Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 12/8 kr. 9-11
  • AIDS​—Ɛbɛyɛ Dɛn Agyae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • AIDS​—Ɛbɛyɛ Dɛn Agyae?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Pii Di ho Dwuma
  • Nea Ɛbɛma AIDS Agyae
  • Dɛn Nti na Afrika Rehu Amane saa?
    Nyan!—1992
  • AIDS Ho Akontaabu a Ɛyɛ Ahodwiriw!
    Nyan!—2001
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati AIDS?
    Nyan!—1993
  • Aids A Ɛwɔ Afrika—Ɛho Asodi Da Kristoman So Kodu He?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 12/8 kr. 9-11

AIDS​—Ɛbɛyɛ Dɛn Agyae?

“Migye di yiye sɛ nea ɛbɛyɛ biara yebenya ɛho aduru wɔ mfe du yi mu.”​—Jorg Eichberg, ɔpanyin wɔ beae a wɔyɛ ɔyare anosiw nnuru ho nhwehwɛmu wɔ Wyeth-Ayerst Research Center, Philadelphia, U.S.A.

Fa no sɛ wɔanya aduru a wɔde sa Aids anaa mpo aduru a wɔde siw ano. Hwɛ anigye ara a anka ɛbɛyɛ! Akyinnye biara nni ho sɛ ná aduru a ɛte sɛɛ a wɔhwehwɛ ho asɛm wɔ AIDS ho abenfo 9,000 a wɔyɛɛ nhyiam a n’asɛmti ne”Nyansahu Reko Atia AIDS” afe a etwaam no mu wɔ Florence, Italy. no adwenem kɛse.

Esiane sɛ nnipa 10 biara a wonya ɔyare no foforo mu 9 wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu nti, sɛnea ano aduru a ɛfata a wobenya gye ntɛmpɛ no mu ayɛ den. Nanso, sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma kyerɛ no, ɛte sɛ nea pii a wɔkɔɔ Florence nhyiam no bi no “nte nka sɛ egye ntɛmpɛ bio.” Nsɛmma nhoma no se “ebia” ɔhaw no abunkam wɔn so araa ma “pii agyae akyidi koraa.

Nokwasɛm a ɛyɛ den sɛ wobegye atom ne sɛ nyansahufo rehyia nsɛnnennen pii sen ano aduru a wobenya. New Scientist kyerɛkyerɛ mu sɛ “mfe 10 a wɔde ayɛ ɔyare no ho nhwehwɛmu nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea nsɛnnennen a yare mmoawa ne nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa ho nhwehwɛmufo rehyia no mu yɛ den sɛnea ɛte daa no.” Britaini AIDS ho oduruyɛfo lan Weller bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔrennya Nnuru a Etu Mpɔn a wɔde bɛsa ɔyare no seesei.”

Nanso sɛ ɛba sɛ wonya aduru bi a wɔde ko tia AIDS a, nnipa baahe na wɔn nsa betumi aka bi?Oduruyɛfo Dennis Sifris, oduruyɛfo a n’ankasa anya Afrika adwumayɛ mu nokwasɛm ahorow ho osuahu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛwɔ TB (nsamanwaw) ano aduru a ɛyɛ adwuma yiye, enti sɛ yɛbɛka a, anka ɛsɛ sɛ wɔatu TB [ne] ntɛnkyɛm ne brɛbo mu yare ase. Nanso saa nyarewa abiɛsa yi . . . kum nnipa kɛse wɔ Afrika nnɛ. Enti sɛ wotumi nya ɔyare no ho aduru mpo a, nea ɛbɛyɛ a nnipa nsa betumi aka bi no bɛyɛ asɛnnennen kɛse.”

Esiane sɛ ano aduru a wobenya ho anidaso nyɛ ahe biara nti, nea Afrikafo betumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛkasa akyerɛ nkurɔfo ma wɔasakra wɔn su wɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho. Nanso asɛmmisa no ne sɛ​—ɔkwan bɛn so?

