Bɔɔlbɔ Ho Anigye A Emu Yɛ Den—So Ɛfata?
Efi Spain “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
NÁ AKA simma kakraa bi na abɔ nnɔnwɔtwe wɔ Kwasida anwummere, June 13, 1982 mu. Wɔkyerɛ sɛ na nnipa a wɔn dodow yɛ ɔpepem 1,500 ayɛ aso retie King Juan Carlos a na ɔrema ɔkasa tiaa bi no. Dɛn na ɔreka ho asɛm nti a na nnipa pii awɛn wɔn aso wɔ ho no? So ɛbɛyɛ akode a wɔrebegyae yɛ nnansa yi ara ho asɛm? Anaasɛ wiase sikasɛm mu ahokyere no ano aduru ho asɛm? Dabi, na ɛyɛ biribi a wɔreyɛ no bere tiaa bi ho asɛm—nnipa dodow a wɔwɔ wiase nyinaa nkyem abiɛsa mu biako rehwɛ adeyɛ a wɔde rebue 1982 Wiase Bɔɔlbɔ Akansi ano no.
Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii nim wɔn a awiei koraa wodii nkonim no de, nanso nsemmisa kakraa bi a ɛfa 1982 Bɔɔlbɔ Akansi no ho yɛ nea ɛfata. Sɛ nhwɛso no, Ɔkwan bɛn so na wɔnam di Wiase Akansi yi ho dwuma? So ɛyɛ nhwɛso a ɛbɛma bɔɔlbɔ abɛyɛ nea eye na ɛyɛ anigye kɛse daakye? Wɔ mmofra ne wɔn a wɔanyinyin kakraa no fam no, so ɛde agumadi ho su pa ho nnyinasosɛm ahorow hyɛ wɔn mu?
Nokwarem no, nnansa yi ara akansi no fii ase mfirihyia abien ansa, bere a ɔman bɔɔlbɔ akuw ahorow 107 hyiaam wɔ mmeae horow a ɛbemmɛn bɔe de paw aman ahorow 24 a wɔfata no. Ná asemmisa a ɛwɔ hɔ saa bere no ne sɛ, aman 107 no mu nea ɛwɔ he na ɛbɛkɔ akosi akane no wɔ Spain?
Ansa na fefɛw bere redu wɔ 1982 mu no na wɔabua asemmisa kɛse yi. Aman a wodii nkonim no ne: Algeria, Austria, Belgium, Brazil, Cameroon, Chile, Czechoslovakia, El Salvador, England, France, Germany, Honduras, Hungary, Northern Ireland, Italy, Kuwait, New Zealand, Peru, Poland, Russia, Scotland, Yugoslavia. Ná ɛsɛ sɛ wɔde Argentina ne Spain ka ho ɔkwan biara so—bere a etwaam no Argentina na enyaa nkonimdi kuruwa no, na wosii akane no nso wɔ Spain.
Abran a Wɔn Ho Yɛ Den?
Wɔ mmara foforo ase no, aman a wɔfata no kɔɔ soro fi 16 kosii 24. Na eyi kyerɛ sɛ aman ahorw bi fatae a sɛ wɔde toto ho a na wonni osuahu pii wɔ nkonimdi ho akansi a ɛte sɛɛ mu—titiriw Kuwait, Cameroon, Honduras, Algeria no. New Zealand. Ntɛm ara abenfo buu eyinom abomfiaa sɛ wɔrentumi nnyina bɔɔlbɔ mu Goliatfo a wofi aman a wɔagye wɔn atom yiye wɔ bɔɔlbɔ mu so no anim. So adwene a wodii kan nyae no yɛ nokware?
Ankyɛ na akansi no fã a edi kan no maa ebinom yɛɛ basaa. Bɔɔl a edi kan a wɔde buee ano a Argentina a na ɔno ne nkonimdifo bere a atwam no, ne Belgium bɔe no yɛɛ nwonwa—Belgium dii nkonim. Ɛte sɛnea ɛno kyerɛɛ sɛnea nkonimdi ho akansi no nyinaa bɛyɛ—ahodwiriw nkutoo. Bɔɔlbɔ akuw ahorow a wonim sɛ wɔbɔ mmɔden yiye, te sɛ wɔn a wofi West Germany, Spain, Czechoslovakia ne Peru antumi anhyɛ afũnfo no. Ansa na wɔne Algeria rebɛbɔ no, wɔtee sɛ Germanfo bɔɔlbɔ kuw no panyin reka sɛ: “Sɛ yɛanhyɛ Algeria a mɛsan de keteke a ɛbɛba bio no akɔ fie.” Ɛbɛdaa adi sɛ asɛm a ɔkae no yɛ nea nyansa nnim. Wɔhyɛɛ West Germany kaw abien ma wɔtee mu biako! Nanso, te sɛ Argentina no, West Germany fatae sɛ wɔbɔ ɔfã a ɛto so abien no bi esiane aba dodow bi a wonyae nti. Ɛho nhia sɛ yɛka mpo, Germanfo bɔɔlbɔ kuw no panyin no ansan ankɔ West Germany.
Nanso, ansa na wɔrebefi ɔfã a ɛto so abien no ase no, na bɔɔlbɔ akuw 12 na afata—10 fi Europa na 2 fi South America. Wɔn mu henanom na ɛbɛbɔ nea etwa to koraa no? Ná nnipa pii wɔ anidaso, na wɔhwɛɛ kwan sɛ South America abran no, Brazil ne Argentina, na ebehyiam abɔ nea etwa to no. So saa na ɛbae?
Anwonwasɛm kɛse! Woyii Brazil ne Argentina nyinaa fii mu. Ɛbɛkaa Europafo nkutoo wɔ ɔfã a edi hɔ no mu a na France ne West Germany na ɛrehyia, na na Italy ne Poland nso de rebesi anim. Bere a wɔahyɛ West Germany 3-1 wɔ bere kakra a wɔsan de too so no mu no, ɔyeree ne ho tee ka no nyinaa na afei odii nkonim wɔ pɛnalti a wɔbɔe no mu. Italy hyɛɛ Poland 2-0. Ná ɛno kyerɛ sɛ Italy ne West Germany na ɛbɛbɔ Wiase Akansi no fã a etwa to no. Ɛwom sɛ na wɔn nyinaa yɛ Europafo de, nanso ɛyɛɛ Europafo no pii mpo yaw sɛ woyii Brazilfo ne wɔn bɔɔlbɔ a ɛyɛ fɛ no fii mu. Ɛte sɛnea na anigye kɛse a wɔwɔ wɔ akansi no mu no ano abrɛ ase.
Nanso bɔɔlbɔ ho anigye a emu yɛ den no kɔɔ so. Nnipa bɛboro 90,000 boaa wɔn ho ano wɔ Santiago Bernabéu Agumadibea a ɛwɔ Madrid maa akansi no fã a etwa to no. So West Germany nsa kaa nkonimdi Kuruwa no sɛnea na pii hwɛ kwan no? Anwonwasɛm foforo bio—“Italy abubu Germany afiri kɛse no pasaa,” ɛno ne asɛmti a na ɛwɔ Madrid atesɛm krataa ABC mu. “Italy di ɔham a etwa to mu nkonim” saa na The Guardian no kae. Ná eyi ne nea ɛto so abiɛsa a Italy adi nkonim wɔ wiase bɔɔlbɔ akansi mu wɔ n’abakɔsɛm mu. Wɔ wɔn fam no wɔadi nkonim wɔ 1982 Wiase Nyinaa Akansi no mu. Nanso ebia wɔ bɔɔlbɔ ankasa nyinaa mu no Wiase Nyinaa Akansi no de nea ɛsen din ho fĩ gu kakraa bi na ɛbae. Dɛn nti na yɛka saa?
Ɔham ne Nsisi—So Ɛho Hia?
David Lacey a ɔyɛ The Guardian agumadi ho nsɛm ɔkyerɛwfo no kyerɛwee sɛ wɔ hyɛ a Italy hyɛɛ West Germany 3-1 no nyinaa akyi no “ɛdaa adi sɛ din pa a ɛwɔ bɔɔlbɔ mu no abɛyɛ nea ɛho nni mfaso, sɛ wode toto sɛnea nkonimdi abɛyɛ ade a ɛho hia sen biara no ho a.” Afei obisae sɛ: “So na ɛho hia ankasa sɛ wɔde obiara hyɛ ɔsram biako bɔɔlbɔ a mpɛn pii ɛnyɛ papa ase sɛnea ɛbɛyɛ a nea ebefi mu aba ara ne ɔham a ɛnyɛ hwee mfa nyi ne daakye a aduru sum a ɛmma ɛnyɛ anigye sɛ nnipa bɛkɔ akɔhwɛ no mfi hɔ no?” Ɔtoaa so sɛ: “Obi ntumi nkan mpɛn dodow a nnipa a afoforo hyia wɔn hwe ase a ɛda adi sɛ wɔrewu na wɔ bere tiaa bi mu wohu wɔn sɛ wɔde mmirika di bɔɔl no akyi no.” Wɔboapa yɛ saa de daadaa rɛfrii no na wagye foul a emu yɛ den atia ɔfã foforo no. Ne saa nti, ɛyɛ nyaatwom adeyɛ. Ebia ɛyɛ “adwuma” de, nanso ɛnyɛ abrabɔ pa, na nidi nnim nso.
