So Abrabɔ Pa Resan Aba?
OBIARA nte fie hɔ. Nsɛnkyerɛnnede kyerɛ sɛ wɔbɛma nkurɔfo ahae. Bere bi ná atie yi a ɛwɔ Hamburg, Germany no yɛ atuutuufo atrae a ɛso sen biara wɔ wiase nyinaa no mu biako. Dɛn nti na wɔtotoo mu?
Ɛyɛ ntease koro no ara nti a nnipa nni mmeae a anka marima a wɔne wɔn ho da hyia wɔ San Francisco bio no. Wɔ United States nyinaa no, mmarima a wɔne wɔn ho da akuw no agu wɔn kuw no mmiako mmiako.
Dɛn titiriw na ɛde nsakrae yi bae? Ɛyɛ AIDS, mmoawa a wodi awu a abɛyɛ nsanyare a ɛyɛ hu sen biara wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu a ɛretrɛw no.
AIDS akunkum nnipa ɔpedudu pii dedaw. Na sɛ mprempren akontaabu ahorow yɛ nokware a, daakye ebekunkum nnipa ɔpepem pii aka ho.
So Ɔbra Pa Resan Aba?
Wɔ 1960 ne 1970 mfe no mu no, ɔbarima ne ɔbea nna biara a wɔma kwan no duu Atɔe aman pii so. Wogyee obiara kwa a wotumi de wɔn ho ma no no toom wɔ mmeae pii. Mpena mma yɛɛ pii. Mfe a nkurɔfo di ansa na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu nea edi kan no so tewee. Nnipa ɔpepem pii sɛee kan abrabɔ pa a ɛsom bo no wɔ wɔn asetra mu, na ná wɔn dodow no renya nkɔanim.
Canadafo nsɛmma nhoma L’Actualité kaa honhom a ná ɛreyɛ adwuma saa bere no ho asɛm sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna bɛyɛɛ agodi bi a ɛnsɛe hwee.” Bere koro no ara mu no, esiane sɛ na ahyehyɛde ahorow repere “hokwan” ama mmarima a wɔne mmarima da no nti, mmarima a wɔne wɔn ho da ho asɛm no bɛyɛɛ ɔsɛmpɔw titiriw, na wotwitwaa mmara ahorow a ná ɛbara bɔbeasu koro mufo a wɔne wɔn ho wɔn ho da asetra no mu.
Afei AIDS baa wiase. Bere a ɛnnɛ bere yi mu nsanyare yi kunkum nnipa pii na wonnya ano aduru no, suban a nkurɔfo wɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no sakraee kɛse. Sɛnea L’Actualité kyerɛkyerɛ mu no: “Esiane AIDS nti, ɔdɔ agodi ahorow no abɛyɛ nea asiane wom pii.” Ellen Goodman a ɔyɛ Amerikani sɛnkyerɛwfo no kaa nea nsakrae yi kyerɛ no ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea—ɛnyɛ ɛno—nanso esiane AIDS a ɛretrɛw no nti, ‘dabi’ rebɛyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho mmuae titiriw.”
Nneyɛe Na Asakra—Ɛnyɛ Abrabɔ
So eyi kyerɛ sɛ nsakrae bi ama wɔresan abɔ ɔbra pa anaa? So ɛte sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔ ka sɛ ɛyɛ “tete kwan a wɔsan kɔfa so” anaasɛ “wɔn ho a wɔhyɛ no katee” no?
Nneyɛe ahorow bi na asakra esiane sɛ ɛho hia saa ara kwa nti, nanso ɛho adwene nsakrae ɛ. Sɛ nhwɛso no, wontumi nka sɛ mmarima a wɔne mmarima da a wogyae nnipa pii a wɔne wɔn yɛ saa na wɔne “onipa biako pɛ” tra no asan rebɔ ɔbra pa. Bio nso, sɛ wonya AIDS ano aduru ɛ? Wobetumi agye adi sɛ nnipa pii bɛsan ayɛ wɔn kan nneyɛe no bio ne sɛ ahyehyɛde ahorow bɛsan afi wɔn nnwuma ase.
Mmarima a wɔne wɔn ho da mu no, wotumi hu nso sɛ wɔn nneyɛe na asakra na ɛnyɛ wɔn adwene. Ɛyɛ Felice, osuani bi a ɔwɔ California Sukuupɔn mu wɔ Los Angeles, U.S.A., no yaw sɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe a ná abu so wɔ sukuu mu no nni hɔ bio. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ abufuw. . . . Minyae a anka mewɔ ahofadi a mede mesisi m’ankasa gyinae ahorow.” Na sɛnkyerɛwfo bi a ɔwɔ Amerika kyerɛkyerɛɛ mu sɛ kan abrabɔ pa no remma bio, se: “Bere a ebia ɔbarima ne ɔbea nna biara a wɔma kwan no abrɛ ase no, 1940 ne 1950 mfe no mu adwene a ɛne sɛ wɔbɛware ansa na wɔne wɔn ho ada no rentumi mma koraa bio.”
Sɛ nhwɛso no, wɔ Canada no, Maclean’s nsɛmma nhoma no bɔ nhwehwɛmu a aban no ma wɔyɛe wɔ kɔlegefo bi mu no ho amanneɛ sɛ: “Wɔaka nyarewa te sɛ AIDS, kekae ne babaso ho asɛm pii akyerɛ mmofra no. Nanso ɛda adi sɛ saa nimdeɛ no ntumi mma wɔnnyɛ ahwɛyiye. Sukuufo a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu pii ka sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu, nanso wogye tom sɛ wobu wɔn ani gu ɔbarima ne ɔbea nna ho kɔkɔbɔ biako a ɛbɛbɔ wɔn ho ban wɔ yare a wobenya ho no so: condom a wɔbɛhyɛ no.”
Amanneɛbɔ no kae nso sɛ: “Nnuruyɛfo pii ka sɛ, ɔbarima ne ɔbea nna ho kɔkɔbɔ ahorow a wɔde ama nyinaa akyi no, wɔn a ɛho akɔnnɔ wɔ wɔn mu pii no mfa asɛm no nyɛ hwee.” Oduruyɛfo Noni MacDonald, nsanyare ho ɔdenimfo bi a ɔwɔ Ottawa kae sɛ: “Ntetee ne ɔsatu ahorow a wɔde kyerɛ sɛ wɔmfa condom nni dwuma no adi huammɔ kɛse.”
Maclean’s de kaa ho sɛ: “Wohu fii nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ sukuufo atrae 54 no mu sɛ wɔn mu nkyem anan mu abiɛsa de wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu dedaw. Bɛyɛ sɛ mmarima no dodow mu fã ka sɛ wɔwɔ wɔn a wɔne wɔn yɛ saa no baanum, na wɔn mu nkyem anan mu biako ka sɛ wɔwɔ bɛyɛ du ne nea ɛboro saa. Kɔlegefo mmea a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu nkyem 30 kae sɛ wɔne mmarima baanum ada; wɔn mu ɔha mu nkyem 12 ka sɛ anyɛ yiye koraa no wɔne marima 10 na ayɛ saa. Nanso, ná wɔntaa mfa condom nni dwuma. . . . Wɔn a ɛda adi sɛ wɔwɔ asiane mu mmom no mpɛ sɛ wɔde condom di dwuma.”
So Wɔasua Abrabɔ Pa Ho Biribi?
Nnipa pii mpɛ sɛ wosua abrabɔ pa fi nea ɛrekɔ so no mu. Nnuruyɛfo binom ka sɛ wɔansakra wɔn suban, na wɔhyɛ nyansa sɛ wɔmfa onipa biako pɛ na wɔnhyɛ condom na wɔanya AIDS. Nanso wɔnnkasa ntia ahohwibɔ. Alan Dershowitz, mmaranimfo bi a ɔwɔ Havard no da su yi adi bere a ɔhyɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ nhwehwɛmufo kasa tia ɔbra bɔne a ɛma wonya AIDS no. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ nyansahufo yɛ wɔn ade te sɛ biribi foforo na ɛde ɔyare no ba.”
Nanso, Franse nsɛmma nhoma Le spectacle du monde kyerɛ sɛ eyi nnɔɔso. Ɛka sɛ: “Adeyɛ biara a wɔde ko tia AIDS no rentumi nyɛ yiye gye sɛ wiase nyinaa nsakrae, ne wɔn pɛ mu a wofi san kɔ abrabɔ pa a ɛkorɔn no ho. (Ɛnsɛ sɛ wɔma werɛ fi sɛ ɔbarima ne ɔbea nna a wɔma ho kwa, tuutuubɔ ne nnubɔne a wɔde di dwuma no ne nneyɛe titiriw a ɛma ɔyare no trɛw.) Abrabɔ pa a wɔbɛsan de adi dwuma yi nam amammerɛ mu ntease foforo a ɛbɛba no so. . . . Abrabɔ pa nyɛ biribi a efi amanyɔkuw bi nkyerɛkyerɛ mu ba. Esiane AIDS ho hu no nti, ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm sɛ ɛyɛ nipadua mu ahiade a adesamma abusua a ɛbɛkɔ so atra hɔ daa no gyina so.”
So ɛsɛ sɛ wɔsan de abrabɔ pa di dwuma sɛ “nipadua mu ahiade”? So nsɛm tebea na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ wɔmmɔ ɔbra pa? So asetra mu mmara nyinaa wɔ abrabɔ pa ho gyinapɛn koro? Momma yɛnhwɛ nea abakɔsɛm betumi akyerɛkyerɛ yɛn.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“1940 NE 1950 MFE NO MU ADWENE A ƐNE SƐ WƆBƐWARE ANSA NA WƆNE WƆN HO ADA NO RENTUMI MMA KORAA BIO.”