Sɛnea Pii Di ho Dwuma

Ɔkwan a pii fa so di AIDS a wɔko tia ho dwuma wɔ Afrika ne sɛ wɔde kɔndɔm huhaa bɛmema. Wɔde kyekyɛ lɔrekafo wɔ aman ntam ahye so. Wɔde bi hyehyɛ nkotoku mu hyɛ atesɛm nkrataa mu de mema. Ayaresabea ahorow ne akwahosan ho adwumayɛfo wɔ ɔpepem pii wɔ hɔ.

Ɛwom sɛ saa akwan yi betumi anya AIDS trɛw so nkɛntɛnso bi de, nanso ɛno nso wɔ emu ɔhaw ahorow​—titiriw wɔ Afrika. Akwahosanho odwumayɛni Stefan Van der Borght a ɔyɛ adwuma wɔ Medecins Sans Frontieres wɔ Angola kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ wode kɔndɔm ɔpepem abiesa mema a, ɛte sɛ nea eye. Nanso ɛkyerɛ sɛ mmarima ɔpepem biako ne fa no mu biara betumi ne ɔbea ada mprennu pɛ na kɔndɔm no asa.

Afei, sɛ wɔde ne kyekyɛ mu ɔhaw ahorow to nkyɛn a, nkɛntɛnso bɛn na kɔndɔm a wɔde ma obiara kɛkɛ no nya wɔ ɔbrasɛe so​—ade titiriw a ɛma AIDS trɛw wɔ Afrika no? Biribiara kyerɛ sɛ akwan a ɛte sɛɛ yi ma nna mu nneyɛe kɔ so pii sen sɛ ɛbɛbrɛ no ase. Aban mpanyimfo mpo refi ase ahu saa nokwasɛm yi. Afrika man bi ahyɛ Ɔman atesɛm amanneɛbɔ dwumadi no sɛ wonnyae kɔndɔm ho dawurubɔ efisɛ ɛhyɛ ɔbrasɛe ho nkuran. Ɔkyerɛwfo Keith Edelston ka ho asɛm kɔ akyiri wɔ ne nhoma Aids​—Countdown to Doomsday mu sɛ: “Esiane asiane ahorow a . . . kɔndɔm a wɔde di dwuma de ba nti, emu da hɔ pefee sɛ aware mu ɔhokafo biako pɛ a obi benya ne ɔkwan biako pɛ a wɔfa so nya ahobammɔ a edi mu.”

Nanso, so nna mu ɔhokafo biako pɛ abrabɔ gyinapɛn pa wɔ aware nhyehyɛe no mu a wɔbɛsan de adi dwuma no yɛ ade a ntease wom sɛ wɔpaw?

Nea Ɛbɛma AIDS Agyae

Ɔbenfo Reuben Sher, a ɔyɛ AIDS ho ɔbenfo wɔ Afrika no ka sɛ: “Sɛ nnipa gyae nna mu ɔbrasɛe ɔkyena a, anka ɔyare mmoawa no ase betu. Wɔn a wɔwɔ bi no bewu, na anka ɛno ara nen.” Saara na samufo asɛm bi a ɛwɔ The Star atesɛm krataa a wotintim wɔ Johannesburg, South Africa no, ka sɛ “ɛyɛ den yiye sɛ obi a ɔmfa ne ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu anaa ɔmfa paane a obi de awɔ ne ho nwɔ n‘ankasa ho anaa onnye mogya no, benya [HIV] ɔyare mmoawa no bi.”

