ mu yɛ den ma wo manfo ne nnipa nyinaa.” Jesuit Paride Di Luca, obi a anka ɔbɔ bɔɔl no daa paapa no nkate adi wɔ ne ‘Bɔɔlhwɛfo Mpaebɔ’ mu bere a ɔkae sɛ: “O me Nyankopɔn bra, na bɛhwɛ Wiase Nyinaa bɔɔlbɔ akansi no.”

Nanso so na Wiase Nyinaa bɔɔlbɔ akansi no yɛ afahyɛ kɛse ankasa? So ɛfa amansan Nyankopɔn no ho? Ma yɛnhwɛ sɛnea agodi no te ankasa, nneɛma a ɛhyɛ ho nkuran.

Agodi Mu Basabasayɛfo

Esiane basabasayɛfo no nti, nkurow te sɛ Cagliari ne Turin kɔɔ ntua ase wɔ akansi no fa a edi kan no bere mu nyinaa. Atesɛm nkrataa mu Asɛmti ahorow bi ni: “Ɔko no Wosow Rimini”; “Cagliari, Ɔko Si”; “Basabasayɛ wɔ Turin: Wɔawɔ Germanni ne Britaniani Sekan”; “Basabasayɛ Da wɔ Engiresi, German ne Italia Bɛhwɛadefo Ntam”; “Munnye Yɛn Mfi Engiresi Bɛhwɛadefo no Nsam​—Turin Odikro de Adesrɛde To Gua”; “Akuw Ntam Anadwo Akodi. Odikro no: Wɔn a Wofi Turin no Ne Basabasayɛfo no Ankasa.” Hwɛ nhwɛso foforo a ɛyɛ hu: “Sɛnea Wɔwɔ Ɔtamfo Sekan​—Wotintim wɔ England, Basabasayɛfo Papa Akwankyerɛ Nhoma.” Nsɛmti yi dɔɔso a ebetumi ama yɛanya tebea no ho mfonini. Nanso saa nneɛma no yɛ nea efi nnipa a wɔn ani gye basabasayɛ ho no mu ba.

Agodi kɛse no anwie wɔ anigye mu. Animtiaabu hwiremma a Italiafo bɛhwɛadefo no bɔ guu Argentina bɔɔlbɔ kuw no ne wɔn mu panyin Maradona so esiane sɛ woyii Italiafo kuw no fii mu nti no sɛee awiei no mu anigye no, na ɛsɛee agoru a edi akyiri no. Saa July anwummere no, na “agodi mu onuayɛ kɛse” biara nni Olympik Agumadibea hɔ; woguu Wiase Nyinaa Akansi “asɔrefi” no ho fĩ. July 10, 1990 il Tempo kae sɛ: “Wɔsɛee agoru no wɔ agoprama no so​—woguu agodi no ho fĩ wɔ bɛhwɛadefo no mu.”

Adeyɛ a nkurɔfo susuwii sɛ ɛbɛma wiase no ayɛ “wiase mũ no nyinaa akuraa biako” a ahye nnim nnafua 30 no awiei a ɛyɛ awerɛhow. Nanso sɛ bɔɔlbɔ ntumi mfa asomdwoe ne biakoyɛ mma wɔ agoprama no so ne akyi a, so ebetumi aba sɛ ebenya wiase asomdwoe so nkɛntɛnso?

Bɔɔlbɔ Ho Adwene a Ɛkari Pɛ

La Stampa kamfoo bɔɔlbɔ, na ɛkaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “nananom aperepere ahorow mu nea aka a ɛyɛ kronkron, bɔɔlbɔ yɛ ade a biribiara ne no nsɛ ho sɛnkyerɛnne, agokansi nyinaa mu ade titiriw.” Bere a nokware Kristoni susuw saa adwene yi ho no, ɛsɛ sɛ obu bɔɔlbɔ dɛn? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristoni bu agodi nyinaa dɛn?

Wɔka sɛ Bertrand Russell kae sɛ: ‘Wɔn a wɔmpɛ bɔɔlbɔ nyinaa rehwere biribi wɔ wɔn asetram.’ Nokwarem no, bɔɔl a obi bɔ anaa agoru a obedi no betumi ama wanya anigye ne apɔwmuden nyinaa titiriw bere a nnipa bebree tra faako pii yi. Nanso so eyi kyerɛ sɛ asiane biara nnim?

Bible no ka sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyanhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.” (Galatifo 5:26) Wiase Nyinaa bɔɔlbɔ akansi no ma sɛnea basabasayɛ ne di nkonim ɔkwan biara so suban no bɔ anan no da adi. Eyi ne ade a ennye wɔ agodi ho. Nea ɛbɛyɛ na Kristofo a wɔbɔ bi ne wɔn a wɔhwɛ nyinaa akwati “ɔhonam nnwuma” a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn honhom so yiye, titiriw no wɔ ɔpɛ a wɔpɛ sɛ wodi kan no ho’. (Galatifo 5:19-21) Kae anwensɛm kyerɛwfo no nsɛm no: “Efisɛ sɛ saa Ɔkyerɛwfo Kɛse no ba bɛkyerɛw biribi hyɛ wo din ano a, ɔkyerɛw​—ɛnyɛ sɛ wudii nkonim anaa nkogu​—na mmom sɛnea wudii agoru no.”

Ade foforo a ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so ne bere. So woka nnipa ɔpepem pii a wɔhwɛ TV na wɔde bere tenten hwɛ agokansi no ho? Nea ɛne ɛno bɔ abira no, wo bere ahe na wode teɛteɛ w’apɔw mu? Kari pɛ​—eyi ne asɛm titiriw no. Ɛkyerɛ sɛ wubenya bere ama w’apɔw mu a wobɛteɛteɛ ne anigyede a wommu wɔn ani ngu nea ɛho hia a ɛne honhom mu dwumadi ahorow no so. Ɔsomafo Paulo de afotu maa abofra Timoteo a ɛfata ma nnɛ mpo: “Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”​—1 Timoteo 4:8.

[Ase hɔ nsɛm]

Nkyerɛkyerɛmu biako a wɔde ma wɔ asɛmfua “hooligan” nkyerɛase ho no ka sɛ: “Ɔbarima bi a na wɔfrɛ no Patrick Hooligan, a na okyinkyin ne mfɛfo nnipa so, bɔ wɔn apoo na ɛtɔ mmere bi a ɔbobɔ wɔn bɔtorɔ.”​—A Dictionary of Slang and Unconventional English, a Eric Partridge yɛe.

[Kratafa 25 mfoni fibea]

Photo Agenzia Giuliani

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena