AIDS—Ɔyare A Ɛso Bi Mmae Da Wɔ Wiase Abakɔsɛm Mu!
WƆ AFE 1981 yi ara mu no, na obiara nnim ɔyare a wɔfrɛ no AIDS (ɔyare foforo bi a nipadua no ntumi nko ntia) . Mprempren ɛkame ayɛ sɛ atrɛw adu asasepɔn biara so na ehu aka wiase no nyinaa.
AIDS ka nipadua no mu tumi a ɛko tia ɔyare no. Ɛmma nnipa a ɛka wɔn no nipadua ntumi nko ntia akisikuru bi a ɛntaa nyɛ nkurɔfo ne nyarewa afoforo a etumi kunkum nnipa no. Ebia Amerikafo bɛyɛ ɔpepem biako ne nnipa ɔpehaha pii a wɔwɔ aman afoforo so no anya ɔyare a ɛyɛ hu yi dedaw.
Wɔ 1980-81 mu no, nnuruyɛfo a wɔwɔ Los Angeles ne New York fii ase huu ɔyare bi a wɔfrɛ no Pneumocystis carinii a ɛntaa nyɛ nkurɔfo ne akisikuru bi a ɛntaa nyɛ kɛse ntɛmntɛm a wɔfrɛ no Kaposi’s Sarcoma. Na nnipa a ɔyare no aka wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔne wɔn ho da a wonnyinii anaasɛ wɔn a wɔnom nnubɔne. Nnuruyɛfo frɛɛ wɔn yare no ho sɛnkyerɛnne sɛ “biribi a wonnim a aka tumi a ɛko tia nyarewa wɔ nipadua no mu.”
Oduruyɛfo Ward Cates a ɔwɔ U.S. Dwumadibea a ɛhwɛ nyarewa ano a wobesiw ho nsɛm so no kaa akyiri yi sɛ ɔyare yi wɔ tumi a “ɛsɛe ade sen biribiara a adesamma ahu pɛn.” Nsanyare ho ɔbenfo John Scale gyee nea ɔkae no toom. Wɔ abebum bere a etwaam no mu no, ɔkae wɔ Journal of the Society of Medicine a wotintimii wɔ Britania no mu sɛ AIDS betumi “akunkum nnipa pii a wɔwɔ nkurow ne nkuraase a nnipa akyere so wɔ hɔ a ɛwɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu a wonhuu bi da wɔ abakɔsɛm mu.”
Ɛretrɛw wɔ Wiase Nyinaa
Wodii kan huu AIDS wɔ United States wɔ 1981 mu. Nnipa kakraa bi a wodii kan huu sɛ ɔyare no aka wɔn wɔ ɔman biako yi mu no dodow kɔɔ soro koduu 10,000 wɔ April 1985 mu, na eduu afe yi January mu no, na wɔn dodow boro 16,000. Wɔn mu bɛboro 8,400 awuwu dedaw na anidaso biara nni hɔ mma wɔn a wɔaka no efisɛ wobu ɔyare no sɛ ekunkum nnipa a ɛyɛ wɔn no bere nyinaa.
Nnansa yi wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔ asram akron biara mu no, nnipa a ɔyare no aka wɔn no dodow bu bɔ ho. Sɛ eyi bɛkɔ so a, ebedu mfe du no awiei no na akunkum Amerikafo bɛyɛ ɔpepem fã a ɛkame ayɛ sɛ ɛne nnipa a Spania influensa a ɛbae wɔ 1918-1919 mu no kunkum wɔn no dodow yɛ pɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ AIDS sɛ “nsanyare a ɛyɛ hu sen biara wɔ afeha yi anaasɛ foforo biara mu no mu biako”!
Ɛwom sɛ mfiase no na nnipa pii a wonim sɛ ɔyare no aka wɔn no mu pii wɔ United States de, nanso wɔ bere tiaa bi mu no, na ɔyare no atrɛw wɔ wiase nyinaa. The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mprempren nnipa a wɔanya AIDS wɔ Geneva ne Paris ne wɔn a wɔwɔ Los Angeles no dodow reyɛ ayɛ pɛ, nea ɛkyerɛ sɛnea ɔyare no reka nkurɔfo pii a wɔnte United States no.” Time nsɛmma nhoma a wotintimii wɔ October 28, 1985 mu no kae sɛ: “Wɔ West Germany a nnipa 300 na ɔyare no aka wɔn wɔ hɔ no, Robert Koch Sukuu no bu akontaa sɛ nnipa bɛyɛ 100,000 wɔ mmoawa a wɔde ɔyare no ba a wɔfrɛ wɔn HTLV-III no bi.”
Sɛnea amanneɛbɔ bi a wɔde mae wɔ fefɛw bere a etwaam no mu kyerɛ no, nnipa a wohuu sɛ ɔyare no aka wɔn no mu ɔha biara mu 61 wuwui wɔ afe biako ntam—wɔn mu ɔha biara mu 83 wuwui wɔ mfe abiɛsa ntam.
Nea Ɛde Ɔyare no Ba a Wobehu
Wɔ 1984 mfiase mu hɔ no, nhwehwɛmufo kuw abien a na ɛsono asasepɔn a obiara wɔ so no kae sɛ wɔahu aboawa a ɔde AIDS ba no. Oduruyɛfo Luc Montagnier a ɔwɔ Pasteur Sukuu a ɛwɔ Paris ne Oduruyɛfo Robert Gallo a ɔwɔ Ɔman Akisikuru Sukuu a ɛwɔ United States no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔahu aboawa a ɔde AIDS ba no. Mmoawa yi tow hyɛ nkwa mmoawa fitaa a wɔfrɛ wɔn T-4 lymphocytes no so.
Ɔyare a ɛwɔ amanaman mu yi fi he? Ɛyɛɛ dɛn na ɛtrɛwee ntɛmntɛm saa? Na nneɛma bɛn na nyansa wom sɛ wubedi kan ayɛ de abɔ wo ho ban? Wɔaka nsemmisa ahorow a ɛho hia yi ho asɛm wɔ nsɛm a edidi so no mu.
[Kratafa 3 mfoni]
AIDS aboawa no renyin wɔ nkwa mmoawa fitaa no mu
[Asɛm Fibea]
Centers for Disease Control, Atlanta, Ga.