Mprempren, Yehowa Adansefo bɛboro 450,000 a wɔwɔ Afrika no rekwati saa nneɛma yi. Wogye di yiye sɛ abrabɔ pa a egyina Bible no so ho wɔ mfaso. Susuw sɛnea wosusuw nsɛm ho no ho hwɛ: Esiane sɛ Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa nti, ɛfata sɛ yɛde n‘abrabɔ ho mmara ma ɔdesani nneyɛe no di dwuma. Nnyinasosɛm a ɛwɔ Hebrifo 13:4 no yɛ nhwɛso pa: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi.” Sɛ́ anka wɔbɛte nka sɛ wɔde’ anigye bi rekame wɔn no, wɔn a wɔde kyerɛwnsɛm a ɛtete sɛɛ adi dwuma no ade wɔn ho afi honam ne nkate mu yaw pii ho.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 15:29; 2 Korintofo 7:1; Efesofo 5:3-5 ho.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ atesɛm amanneɛbɔfo aka Yehowa Adansefo a wɔwɔ Afrika abrabɔ ho asɛmpa mpɛn pii. Daily Telegraph a ɛwɔ London, England no kae sɛ: “[Wɔada] wɔn ho adi . . . sɛ wɔn ho twa, ɔmamma a wodi mmara so na wɔde abrabɔ ho mmara a ɛkorɔn tra ase.” Ɛde kaa ho sɛ: “Ɔbrasɛe ne ahokafo pii aware a ɛda adi kɛse wɔ Afrikafo mu no yɛ ade a wokyi koraa wɔ Adansefo mu.” Saara nso na Contemporary Transformations of Religion nhoma no kyerɛwfo Bryan Wilson ka sɛ “wɔ Afrikafo mu no, Adansefo . . . bɛyɛ nnipa a wɔda nsow” ne sɛ, “tumi a [wɔn] . . . abrabɔ ho mmara wɔ no da adi wɔ wɔn mu.

Eyi nkyerɛ sɛ nea efi AIDS mu ba no rentumi nka Yehowa Adansefo koraa. Ebinom aware mu ahokafo a wonni Kristofo nnyinasosɛm koro no ara a wodi so no de asan wɔn, na afoforo nyaa ɔyare no bi ansa na wɔrebɛyɛ Adansefo. Afei nso, kakraa bi apaw sɛ wɔbɛsan wɔn akyi akɔ nnɛ wiase yi ɔbrasɛe akwan no mu, na eyinom mu kakraabi anya AIDS sɛ wɔn abrabɔ no so aba a wɔatwa. (Galatifo 6:7) Nanso wɔn a wɔboapa de ɔbrasɛe asetra kwan tra ase no ahwere hokwan a wɔwɔ sɛ wɔtra Kristofo asafo no mu no nso. (1 Korintofo 5:13; 6:9, 10) Nanso Yehowa Adansefo a wɔn dodow boro ɔpepem anan a wɔwɔ asase so nyinaa no mu fa kɛse no ara na wonya honam, nkate, ne honhom fam ahotɔ a Ɔbɔadeɛ no abrabɔ ho nnyinasosɛm sodi de ba no.

Anigyesɛm ne sɛ Bible no kyerɛ sɛ ɔhaw ahorow te sɛ Aids ano aduru korakora abɛn. (Adiyisɛm 21:1​—4) Yehowa Nyankopɔn hyɛ wiase foforo bi a wobeyi ɔbrasɛe nyinaa a ɛde nyarewa te sɛ AIDS ba no afi hɔ koraa ho bɔ. Biribi te sɛ obi a ohu amane nanso mfomso no mfi no biara remma, efisɛ obiara de asetra kwan a ɛteɛ, ɛma akwahosan pa na ɛde nokware anigye ba bɛtra ase.—Yesaia 11:9; 2 Petro 3:13.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Ɛho nhia sɛ yɛsɛe sika ɔpepepem pii wɔ nhwehwɛmu no nkɔso ho . . . ɛhia sɛ yɛsan de ɔbra pa tra ase.”​—Oduruyɛfo Mark Hendricks, South Africani nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa ho ɔbenfo

[Kratafa 9 mfonini]

Aware mu ɔhokafo biako pɛ a obi benya yɛ ɔkwan titiriw a wɔde kwati AIDS ɔyaredɔm no

[Kratafa 10 mfonini]

Onyankopon hyɛ wiase foforo bi a nyarewa te sɛ AIDS nnim koraa ho bɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena