AIDS Ne Abrabɔ Pa
DƐN na esii wɔ 1960 ne 1970 mfe no mu a ama nkurɔfo pii anya AIDS wɔ 1980 mfe no mu? Ɛyɛ “abrabɔ foforo” a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna mu ahofadi ho a ɛkyerɛ sɛ biribiara ye a wɔagye atom no. Bere a New York sɛnkyerɛwfo Ray Kerrison reka eyi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ:
“Ebia AIDS a aba mpofirim no bɛka adesamma abusua no ma wɔasan ahwehwɛ wɔn nnyinasosɛm a ɛresɛe ntɛmntɛm no mu.
“Bɛyɛ mfe pii ni no, amammuifo ne asennibea ahorow reka nnaadaasɛm a ɛkyerɛ sɛ nneɛma a ankorankoro yɛ a ɛfa wɔn nkutoo ho no nyɛ obiara asɛm na mmom wɔn ankasa de.
“Wobetumi afrɛ eyi sɛ ade a nnipa baanu anaa nea wɔboro saa pene so nkyerɛkyerɛ. Ɛwom, ɛka sɛ nnipa baanu anaa nea wɔboro saa betumi ayɛ nea wɔpɛ sɛ ɛba sɛ entia hokwan a afoforo wɔ no a.
“Enti, wɔayi abrabɔ mu anohyeto ahorow afi hɔ mmiako mmiako na ama wɔma su biara hokwan na wogye gyinapɛn ahorow a wɔansusuw ho da wɔ mfe 30 a atwam no mu no tom.
“Mprempren yɛretwa ɛso aba a ɛyɛ hu.”
Mmarima a wɔne wɔn ho da na wɔahu amane kɛse esiane ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne a wɔtaa de wɔn ho hyem kɛse no nti. Science Digest ka sɛ: “Dwumadibea a ɛhwɛ nyarewa ano a wobesiw ho nsɛm so nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ sɛ wɔkyekyem a, nnipa a wɔyare AIDS a wɔyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no nya ahokafo a wɔne wɔn nya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa 1,100 wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu.”
Nanso ɛnyɛ mmarima a wɔne wɔn ho da nkutoo na wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne mu—adesamma abusua no ankasa nso agye abrabɔ a ɛkyerɛ sɛ biribiara ye no atom. Esiane eyi nti, Harvey V. Fineberg a ɔyɛ Havard Sukuu a ɛhwɛ ɔmanfo akwahosan ho nsɛm no panyin ka sɛ AIDS “ntrɛw ntɛmntɛm wɔ nnipa a wɔpɛ ɔbea ne ɔbarima nna no mu nanso ɛreyɛ wɔn mu pii.”
Ne titiriw wɔ Afrika no, ɔyare no reyɛ nnipa ahorow ahorow nyinaa. Wɔ November a etwaam no mu no, Lawrence K. Altman a ɔyɛ aduruyɛ ho sɛnkyerɛwfo ma The New York Times no kyerɛwee sɛ: “Sɛnea nhwehwɛmufo a wɔwɔ ha kyerɛ no, ɛte sɛ nea AIDS retrɛw denam ɔbarima ne ɔbea nna a nnipa a wɔpɛ ɔbarima ne ɔbea nna a wɔwɔ Afrika no de wɔn ho hyem no so na ɛkame ayɛ sɛ ɛreyɛ mmea a wɔn dodow reyɛ adu mmarima a ayɛ wɔn no dodow.”
Sɛ ɔbea bi nya AIDS fi ne hokafo a ɔyɛ ɔbarima no hɔ a, ebia wɔn mu biara renhu sɛ ɔyare no aka no. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛtɔ bere bi a ɔyare no ka mmofra a mmea a wɔwɔ AIDS mmoawa no bi wɔ wɔn no. Ebia ɔyare no bɛka mmarima a wɔpɛ ɔbarima ne ɔbea nna a wɔne nguaman da no.
Ehu aka nkurɔfo wɔ baabiara. Dɛn na ɛbɛba?
So Wɔbɛyɛ Abrabɔ Mu Nsukrae?
Oduruyɛfo Donald Francis a ɔwɔ Dwumadibea a ɛhwɛ nyarewa ano a wobesiw ho nsɛm so wɔ United States no ka siei sɛ, “Ɛbɛma ɔbarima ne ɔbea nna ho adwene foforo no aba awiei.” Sɛnea ɔka no: “Wubetumi adi ɔyare bi a ɛte sɛ tɛfrɛyam a ɛyɛ mmea anan mu ne atiridiinini ho agoru nanso worentumi nyɛ saa wɔ eyi ho.”
Oduruyɛfo Walter B. Dowdle a ɔwɔ Dwumadibea a ɛhwɛ nyarewa ano a wobesiw ho nsɛm so de ka ho sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sakra yɛn asetra kwan.” Sɛnea Dowdle kyerɛ no, eyi nyɛ abrabɔ ho asɛm. Ɛyɛ abɔde ho adenim mu nokwasɛm.”
Nanso ɛyɛ ade a ɛsen abɔde ho adenim mu nokwasɛm—ɛfa abrabɔ ho. Ɛnyɛ nnipa na wɔde abrabɔ ho gyinapɛn a adesamma apaw sɛ wobebu so no mae. Obi a ɔwɔ nyansa kɛse na ɔma wɔkyerɛwee wɔ bere tenten a atwam no mu. Gye a yebegye no atom sɛ Amansan Hene no na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi so.
Nanso gyinapɛn ahorow anaasɛ abrabɔ ho mmara ahorow bɛn na ɔde ama? Na ɔkwan bɛn so na di a yebedi so no betumi abɔ yɛn ho ban?