Dɛn nti na saa su wɔ basabasayɛ ne nsisi mu yi wɔ hɔ, wɔ saa agumadi yi fã a ɛkorɔn sen biara mpo no mu? Efisɛ nea ɛte ara ne sɛ, ɛyɛ agumadi a akatua wom kɛse, na enti nkonimdi ho hia kɛse. Asiane ahorow a ɛwɔ saa adeyɛ yi mu kɔ akyiri yiye. Mmofra ne wɔn a wɔanyinyin kakra no sua wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma no na enti basabasayɛ ne nyaatwom ba sukuu mu agumadi ahorow nso mu. Australiani bi a wagye din yiye wɔ krikɛt bɔ mu a wɔfrɛ no Denis Lilee gyee nokwasɛm yi toom, ɔno na wɔtwee no sɛnee bere bi, a na ontumi nkɔbɔ bɔɔl wɔ aman afoforo so esiane bɔ a ɔbɔɔ nea odi Pakistanfo anim nti no. Akyiri yi ɔpaa kyɛw, na ɔkae sɛ nea esii no “yɛ nhwɛso bɔne ma mmofra, na wɔ eyi ho titiriw de, ɛyɛ me yaw ankasa.” Yɛn yam a anka nnipa a wosi agumadi mu akane no pii ahu tumi a wɔn nhwɛso nya wɔ mmofra so no!
Akyinnye biara nni ho sɛ mmarima ne mmea a wɔde agumadi mu akansi ayɛ wɔn adwuma no yere wɔn ho denneennen sɛ wobedi nkonim wɔ wɔn akansi ahorow no mu. Nanso nokwasɛm no ne sɛ ɛsɛ sɛ agumadi yɛ biribi a wɔde gye wɔn ani ara kwa. Ɛnyɛ ade a ɛno ne nea ɛho hia sen biara wɔ asetra mu, na ɛnyɛ adesamma adwuma anaa ahiade titiriw a ɛsen biara nso. Enti asɛm a Bible ka no fata yiye: “Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso [a ɛfa agumadi a wɔde ayɛ adwuma nso ho] sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:4) Nnɛyi basabasayɛ, nsisi ne afei nso bɛhwɛadefo anuɔdensɛm no ne aba a ‘ninkuntwe’ ne akansi honhom no asow.
Enti ɛyɛ nea ɛfata sɛ yebisa sɛ, So bɔɔl a wɔde ne bɔ yɛ adwuma no yɛ tumi a ɛma nkɔso nnɛ? So ɛka nkurɔfo bom, anaasɛ ɛma ninkuntwe ahorow a ɛwɔ hɔ dedaw mu bɛyɛ den? So ɛma asomdwoe ankasa ba aman ahorow ntam?
Tumi ma Asomdwoe ne Biakoyɛ?
Ade biako a ɛkaa koma bere a wɔrebue akansi no ano wɔ Barcelona’s Nou Camp agumadibea ne bere a abarimaa bi a ɔhyɛ atade a wɔde bɔ bɔɔl nantew kɔɔ park no so de bɔɔl no kɔtoo park no mfinimfini no. Ná, obiara rehwɛ no bere a ɔde bɔɔl no kɔtoo hɔ no. Anwonwasɛm, bɔɔl no mu buei na aborɔnoma tu fii mu, asomdwoe ho sɛnkyerɛnne!
Ankyɛ koraa na wɔtow saa nsusuwii yi gui wɔ agumadibea hɔ. Sɛnea Madrid Gaceta Ilustrada kae wɔ akansi no biako ho no: “Nea emu yɛɛ basabasa sen biara: Italy ne Argentina. Wɔ simma a ɛto so aduasa nwɔtwe wɔ ɔfã a edi kan no mu no na nkurɔfo ayɛ foul aduasa nwɔtwe. Biako wɔ simma biako biara mu.” Sɛ wode wo ho hyɛ agumadi ahorow mu a, so wopɛ sɛ wusuasua nhwɛso a ɛte saa? Sɛ́ bɛhwɛadeni no, so w’ani gye sɛ wobɛhwɛ agoru a wodi wɔ ɔkwammɔne so yi?
Wɔayɛ nhyehyɛe sɛ Wiase Nyinaa Akansi a edi hɔ no bɛba 1986 mu. Wɔhwɛ kwan sɛ ɔsram biako bɔɔlbɔ ho anigye a emu yɛ den no bɛdan adwene aba ɔman a wobehyiam wɔ so no so kɛse, na ɛde mfaso kɛse abrɛ ebinom wɔ sika fam nso. Na bɔɔlbɔ no ankasa nso ɛ? Ɛhe na ɛde n’ani rekyerɛ? So bɔɔlbɔ bɛsan ayɛ agoru a ɛho tew a ɔmanfo ani gye ho bio? Anaasɛ nnipa dodow a wɔkɔ agumadibea akɛse no so behuan mmom? So anigye a emu yɛ den wɔ bɔɔlbɔ ho no bɛkɔ fam anaasɛ ano bɛyɛ den? Bere na ɛbɛkyerɛ.
[Kratafa 21 mfoni]
Ná aborɔnoma no hyɛ bɔɔl no mu. So ɔmaa asomdwoe bae?